Wɔyɛɛ Yehowa Apɛde
Filipo Bɔ Etiopiani Panyin Bi Asu
BERE a na Etiopiani bi te ne teaseɛnam mu rekɔ no, ɔde ne bere dii dwuma nyansam. Ná ɔrekenkan ade denneennen—ade a na afeha a edi kan no mu akwantufo taa yɛ. Na saa ɔbarima yi yɛ ɔpanyin “a ɔwɔ tumi wɔ Etiopiafo hemmaa Kandake ase.”a Ná ɔhwɛ “ne sika nyinaa so”—sɛ yɛbɛka a, na ɔyɛ sikasɛm soafo. Ná saa ɔpanyin yi rekenkan Onyankopɔn Asɛm sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nimdeɛ.—Asomafo no Nnwuma 8:27, 28.
Ná ɔsɛmpakafo Filipo bɛn no. Na ɔbɔfo bi na ɔde no aba saa beae yi, na afei ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Twiw kɔ teaseɛnam yi ho!” (Asomafo no Nnwuma 8:26, 29) Yebetumi ayɛ Filipo ho mfonini wɔ yɛn adwenem bere a obisa ne ho nsɛm yi no, ‘Ɔbarima yi yɛ hena? Dɛn na ɔrekenkan? Dɛn nti na wɔde me aba ne nkyɛn yi?’
Bere a Filipo tuu mmirika dii teaseɛnam no nkyɛnmu no, ɔtee sɛ Etiopiani no rekenkan nsɛm yi: “Wɔde no kɔe sɛ oguanten a wɔrekokum no, na sɛ oguammaa tɔ ne yifo anim mum no, sɛ nso wammue n’ano ne no. N’ahobrɛase mu wobuu no ntɛnkyew. N’abusua nso hena na obetumi akyerɛ? Efisɛ woyii ne nkwa fii asase so.”—Asomafo no Nnwuma 8:32, 33.
Ntɛm ara na Filipo huu nsɛm a ɔrekenkan no. Na efi Yesaia nhoma no mu. (Yesaia 53:7, 8) Ná Etiopiani no nte nea ɔrekenkan no ase. Filipo fii nkɔmmɔbɔ ase bere a obisae sɛ: “So wote nea wokan yi ase anaa?” Etiopiani no buae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na metumi, gye sɛ obi kyerɛ me?” Afei ɔsrɛɛ Filipo sɛ ɔmforo mmɛka ne ho wɔ ne teaseɛnam no mu.—Asomafo no Nnwuma 8:30, 31.
“Ɛdɛn na Esiw Me Asubɔ Ho Kwan?”
Etiopiani no bisaa Filipo sɛ: “Mesrɛ wo, hena ho asɛm na odiyifo no ka yi? N’ankasa anaa obi ho asɛm?” (Asomafo no Nnwuma 8:34) Na ɛnyɛ nwonwa sɛ Etiopiani no ani so atan no, efisɛ na onii ko a “oguanten” anaa ‘akoa,’ no gyina hɔ ma wɔ Yesaia nkɔmhyɛ mu no ayɛ ahintasɛm bere tenten. (Yesaia 53:11) Hwɛ sɛnea emu bɛda hɔ ama Etiopiani no bere a Filipo ka “Yesu ho asɛmpa” kyerɛ no no! Bere tiaa bi akyi no, Etiopiani no kae sɛ: “Hwɛ, nsu ni; ɛdɛn na esiw me asubɔ ho kwan?” Enti ntɛm ara Filipo bɔɔ no asu ɛhɔ ara.—Asomafo no Nnwuma 8:35-38.
Na eyi yɛ ahopere adeyɛ? Dabida! Na Etiopiani no yɛ obi a wasakra abɛyɛ Yudasom muni.b Enti na ɔyɛ Yehowa somfo dedaw a ɔwɔ Kyerɛwnsɛm no mu nimdeɛ, a nkɔmhyɛ horow a ɛfa Mesia no ho ka ho. Nanso na nimdeɛ no nwie pɛyɛ. Afei a Etiopiani no nyaa nsɛm a ɛfa Yesu Kristo dwumadi ho no, ɔtee nea na Onyankopɔn hwehwɛ fi ne hɔ no ase, na na wayɛ krado sɛ obedi so. Na ɛfata sɛ wɔbɔ no asu.—Mateo 28:18-20; 1 Petro 3:21.
Ɛno akyi no, “Awurade honhom hwim Filipo.” Ɔkɔyɛɛ adwuma foforo. Etiopiani no de “anigye kɔɔ ne kwan.”—Asomafo no Nnwuma 8:39, 40.
Asuade Ma Yɛn
Sɛ́ Yehowa nnɛyi asomfo no, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛboa nnipa komapafo ma wosua Onyankopɔn Asɛm mu nokware no. Pii atumi de asɛmpa no ama afoforo bere a wɔretu kwan anaa wɔ bɔnnɔ so akwan horow so. Esiane Ahenni asɛnka adwuma no nti, afe biara, nnipa ɔpehaha pii hyira wɔn ho so ma Yehowa Nyankopɔn, na wɔbɔ asu de yɛ ho sɛnkyerɛnne.
Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wopiapia wɔn a wɔyɛ foforo ma wɔbɔ asu. Ɛsɛ sɛ wodi kan nya Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo ho nokware nimdeɛ. (Yohane 17:3) Afei ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene, gyae bra bɔne na wɔdane wɔn ho ma ɛne Onyankopɔn gyinapɛn hyia. (Asomafo no Nnwuma 3:19) Eyi gye bere, titiriw, sɛ nsusuwii bɔne ne bra bɔne bi adidi obi mu a. Bere a ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no susuw nea egye na obi abɛyɛ Kristo suani ho anibere so no, wobetumi ahwɛ nhyira pii kwan, denam abusuabɔ a wɔnam ahosohyira so ne Yehowa Nyankopɔn benya no so. (Fa toto Luka 9:23; 14:25-33 ho.) Wɔn a wɔyɛ Yehowa Adansefo no de anigye kyerɛ wɔn a wɔyɛ foforo kwan ba ahyehyɛde a Onyankopɔn de redi n’apɛde ho dwuma no mu. (Mateo 24:45-47) Te sɛ Etiopiani no, saafo yi bedi ahurusi wɔ nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔyɛ a wobesua ho ade na wɔadi so no ho.
[Ase hɔ nsɛm]
a “Kandake” nyɛ edin na mmom abodin (a ɛte sɛ “Farao” ne “Kaesare” ara pɛ) a wɔde too Etiopiafo nhemmaa a wodii ade no.
b Na wɔn a wɔasakra no yɛ wɔn a wɔnyɛ Israelfo a wɔpawee sɛ wobedi Mose Mmara so.—Leviticus 24:22.
[Adaka wɔ kratafa 8]
Dɛn Nti na Wɔfrɛ no Piani?
Wɔfrɛɛ Etiopiani no “piani” wɔ asɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma ti 8 no nyinaa mu. Nanso esiane sɛ na Mose Mmara no mma ɔbarima a wɔapɛtɛw ne hweaa no kwan wɔ asafo no mu nti, ɛda adi sɛ na ɔbarima yi nyɛ piani ankasa. (Deuteronomium 23:1) Hela asɛmfua ma “piani” betumi agyina hɔ ama onipa bi a okura dibea a ɛkorɔn. Na Etiopiani no yɛ ɔpanyin wɔ Etiopia hemmaa no ase.