Nhyira ne Nnome—Obi Tumi Paw Nea Ɔpɛ!
“Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na [nya] nkwa.”—DEUTERONOMIUM 30:19.
1. Tumi bɛn na wɔde adom nnipa?
YEHOWA NYANKOPƆN yɛɛ yɛn—n’abɔde a wonim nyansa—ma yetumi paw nea yɛpɛ. Wammɔ yɛn sɛ mfiri a wokyinkyim kɛkɛ, anaa robot, na mmom ɔde hokwan ne asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yetumi paw nea yɛpɛ maa yɛn. (Dwom 100:3) Na nnipa a wodi kan no—Adam ne Hawa—wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ, na na wobebu nea wɔpaw no ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn.
2. Dɛn na Adam pawee, na dɛn na efii mu bae?
2 Ɔbɔadeɛ no ayɛ nneɛma pii ama nnipa a ɛbɛma wɔanya nhyira daa wɔ paradise asase so. Dɛn nti na saa atirimpɔw no nnya mmaa mu? Efisɛ Adam ampaw ade pa. Na Yehowa de ahyɛde yi ama ɔbarima no sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Sɛ Adam yɛɛ osetie a, anka wohyiraa yɛn awofo a wodi kan no. Asoɔden de owu bae. (Genesis 3:6, 18, 19) Enti wɔde bɔne ne owu awo Adam asefo nyinaa.—Romafo 5:12.
Nhyira Horow Ba
3. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn de awerɛhyem mae sɛ ɔbɛma atirimpɔw a ɔwɔ ma adesamma no abam?
3 Yehowa Nyankopɔn yɛɛ nhyehyɛe a awiei koraa no, ɔnam so bɛma n’atirimpɔw a ɛne sɛ obehyira adesamma no abam. Ɔno ankasa kaa Aseni bi ho asɛm siei, na ɔhyɛɛ nkɔm wɔ Eden sɛ: “Mede ɔtan mɛto wo ne ɔbea no ntam, ɛne w’asefo ne n’asefo ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti, na wo nso woaka ne nantin.” (Genesis 3:15) Akyiri yi Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ adesamma asoɔmmerɛfo nam Aseni yi, Abraham aseni, so benya nhyira.—Genesis 22:15-18.
4. Nhyehyɛe bɛn na Yehowa ayɛ a ɔnam so behyira adesamma?
4 Yesu Kristo na ɔbɛyɛɛ saa Aseni a wɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔde nhyira bɛba no. Kristoni somafo Paulo kyerɛw faa dwuma a Yesu di wɔ Yehowa nhyehyɛe a ɔnam so behyira adesamma mu no ho sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.” (Romafo 5:8) Adesamma nnebɔneyɛfo a wotie Onyankopɔn na wɔde Yesu Kristo agyede afɔre no so mfaso di dwuma no benya nhyira. (Asomafo no Nnwuma 4:12) So wobɛpaw osetie ne nhyira? Asoɔden de ade foforo koraa na ɛbɛba.
Na Nnome Nso Ɛ?
5. Asɛmfua “nnome” no nkyerɛase ne dɛn?
5 Nnome yɛ nhyira abirabɔ. Asɛmfua “nnome” kyerɛ sɛ́ wobɛka obi ho asɛmmɔne anaasɛ wobɛka sɛ bɔne mmra ne so. Wonyaa Hebri asɛmfua qela·lahʹ no fii adeyɛ asɛm a ɛne qa·lalʹ, a nea ɛkyerɛ ankasa ne “wo mu nyɛ hare,” mu. Nanso sɛ wɔde di dwuma wɔ sɛnkyerɛnne kwan so a, ɛkyerɛ sɛ́ ‘wɔbɛdome’ anaasɛ ‘wobebu animtiaa.’—Leviticus 20:9; 2 Samuel 19:43.
6. Elisa ho asɛm bɛn na esii wɔ beae bi a ɛbɛn tete Betel?
6 Susuw nhwɛso bi a ɛfa nnome a wɔde mae ntɛm so ma ɛyɛ nwonwa no ho. Eyi bae bere a na Onyankopɔn diyifo Elisa nam kwan so fi Yeriko rekɔ Betel no. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɔreforo akɔ ɔkwan no so no, mmofra nketewa fii kurow no mu bae begoruu ne ho ka kyerɛɛ no sɛ: Tipae, foro ɛ, tipae, foro ɛ! Ɛnna ɔdan ne ho, ohuu wɔn no, ɔde Awurade din domee wɔn. Na asisibere abien fi kwae no mu bae bɛtetew wɔn mu mmofra aduanan abien.” (2 Ahene 2:23, 24) Wɔnka nsɛm pɔtee a Elisa ka de domee saa mmofra a na wɔregoru ne ho no. Nanso, biribi fii asɛm a ɔde n’ano kae no mu bae efisɛ Onyankopɔn diyifo a na ɔreyɛ ade ma ɛne ɔsoro apɛde ahyia na ɔkasaa Yehowa din mu.
7. Dɛn na ɛtoo mmofra a wogoruu Elisa ho no, na dɛn ntia?
7 Ɛte sɛ nea enti a wogoruu ne ho no ne sɛ na Elisa hyɛ Elia nguguso a wonim no yiye no, na na mmofra no mpɛ sɛ wobehu saa odiyifo yi dedifo biara. (2 Ahene 2:13) Sɛnea ɛbɛyɛ na wabua Elia ɔdedifo a ɔyɛ ho mpoatwa, na wakyerɛ mmofra yi ne wɔn awofo osuro pa a ɛsɛ sɛ wonya ma Yehowa diyifo nti, Elisa domee basabasayɛfo a na wɔregoru ne ho no wɔ Elia Nyankopɔn din mu. Yehowa nam asisibere abien a ɔma wofii wuram bɛtetew fɛwdifo no mu 42 mu no so daa anisɔ a ɔwɔ ma Elisa sɛ ne diyifo no adi. Yehowa dii asɛm no ho dwuma ntɛm so esiane obu a na wonni koraa ma nkitahodi kwan a na ɔde redi dwuma wɔ asase so saa bere no nti.
8. Dɛn na Israelfo penee so sɛ wɔbɛyɛ, na dɛn na na wobenya?
8 Mfe bi a na atwam mu no, Israelfo buu Onyankopɔn nhyehyɛe ahorow animtiaa saa ara. Sɛnea ɛbae ni: Wɔ 1513 A.Y.B. mu no, Israelfo nyaa Yehowa anim dom denam gye a ogyee wɔn fii Misraim nkoayɛ mu te sɛ nea ɔsoaa wɔn wɔ “akɔre ntaban so” no so. Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔhyɛɛ bɔ sɛ wobetie Onyankopɔn. Hyɛ sɛnea ɛdaa adi sɛ osetie ne Onyankopɔn anim dom a wonya wɔ abusuabɔ denneennen no nsow. Yehowa nam Mose so kae sɛ: “Sɛ mubetie me nne na moadi m’apam so a, ɛnde mobɛyɛ me ahode afi aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me.” Ɛno akyi no, nkurɔfo no gyee pene kae sɛ: “Nea Awurade aka nyinaa, yɛbɛyɛ.” (Exodus 19:4, 5, 8; 24:3) Israelfo no kyerɛe sɛ wɔdɔ Yehowa, wɔahyira wɔn ho so ama no, na wɔhyɛɛ bɔ sɛ wobetie ne nne. Na saa a wɔbɛyɛ no de nhyira akɛse bɛbrɛ wɔn.
9, 10. Bere a na Mose wɔ Bepɔw Sinai so no, dɛn na Israelfo no yɛe, na amanehunu bɛn na ɛde bae?
9 Nanso, ansa na ‘Onyankopɔn nsateaa’ rekyerɛw saa apam no mu nnyinasosɛm atitiriw no agu abopon so no, ɛho behiae sɛ Onyankopɔn nnome ba wɔn so. (Exodus 31:18) Dɛn nti na amanehunu a ɛyɛ yaw saa ho behiae? So na Israelfo mfii ɔpɛ mu nkyerɛe sɛ nea Yehowa aka nyinaa wɔbɛyɛ? Yiw, wɔde wɔn ano hwehwɛɛ Onyankopɔn nhyira, nanso wɔnam wɔn nneyɛe so paw ɔkwan a na ɛfata nnome.
10 Wɔ nnafua 40 a na Mose wɔ Bepɔw Sinai so regye Mmara Nsɛm Du no mu no, Israelfo no buu wɔn nokwaredi ho bɔ a na wɔadi kan ahyɛ Yehowa no so. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na ɔman no hui sɛ Mose akyɛ na onsian mfi bepɔw no so mma no, ɔman no boaa wɔn ho ano baa Aaron nkyɛn besee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim bae no de, yennim nea ayɛ no.” (Exodus 32:1) Eyi yɛ nhwɛso foforo a ɛkyerɛ aniammɔnhosɛm a wɔdaa no adi kyerɛɛ onipa a na Yehowa de no redi dwuma ma wadi ne nkurɔfo anim akyerɛ wɔn kwan saa bere no. Wɔdaadaa Israelfo no ma wosuasuaa Misrifo ahonisom no, na wotwaa aba a ɛyɛ yaw bere a nnipa bɛyɛ 3,000 totɔɔ da koro wɔ nkrante ano no.—Exodus 32:2-6, 25-29.
Nhyira ne Nnome Ho Mpaemuka
11. Nhyira ne nnome ho akwankyerɛ bɛn na Yosua dii ho dwuma?
11 Ɛde rekɔ Israel mfe 40 sare so akwantu no awiei no, Mose bobɔɔ nhyira a sɛ wotie Onyankopɔn a, wobenya no din. Ɔbobɔɔ nnome a sɛ Israelfo no antie Yehowa a, ɛbɛba wɔn so nso din. (Deuteronomium 27:11–28:10) Bere a Israel duu Bɔhyɛ Asase no so akyi bere tiaa bi no, Yosua de Mose akwankyerɛ ahorow a ɛfa saa nhyira ne nnome no ho no dii dwuma. Israel mmusuakuw asia gyinaa Bepɔw Ebal ase, na asia a aka no gyinaa Bepɔw Gerisim anim. Lewifo no gyinaa obon a ɛda ntam no mu. Ɛda adi sɛ mmusuakuw a wogyinaa Bepɔw Ebal anim no kae sɛ “Amen!” wɔ nnome, anaa nnuabɔ, a wɔkenkan kyerɛɛ wɔn no ho. Afoforo gyee nhyira a Lewifo no kenkan kyerɛɛ wɔn wɔ Bepɔw Gerisim ase no so.—Yosua 8:30-35.
12. Nnome a Lewifo no bobɔɔ din no bi ne dɛn?
12 Fa no sɛ wote sɛ Lewifo no ka sɛ: “Nnome nka onipa a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasen anaa agude, Awurade akyide, odwumfo nsa ano adwuma, na ɔde besi kokoam! . . . Nnome nka nea ɔyaw n’agya ne ne na! . . . Nnome nka nea otwiw ne yɔnko hye! . . . Nnome nka nea ɔma onifuraefo fom kwan! . . . Nnome nka nea ɔkyea ɔhɔho, ayisaa ne okunafo atemmu! . . . Nnome nka nea ɔne n’agya yere da, efisɛ wayi n’agya nkataho! . . . Nnome nka nea ɔne aboa biara da! . . . Nnome nka nea ɔne ne nuabea, n’agya ɔba anaa ne na ɔba da! . . . Nnome nka nea ɔne n’ase da! . . . Nnome nka nea ohintaw bɔ ne yɔnko ade! . . . Nnome nka nea ogye apaade sɛ obekum onipa a odi bem! . . . Nnome nka nea ɔmfa mmara yi mu nsɛm nsi hɔ sɛ ɔbɛyɛ!” Nnome no biara akyi no, mmusuakuw a wɔwɔ Bepɔw Ebal anim no ka sɛ, “Amen.”—Deuteronomium 27:15-26.
13. Sɛ wode w’ankasa wo nsɛm reka a, anka wobɛka nhyira horow a Lewifo no bobɔɔ din no bi ho asɛm dɛn?
13 Afei fa no sɛ wote wɔn a wɔwɔ Bepɔw Gerisim anim no nka sɛ wogye nhyira biara a Lewifo no bɔ din no so: “Nhyira bɛka wo wɔ kurow mu, na nhyira aka wo wɔ afuw mu. Nhyira bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma, w’anantwi mma ne wo nguan mma. Nhyira bɛka wo kyerɛnkyɛ ne wo mmɔre korow. Nhyira bɛka wo wo fieba mu, na nhyira bɛka wo w’adifi mu.”—Deuteronomium 28:3-6.
14. Dɛn so na na Israelfo no begyina anya nhyira?
14 Dɛn so na na wobegyina anya nhyira horow yi? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Na sɛ wutie Awurade wo Nyankopɔn nne sɛ wobɛhwɛ na woadi ne mmara nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nyinaa so a, Awurade wo Nyankopɔn bɛma wo so akɔ soro asi asase so amanaman nyinaa so; na nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo, efisɛ wutie Awurade wo Nyankopɔn nne.” (Deuteronomium 28:1, 2) Yiw, ade titiriw a na ɛbɛma wɔanya ɔsoro nhyira ne osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn. Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nso ɛ? So yɛn mu biara bɛpaw nhyira ne nkwa denam kɔ a yɛbɛkɔ so ‘atie Yehowa nne’ no so?—Deuteronomium 30:19, 20.
Hwehwɛ a Yɛbɛhwehwɛ Mu Yiye
15. Asɛm bɛn na wosii so dua wɔ nhyira a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Deuteronomium 28:3 no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi anya so mfaso?
15 Ma yensusuw nhyira horow bi a na Israelni a ɔyɛ osetie ma Yehowa betumi anya ho. Sɛ́ nhwɛso no, Deuteronomium 28:3 ka sɛ: “Nhyira bɛka wo wɔ kurow mu, na nhyira aka wo wɔ afuw mu.” Onyankopɔn nhyira a obi benya no nnyina beae a ɔwɔ anaa dwuma a odi so. Ebinom betumi ate nka sɛ wɔwɔ asiane mu esiane sɛ ebia wɔte beae bi a wodi hia buruburoo anaa ɔman bi a ɔko asɛe hɔ mu nti. Ebia afoforo kɔn bɛdɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa wɔ beae soronko bi. Kristofo mmarima binom abam betumi abu esiane sɛ wɔmpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo anaa mpanyimfo nti. Ɛtɔ da bi a, Kristofo mmea yɛ basaa esiane sɛ wɔn nsɛm tebea mma wontumi nyɛ bere nyinaa som adwuma sɛ akwampaefo anaa asɛmpatrɛwfo nti. Nanso, wobehyira obiara a ‘otie Yehowa nne, na ɔhwɛ di nea ɔhwehwɛ nyinaa so’ no nnɛ de akosi daa.
16. Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm a ɛwɔ Deuteronomium 28:4 no renya mmamu wɔ Yehowa ahyehyɛde no so nnɛ?
16 Deuteronomium 28:4 ka sɛ: “Nhyira bɛka wo yafunu mu aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma, w’anantwi mma ne wo nguan mma.” Hebri kasa mu edinnsiananmu “wo” a ɛyɛ obiako kabea a wɔde di dwuma no kyerɛ sɛ eyi bɛyɛ ade a Israelni bi a ɔyɛ osetie benya. Na Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔyɛ osetie no nso ɛ? Nkɔanim ne ntrɛwmu a Yehowa Adansefo ahyehyɛde no renya wɔ wiase nyinaa no yɛ hyira a Onyankopɔn ahyira Ahenni ho asɛmpa no ho adawurubɔfo a wɔboro 5,000,000 no mmɔden a wofi komam bɔ no so. (Marko 13:10) Na ɛda adi sɛ yebetumi anya nkɔanim kɛse efisɛ nnipa bɛboro 13,000,000 na wɔbaa 1995 Awurade Anwummeduan nkaedi no ase. So worenya Ahenni nhyira horow?
Nea Israel Pawee no Kyerɛɛ Biribi
17. Dɛn so na na nhyira anaa nnome a ‘ɛbɛto’ obi no gyina?
17 Ná nhyira bedi Israelni a ɔbɛyɛ osetie no akyi sɛnea yɛbɛka no no. Wɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Nhyira yi nyinaa bɛba wo so na abɛto wo.” (Deuteronomium 28:2) Saa ara na wɔkae wɔ nnome ho sɛ: “Nnome yi nyinaa bɛba wo so abɛto wo.” (Deuteronomium 28:15) Sɛ na woyɛ Israelni wɔ tete mmere no mu a, anka nhyira na ‘ɛbɛto’ wo anaasɛ nnome? Anka ebegyina tie a wubetie Onyankopɔn anaa ne so asoɔden a wobɛyɛ so.
18. Ɔkwan bɛn na anka Israelfo betumi afa so akwati nnome?
18 Wɔaka asoɔden so amanehunu a ɛyɛ yaw ho nsɛm wɔ Deuteronomium 28:15-68 sɛ nnome. Ebi yɛ osetie so nhyira horow a wɔabobɔ din wɔ Deuteronomium 28:3-14 no abirabɔ pɛpɛɛpɛ. Mpɛn pii no, esiane sɛ Israelfo de wɔn ho hyɛɛ atoro som mu nti, wotwaa nnome so aba a ɛyɛ yaw kɛse. (Esra 9:7; Yeremia 6:6-8; 44:2-6) Hwɛ awerɛhosɛm! Anka wobetumi akwati amanehunu a ɛtete saa no denam ɔkwampa a wɔbɛpaw de ayɛ osetie ama Yehowa mmara ne nnyinasosɛm ahorow a ɛfata, a ɛkyerɛkyerɛ papa ne bɔne mu pefee no so. Nnipa pii di yaw, na wɔtɔ asiane mu nnɛ esiane sɛ wɔapaw sɛ wɔbɛyɛ nneɛma a ɛne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia, na wɔde wɔn ho hyehyɛ atoro som, nna mu ɔbrasɛe, nnubɔne nom, asabow, ne nea ɛtete saa mu nti. Sɛnea na ɛte wɔ tete Israel ne Yuda no, nneɛma bɔne a ɛtete saa a wɔpaw no ma wɔhwere Onyankopɔn anim dom na wodi komam yaw a ɛho nhia.—Yesaia 65:12-14.
19. Ka tebea horow a Yuda ne Israel baa mu bere a wɔpawee sɛ wobetie Yehowa no.
19 Bere a Israel tiee Yehowa no nkutoo na wonyaa nhyira pii, na wɔtraa ase dwoodwoo. Sɛ́ nhwɛso no, yɛkenkan Ɔhene Salomo nna no ho asɛm sɛ: “Yuda ne Israel dɔɔso sɛ mpoano nhwea dodow, wodidi na wɔnom, na wɔn ani gye. . . . Na Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-Seba, Salomo nna nyinaa.” (1 Ahene 4:20-25) Wɔ Ɔhene Dawid bere so mpo a na Onyankopɔn atamfo taa ko tia ɔman no no, bere a ɔman no tiee nokware Nyankopɔn no, Yehowa gyinaa wɔn akyi hyiraa wɔn.—2 Samuel 7:28, 29; 8:1-15.
20. Ahotoso bɛn na Onyankopɔn wɔ wɔ nnipa mu?
20 Wubetie Onyankopɔn, anaasɛ wobɛyɛ ne so asoɔden? Na Israelfo no wɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Ɛwom sɛ yɛn nyinaa nyaa bɔne su fii Adam mu de, nanso yɛanya hokwan a ɛma yetumi paw nea yɛpɛ nso. Ɛmfa ho sɛ Satan, wiase bɔne yi, ne yɛn sintɔ ahorow wɔ hɔ no, yebetumi apaw nea ɛteɛ. Afei nso, yɛn Bɔfo no wɔ ahotoso sɛ wɔ sɔhwɛ biara mu no, ebinom wɔ hɔ a wɔbɛpaw nea ɛteɛ, ɛnyɛ nsɛm a wɔde wɔn ano ka mu nko, na mmom nneyɛe mu nso. (1 Petro 5:8-10) Wobɛka wɔn ho?
21. Dɛn na yɛbɛhwehwɛ mu wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
21 Wɔ asɛm a edi hɔ mu no, yebetumi agyina tete nhwɛso ahorow so ahwehwɛ yɛn su ne yɛn nneyɛe mu. Ɛmmra sɛ yɛn mu biara bɛkyerɛ anisɔ wɔ Onyankopɔn nsɛm a ɔnam Mose so kae yi ho: “Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa.”—Deuteronomium 30:19.
Wubebua Dɛn?
◻ Ɔkwan bɛn so na Yehowa atumi ama nnipa nnebɔneyɛfo anya nhyira horow?
◻ Dɛn ne nnome?
◻ Ɔkwan bɛn na anka Israelfo betumi afa so anya nhyira horow mmom asen nnome?
◻ Nhyira bɛn na Israel nyae wɔ osetie a wɔyɛ maa Onyankopɔn no ho?
[Kratafa 15 mfonini]
Israelfo no hyiaam wɔ Bepɔw Gerisim ne Bepɔw Ebal anim
[Asɛm Fibea]
Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.