Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 10/1 kr. 22-25
  • Nea Ɛsɛ Yehowa a Yɛde Bɛma No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛsɛ Yehowa a Yɛde Bɛma No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Meyɛ Nea Misuae no Ho Biribi
  • Yɛka Asɛmpa no Ɛmfa Ho Akwanside Ahorow
  • Yɛn Som Adwuma Wɔ Aidhonochori
  • Ɔtaa a Emu Yɛ Den
  • Yenyaa Nkɔanim Ɛmfa Ho Ɔsɔretia
  • Yehowa Nsa A Ɔdɔ Wom Ase A Mesom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Bɛboro Mfe 50 Ni a ‘Mitwa Kɔe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Minyaa Nokware Ahonyade wɔ Australia
    Nyan!—1994
  • “Sɛ́ Anka Menya Sika Kɔkɔɔ No, Minyaa Dɛnkyɛmmo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 10/1 kr. 22-25

Nea Ɛsɛ Yehowa a Yɛde Bɛma No

SƐNEA TIMOLEON VASILIOU KA KYERƐE

Wɔkyeree me sɛ merekyerɛkyerɛ Bible no wɔ Aidhonochori akuraase. Polisifo no worɔɔ me mpaboa na wotwaa me nammuromu mmaa. Bere a ɔhwe no rekɔ so no, me nantabono yɛɛ titirii a na mente yaw no mpo bio. Ansa na mɛkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a wɔyɛɛ me saa ayayade yi a na ɛnyɛ ade foforo wɔ Greece no mu no, momma menka sɛnea ɛyɛe a mebɛyɛɛ Bible kyerɛkyerɛfo no nkyerɛ mo.

WƆWOO me 1921 akyi bere tiaa bi no, yɛn abusua no tu kɔɔ Rodholívos, kurow a ɛwɔ Greece atifi fam. Meyɛɛ asoɔden wɔ me mmeranteberem. Mifii sigaretnom ase bere a na madi mfe 11. Akyiri yi, mebɛyɛɛ ɔsadweam ne obi a ɔto kyakya, na na mekɔ aponto ahorow a ase yɛ gyegyeegye anadwo biara. Na minim nnwom to paa, enti mede me ho kɔbɔɔ nnwontofo kuw bi wɔ yɛn mpɔtam hɔ. Wɔ afe biako ntam no, na mitumi bɔ nnwontofo kuw no sanku no mu dodow ara. Nanso, bere koro no ara mu no, ná mepɛ adesua na na m’ani gye atɛntrenee ho.

Wɔ 1940 mfiase mu, bere a na Wiase Ko II gyina mu no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn dwonto kuw no sɛ yɛnkɔgoru wɔ abeawa bi ayi ase. Wɔ amusiei hɔ no, na abusuafo ne nnamfo resu a wɔpata wɔn a ɛmpata. Wɔn abam a na abu koraa no kaa me yiye. Mifii ase bisaa me ho sɛ, ‘Dɛn nti na yewu? So asetra yi ara ne yɛn nkwa nna tiaa yi? Ɛhefa na menya eyinom ho mmuae?’

Nna kakra bi akyi no, mihuu Apam Foforo bi wɔ nhoma a na wɔahyehyɛ wɔ me fie mu. Mefae na mifii ase kenkanee. Bere a mekenkanee Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 24:7 a ɛfa akodi pii a ɛbɛyɛ ne ba ho sɛnkyerɛnne ho no, mebɛtee ase sɛ ne nsɛm no fa yɛn bere yi ho. Adapɛn a edidi so no, mekenkanee Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm yi mpɛn pii.

Afei wɔ December 1940 mu no, mekɔsraa abusua bi a na wɔte bɛn me—okunafo bi ne ne mma baanum. Mihuu nhomawa ahorow pii sɛ ɛhyehyɛ wɔn dan no soro hɔ, na na emu biako asɛmti ne A Desirable Government, a Ɔwɛn Aban Asafo na wotintimii. Metraa hɔ kenkanee nhomawa no mu nsɛm nyinaa. Nea mekenkanee no maa mibegye toom koraa sɛ yɛte nea Bible no frɛ no “nna a edi akyiri no mu” ampa, na ɛrenkyɛ Yehowa Nyankopɔn de saa nhyehyɛe bɔne yi bɛba n’awiei na ɔde trenee wiase foforo asi ananmu.—2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:13.

Nea m’ani gyee ho paa ne Kyerɛwnsɛm mu adanse a ɛka sɛ treneefo bɛtra asase so daa wɔ paradise na amanehunu ne owu betwam wɔ saa wiase foforo no mu wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu no. (Dwom 37:9-11, 29; Adiyisɛm 21:3, 4) Bere a merekenkan no, mebɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase wɔ saa nneɛma yi ho na mesrɛɛ no sɛ ɔnkyerɛ me n’ahwehwɛde ahorow. Mibehui pefee sɛ Yehowa Nyankopɔn hwehwɛ sɛ mifi me kra nyinaa mu som no.—Mateo 22:37.

Meyɛ Nea Misuae no Ho Biribi

Efi saa bere no, migyaee sigaretnom, gyaee asabow, na migyaee kyakyatow. Meboaboaa okunafo no mmofra baanum no ne me nuabarima ne me nuabeanom ano, na mekyerɛkyerɛɛ nea masua wɔ nhomawa no mu mu kyerɛɛ wɔn. Ankyɛ na yɛn nyinaa fii ase kaa kakra a yenim no kyerɛɛ afoforo. Yɛn mpɔtam hɔfo too yɛn din Yehowa Adansefo, nanso na yenhyiaa Ɔdansefo biara pɛn. Mfiase pɛɛ no, mede nea ɛboro nnɔnhwerew ɔha na ɛkaa nneɛma a ɛyɛ anigye a masua no kyerɛɛ afoforo ɔsram biara.

Mpɔtam hɔ Greek Ortodɔks asɔfo no mu biako kɔkaa yɛn ho asɛm kyerɛɛ nea ɔhwɛ kuropɔn no so. Nanso nna kakra ansa na eyi reba no, na Ɔdansefo aberante bi ahu pɔnkɔ bi a wayera de no akɔma ne wura a na yennim. Esiane saa nokwaredi no nti, na nea ɔhwɛ kuropɔn no so no bu Adansefo paa, enti wantie ɔsɔfo no.

Da koro bi, bɛyɛ October 1941 mu, bere a na meredi adanse wɔ gua so no, obi kaa Yehowa Dansefo bi a ɔte kurow a ɛbɛn me mu no ho asɛm kyerɛɛ me. Ná kan no ɔyɛ polisini a wɔfrɛ no Christos Triantafillou. Mekɔɔ ne nkyɛn, na mihui sɛ efi 1932 mu tɔnn na ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo. Hwɛ sɛnea m’ani gyei bere a ɔmaa me Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma dedaw pii no! Ɛboaa me kɛse maa minyaa honhom mu nkɔso.

Wɔ 1943 mu no, mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Ebeduu saa bere no, na meyɛ Bible adesua ahorow wɔ nkuraa abiɛsa—Dhravískos, Palaeokomi, ne Mavrolofos a ɛwɔ mpɔtam hɔ no ase. Mede The Harp of God nhoma no na ɛyɛɛ yɛn Bible adesua no. Awiei koraa no, hokwan buei ma wɔhyehyɛɛ Yehowa Adansefo asafo anan wɔ m’anim, wɔ saa beae yi.

Yɛka Asɛmpa no Ɛmfa Ho Akwanside Ahorow

Wɔ 1944 mu no, German asraafo fii Greece, na bere bi akyi no, yɛne Ɔwɛn Aban Asafo baa dwumadibea a ɛwɔ Athens no dii nkitaho. Baa dwumadibea no too nsa frɛɛ me sɛ menkɔka asɛmpa no wɔ asasesin bi a na obiara ntee Ahenni no ho asɛmpa no wɔ hɔ mu. Bere a mekɔɔ hɔ no, meyɛɛ adwuma wɔ afum asram abiɛsa na mede nna a aka wɔ afe no mu no yɛɛ asɛnka adwuma no.

Saa afe no mu no m’ani gyee sɛ wɔbɔɔ me maame, ne afei okunafo no ne ne mma nyinaa asu, gye ne babea kumaa Marianthi, a wɔbɔɔ no asu wɔ 1943 mu na ɔbɛyɛɛ me yere a medɔ no wɔ saa afe no November mu no nko. Mfe aduasa akyi, wɔ 1974 mu no, me papa nso bɛyɛɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu.

Wɔ 1945 mfiase mu hɔ no, yɛn nsa kaa Ɔwɛn-Aban a wɔatintim a edi kan fii baa dwumadibea hɔ. Na akyi asɛm ne “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa Asuafo.” (Mateo 28:19, The Emphatic Diaglott) Me ne Marianthi fii yɛn kurow mu ntɛm ara kɔyɛɛ adwuma wɔ asasesin bi a ɛwɔ akyiri so wɔ Strymon Asubɔnten no apuei fam. Akyiri yi, Adansefo foforo bɛkaa yɛn ho.

Na yɛtaa nantew twa akwansin pii a yɛnhyɛ mpaboa siane mmepɔw ansa na yɛadu akuraase. Na yɛyɛ eyi de bɔ yɛn mpaboa ho ban esiane sɛ sɛ ehi a, yenni bi a yɛde besi anan mu. Efi afe 1946 kosi 1949 mu no, na ɔmanko rekɔ so wɔ Greece, na na akwantu ayɛ hu. Na ɛnyɛ ade foforo sɛ wubehu nnipa afunu sɛ ɛdeda petee mu wɔ kar kwan so.

Sɛ anka nsɛnnennen yi bebu yɛn abam no, yɛkɔɔ so de nsiyɛ somee. Mate nka mpɛn pii sɛnea Odwontofo no kyerɛwee no sɛ: “Nso menam esum kabii bon mu a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ, w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.” (Dwom 23:4) Wɔ saa bere yi mu no na yɛtaa fi fie adapɛn bi na na metaa de nnɔnhwerew 250 yɛ me som adwuma no ɔsram biako mu.

Yɛn Som Adwuma Wɔ Aidhonochori

Nkuraa a yɛkɔɔ ase wɔ 1946 mu biako ne Aidhonochori, a ɛda bepɔw tenten bi so no. Ɛhɔ na yehyiaa ɔbarima bi a ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ mmarima baanu bi wɔ akuraa no ase a wɔpɛ sɛ wotie Bible mu asɛm. Nanso esiane n’afipamfo no ho suro nti na ɔbarima no mpɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn wɔn nkyɛn kwan. Nanso yekohuu wɔn afie na wogyee yɛn fɛw so. Nokwarem no, simma kakraa bi akyi no, na nnipa ahyɛ wɔn asa no so ma! Sɛ na wɔnyɛ abusuafo a, na wɔbɛyɛ nnamfo. Sɛnea wɔtraa ase komm tiee yɛn no maa me ho dwiriw me yiye. Akyiri yi yebehui sɛ na wɔn ho pere wɔn sɛ wobehu Yehowa Adansefo, nanso bere a German asraafo begyee wɔn man no bɔɔ so no, na wɔn mu biara nni saa beae no. Dɛn na ɛkanyan wɔn anigye?

Na mpanyimfo baanu a wɔda abusua no ano de wɔn ho ahyɛ Komunis amanyɔ kuw a ɛwɔ hɔ no mu denneennen, na na wɔde Komunis nsusuwii akyerɛkyerɛ ɔmanfo no. Nanso wonyaa Government nhoma a Ɔwɛn Aban Asafo no tintimii no bi. Bere a wɔkenkanee eyi no, wobegye toom koraa sɛ Onyankopɔn Ahenni no na ebetumi de trenee nniso a ɛyɛ pɛ aba.

Yɛtraa ase ne mmarima yi ne wɔn nnamfonom bɔɔ nkɔmmɔ kosii anadwo dasu mu. Wɔtee wɔn ho ase sɛ wɔanya wɔn Bible mu nsɛmmisa ahorow ho mmuae. Ɛno akyi pɛɛ no, Komunisfo a wɔwɔ akuraa no ase hɔ bɔɔ me ho pɔw sɛ wobekum me efisɛ wosusuw sɛ me na masakra wɔn kan akannifo no adwene. Nea ɛyɛ nwonwa no, na ɔbarima a ɔkaa anigyefo a wɔwɔ akuraa hɔ no ho asɛm kyerɛɛ yɛn no nso ka wɔn a wɔbaa hɔ anadwo no ho. Bere bi akyi no, onyaa Bible mu nimdeɛ pii, wɔbɔɔ no asu, na akyiri yi ɔbɛyɛɛ Kristoni panyin.

Ɔtaa a Emu Yɛ Den

Mihyiaa kan Komunisfo yi no, ankyɛ na polisifo baanu bɔ wuraa ofie a na yɛreyɛ adesua wom no mu. Wɔde tuo hwɛɛ yɛn so kyeree yɛn mu baanan de yɛn kɔɔ polisifo adwumam. Polisini panyin a ɔwɔ hɔ a na ɔne Greek Ortodɔks sɔfo abɔ pɔw no kasa tiaa yɛn denneennen. Awiei koraa no, obisaa sɛ, “Wiɛ, dɛn koraa na menyɛ mo?”

Polisifo afoforo a na wogyinagyina yɛn akyi no de anokoro kae sɛ: “Ma yɛnhwe wɔn paa!”

Saa bere no na ade asa yiye. Polisifo no de yɛn guu ɔdan bi a ɛhyɛ dan no ase mu too mu, na wɔkɔɔ asanombea bi a ɛbɛn hɔ. Bere a wɔboboe no, wɔsan bae na woyii me kɔɔ dan mu wɔ soro.

Sɛnea mihuu tebea a na wɔakɔ mu no, mibehui sɛ wobetumi akum me bere biara. Enti mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma me ahoɔden a mede begyina amanehunu biara a mehyia ano. Sɛnea madi kan aka no, wofii ase twaa me nammuromu mmaa yiye. Ɛno akyi no wɔde mmaa no totoo me honam baabiara, na wɔsan de me kɔtoo ɔdan a ɛwɔ dan no ase no mu. Ɛno akyi no, woyii ɔfoforo hwee no.

Saa bere no nyinaa, mede hokwan no siesiee Adansefo nkumaa baanu a wɔaka no na wɔagyina sɔhwɛ a ɛda wɔn anim no mu. Nanso me mmom na polisifo no san yii me baa ɔdan no mu wɔ soro hɔ. Woyii me ntade, na wɔn baanum no nyinaa hwee me bɛyɛ dɔnhwerew biako, de wɔn asraafo mpaboa no tiatiaa me ti so. Afei wɔtoo me faa ntrapoe no so kɔtoo fam, na medaa hɔ tɔɔ mum bɛyɛ sɛ nnɔnhwerew 12.

Awiei koraa bere a woyii yɛn no, abusua bi a na wɔwɔ akuraa no ase gyee yɛn kɔɔ wɔn fie kɔhwɛɛ yɛn anadwo no. Ade kyee no, yefii hɔ siim baa fie. Na ɔhwe no ama yɛayɛ mmerɛw araa ma enti ɔkwan a na anka yɛtaa de nnɔnhwerew abien twa no, gyee yɛn nnɔnhwerew awɔtwe. Ná ɔhwe no ama mahonhon araa ma na ɛyɛ den mpo sɛ Marianthi behu me.

Yenyaa Nkɔanim Ɛmfa Ho Ɔsɔretia

Bere a ɔmanko no rekɔ so wɔ 1949 mu no, yetu kɔɔ Thessalonica. Wɔmaa me dwumadi sɛ memmoa asafo mu somfo a ɔwɔ asafo anan a ɛwɔ kuropɔn no mu biako mu no. Afe biako akyi no, asafo no dɔree araa ma yɛtee foforo, na wɔpaw me sɛ asafo foforo no somfo anaasɛ, ɔhwɛfo guamtrani. Wɔ afe akyi no, ɛkame ayɛ sɛ na asafo foforo no mufo dodow abu abɔ ho, na wɔsan hyehyɛɛ asafo foforo bio!

Nkɔanim a Yehowa Adansefo nyae wɔ Thessalonica no hyɛɛ asɔretiafo abufuw. Da koro a mifi adwuma baa fie wɔ 1952 mu no, na wɔahyew me fie no dwerɛbee. Ɛkaa sɛɛ na anka Marianthi hweree ne nkwa. Bere a yɛkɔɔ nhyiam saa anadwo no, na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ nea enti a yɛde ntade a ayɛ fi kɔɔ nhyiam no ase—na biribiara abɔ yɛn. Yɛn Kristofo anuanom no huu yɛn mmɔbɔ boaa yɛn.

Wɔ 1961 mu no, wɔmaa me dwumadi sɛ ɔhwɛfo kwantufo, na mekɔsraa asafo ahorow dapɛn biara hyɛɛ anuanom den honhom mu. Me ne Marianthi de mfe 27 a edi hɔ no srasraa amansin ne amantam pii wɔ Macedonia, Thrace, ne Thessaly. Ɛwom sɛ efi 1948 reba no na me dɔfo Marianthi ani nhu ade yiye de, nanso ɔde akokoduru ne me somee, gyinaa gyidi ho sɔhwɛ pii ano. Ɔno nso, wɔkyeree no, dii n’asɛm, de no too afiase mpɛn pii. Afei n’ahoɔden so fii ase tewee, na kokoram kum no wɔ 1988 mu.

Saa afe no ara mu na wɔmaa me dwumadi sɛ menkɔsom sɛ ɔkwampaefo titiriw wɔ Thessalonica. Ɛnnɛ, bere a mede mfe 56 asom Yehowa no, meda so ara tumi yɛ adwumaden nya ɔsom adwuma no afã horow nyinaa mu kyɛfa. Ɛtɔ mmere bi a, me ne anigyefo 20 yɛ Bible adesua dapɛn biara.

Mabehu sɛ yɛafi ɔkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi a yɛbɛtoa so wɔ Yehowa wiase foforo no, ne mfirihyia apem no mu no ase. Ne nyinaa akyi no, mete nka sɛ ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nsam gow, na yetu nneɛma hyɛ da, anaasɛ yɛde yɛn bere di yɛn honam fam akɔnnɔ akyi. Meda Onyankopɔn ase sɛ ɔboaa me ma midii ɛbɔ a mehyɛe mfiase pɛɛ no so efisɛ Yehowa fata sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu som no.

[Kratafa 24 mfonini]

Merema ɔkasa bere a na wɔabara yɛn asɛnka adwuma no

[Kratafa 25 mfonini]

Me ne me yere Marianthi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena