Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w96 9/1 kr. 3-4
  • Nkrabea na Edi W’asetra So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkrabea na Edi W’asetra So?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Bible no Kyerɛkyerɛ Nkrabea Mu Gyidi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • So Nkrabea Mu Gyidi Di W’asetra So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Ɛyɛ Nkrabea Anaa Ɛbɛbɔɔ mu Kwa?
    Nyan!—1999
  • Nkrabea—So Ɛno Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
w96 9/1 kr. 3-4

Nkrabea na Edi W’asetra So?

“ALA NÒ DON.” Saa asɛm yi kyerɛ sɛ “Onyankopɔn na ayɛ” wɔ Bambara kasa a wɔka wɔ Mali, Afrika Atɔe fam no mu. Ɛfene a ɛtete saa nyɛ na wɔ wiase no fã hɔ. Wɔka no wɔ Wolof kasa mu sɛ, “Yallah mo ko def” (Onyankopɔn na ɔyɛe). Na wɔ Dogonfo nkuraase kasa biako mu no, wɔka sɛ, “Ama biray” (Efi Nyankopɔn.)

Nsɛm yi wɔ nea ɛne no di nsɛ wɔ nsase afoforo so. Wɔtaa te nsɛm te sɛ, “Ne bere na aso” ne “Ɛyɛ Nyankopɔn pɛ,” bere biara a owu anaa asiane bi si no. Wɔ Afrika Atɔe fam no, wɔtaa kyerɛw ɛfene te sɛ “Asɛm a Onyame adi asie, Ɔteasefo nnan no” gu lɔre a ɔmanfo fa ho, na wɔkyerɛw bɔ aguadidan ahorow ho. Wɔ nnipa pii fam no, ɛyɛ kasakoa ara kwa. Nanso ɛtaa da nkrabea mu gyidi kɛse adi.

Dɛn koraa ne nkrabea mu gyidi? The World Book Encyclopedia kyerɛ ase sɛ “gyidi a ɛne sɛ tumi ahorow bi a nnipa ntumi nni so na ɛkyerɛ nsɛm a esisi kwan.” Dɛn ne saa “tumi ahorow” yi? Mfe mpempem pii a atwam ni no, na Babilonfo gye di sɛ sɛnea nsoromma ka boa ano wɔ obi awo bere mu no nya ne nkrabea so nkɛntɛnso kɛse. (Fa toto Yesaia 47:13 ho.) Ná Helafo gye di sɛ anyamewa baasa a wɔwɔ tumi bi a wɔtow nkwa hama, susuw, na wotwa mu, na wodi nkrabea so. Nanso ɛyɛ Kristoman nyamekyerɛfo na wɔde adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔhyɛ obi nkrabea to hɔ no bae!

Sɛ nhwɛso no, “Ɔhotefo” Augustine pow nsoromma mu ahwɛfo “atoro nsusuwii a ɛsɛe adwene” no. Nanso ɔkae sɛ “sɛ́ wobegye atom sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na bere koro no ara wonnye nni sɛ Onim nneɛma a ɛbɛba daakye dedaw no yɛ nkwaseasɛm pefee.” Ɔkyerɛe sɛ sɛ Onyankopɔn betumi ayɛ ade nyinaa so tumfoɔ ampa a, ɛsɛ sɛ “onya biribiara ho nimdeɛ ansa na asi” a “wahyɛ biribiara ato hɔ.” Nanso Augustine de nkate a emu yɛ den kae sɛ ɛmfa ho sɛ Onyankopɔn nim biribiara a ebesi dedaw no, adesamma da so ara wɔ hokwan sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ.—The City of God, Nhoma a ɛto so V, Atiri 7-9.

Mfehaha bi akyi no, Protestant nyamekyerɛfo John Calvin baee asɛm no mu kae sɛ bere a “[Onyankopɔn] ahyɛ ato hɔ sɛ ebinom bɛyɛ ɔsoro ahenni no mma ne adedifo no,” wahyɛ ato hɔ sɛ afoforo “benya n’abufuw”!

Ɛnnɛ, nkrabea mu gyidi yɛ nea wɔfa no aniberesɛm wɔ wiase mmeae pii. Susuw Ousmane, aberante bi a ɔwɔ Afrika Atɔe fam no suahu ho. Ná ɔyɛ adesuafo a wɔbɔ mmɔden sen biara wɔ ne sukuu mu no mu biako nanso bere a ɔyɛɛ ne sɔhwɛ a etwa to no, odii nkogu! Ná ɛnyɛ sɛ obegyina n’ananmu afe biako nko, na mmom na n’ani bewu nso wɔ n’abusuafo ne ne nnamfo anim. N’adamfo bi bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkyekye ne werɛ denam ka a ɔkae sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn pɛ no so. Ousmane maame nso kae sɛ nkogu a odii no fi nkrabea.

Mfitiase no, Ousmane ani gyee mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ no ho. Anyɛ yiye koraa no, sɛ na ne nkogudi no yɛ Onyankopɔn pɛ ampa a, biribiara nni hɔ a na obetumi ayɛ de asiw ano. Nanso n’agya ne wɔn anyɛ adwene. Ɔka kyerɛɛ Ousmane sɛ nkogu a odii wɔ sɔhwɛ no mu no yɛ n’ankasa mfomso—ɛnyɛ Onyankopɔn. Ousmane adesua a ɔtotoo no ase ara nti na odii nkogu.

Bere a Ousmane hui sɛ gyidi a ɔwɔ wɔ nkrabea mu no nni nnyinaso no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ n’ankasa bɛhwehwɛ nsɛm mu. Afei yɛto nsa frɛ wo sɛ yɛ saa ara denam asɛm a edi so yi a wubesusuw ho so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena