Ahwɛfo Akwantufo—Wɔyɛ Akyɛde Wɔ Nnipa Mu
‘Ɔforo kɔɔ ɔsoro no, ɔde nnommum a ɔfae no kɔe, na ɔmaa akyɛde wɔ nnipa mu.’—EFESOFO 4:8.
1. Adwuma foforo bɛn na wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ nsɛmma nhoma yi mu wɔ 1894 mu?
BƐBORO mfe ɔha a atwam no, Ɔwɛn-Aban no bɔɔ biribi foforo ho amanneɛ. Ɛkaa ho asɛm sɛ “Adwuma no Fã Foforo.” Dɛn na na ɛwɔ saa dwumadi foforo yi mu? Na ɛyɛ nnɛyi ahwɛfo akwantufo adwuma no asefi. Nsɛmma nhoma yi September 1, 1894 Engiresi de no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ efi saa bere no reba no, anuanom mmarima a wɔfata bɛkɔ akɔsrasra Bible Asuafo akuw ‘akɔhyɛ wɔn den wɔ nokware no mu.’
2. Nnwuma bɛn na amansin ne amantam so ahwɛfo yɛ?
2 Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, ahwɛfo a wɔte saa te sɛ Paulo ne Barnaba kɔsrasraa Kristofo asafo ahorow. Na saa mmarima anokwafo yi botae ne sɛ ‘wɔbɛhyɛ’ asafo ahorow no den. (2 Korintofo 10:8) Ɛnnɛ, ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛwɔ mmarima mpempem pii a wɔreyɛ eyi wɔ ɔkwan a ɛfata so. Yehowa Adansefo Sodikuw no apaw wɔn sɛ amansin ne amantam so ahwɛfo. Asafo ahorow bɛyɛ 20 na ɔmansin sohwɛfo som emu biara dapɛn biako bɛyɛ mprenu wɔ afe biako mu, hwehwɛ wɔn kyerɛwtohɔ ahorow mu, ma ɔkasa ahorow, na ɔne ɛhɔnom Ahenni adawurubɔfo yɛ asɛnka adwuma. Ɔmantam sohwɛfo no na ɔyɛ amansin dodow bi afe afe nhyiam horow no mu biara guamtrani a ɔne asafo a ɛhwɛ nhyiam a wɔyɛ no so no kɔ asɛnka, na ɔnam ɔkasa horow a egyina Bible so a ɔma no so de nkuranhyɛ ma.
Wɔn Ahofama Honhom
3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ ahwɛfo akwantufo nya ahofama honhom?
3 Ahwɛfo akwantufo tutu akwan bere nyinaa. Eyi ankasa gye ahofama honhom. Asafo biako mu a wofi kɔ foforo mu no betumi ayɛ den mpɛn pii, nanso saa mmarima yi ne wɔn yerenom yɛ saa anigye so. Ɔmansin sohwɛfo bi kae sɛ: “Me yere yɛ ɔboafo kɛse a onnwiinwii . . . Ɔfata nkamfo pii wɔ n’ahofama honhom no ho.” Amansin so ahwɛfo bi twa boro kilomita 1,000 ansa na wɔadu asafo foforo mu. Wɔn mu pii wɔ kar, nanso afoforo foro ɔmanfo kar, tra sakre ne pɔnkɔ so, anaasɛ wɔnantew. Ɛsɛ sɛ Afrikani ɔmansin sohwɛfo bi de ne yere si akɔnkɔn twa asubɔnten bi ansa na watumi adu asafo biako bi mu. Wɔ ɔsomafo Paulo asɛmpatrɛw akwantu mu no, na ɛsɛ sɛ ogyina ahohuru ne awɔw, ɔkɔm ne sukɔm, apesi, asiane ahorow, ne ɔtaa a emu yɛ den mu. Onyaa “asafo no nyinaa ho dadwen” nso—ade a ɛtaa to ahwɛfo akwantufo nnɛ.—2 Korintofo 11:23-29.
4. Nkɛntɛnso bɛn na akwahosan ho haw ahorow betumi anya wɔ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom so?
4 Te sɛ Paulo hokafo Timoteo no, ɛtɔ mmere bi a ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom hyia akwahosan ho haw ahorow. (1 Timoteo 5:23) Eyi ma wɔn adwennwen no dɔɔso. Ɔmansin sohwɛfo bi yere kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere biara a me ne anuanom behyia a me ho mfa me no, ɛma me ho yeraw me. Esiane sɛ meretwa bra nti, eyi abɛyɛ asɛnnennen ama me kɛse. Yɛn nneɛma ano a mɛboaboa dapɛn biara ma yɛakɔ baabi foforo no nkutoo yɛ asɛm ankasa. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ migyae na mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma me ahoɔden mma mintumi ntoa so.”
5. Ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom hyia no, honhom bɛn na wɔada no adi?
5 Ɛmfa ho akwahosan ho haw ahorow ne sɔhwɛ afoforo no, ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom nya anigye wɔ wɔn som adwuma no mu, na wofi ahofama mu da ɔdɔ adi. Ebinom de wɔn nkwa ato asiane mu de honhom fam nneɛma ama wɔ ɔtaa anaa ɔko mmere mu. Bere a wɔsrasra asafo ahorow no, wɔda honhom a ɛte sɛ Paulo a ɔkaa eyi kyerɛɛ Tesalonikafo Kristofo no de no adi: “Yɛyɛɛ yɛn ho brɛbrɛ wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma, na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.”—1 Tesalonikafo 2:7, 8.
6, 7. Nkɛntɛnso pa bɛn na ahwɛfo akwantufo a wɔyɛ adwumaden betumi de aba?
6 Te sɛ mpanyimfo foforo a wɔwɔ Kristofo asafo no mu no, ahwɛfo akwantufo ‘yɛ adwumaden wɔ ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu.’ Ɛsɛ sɛ wɔde “nidi mmɔho” ma mpanyimfo a wɔte saa nyinaa. (1 Timoteo 5:17) Wɔn nhwɛso no so betumi aba mfaso, sɛ ‘yɛhwɛ wɔn abrabɔ awiei, na yesua wɔn gyidi’ a.—Hebrifo 13:7.
7 Nkɛntɛnso bɛn na mpanyimfo akwantufo yi mu bi anya wɔ afoforo so? Yehowa Dansefo bi kyerɛwee sɛ: “Nkɛntɛnso pa bɛn ara na Onua P—— nyae wɔ m’asetra so! Na ɔyɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ Mexico fi afe 1960 reba no. Bere a na meyɛ abofra no, mede ahopere ne anigye hwɛɛ ne nsrahwɛ ahorow kwan. Bere a midii mfe du no, ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wo nso wobɛyɛ ɔmansin sohwɛfo.’ Wɔ me mpanyin afe so a na nneɛma mu yɛ den ma me no, mehwehwɛɛ no mpɛn pii efisɛ na ɔka nyansasɛm kyerɛ me bere nyinaa. Ɔde nguan no hwɛ yɛɛ n’ahiade titiriw! Seesei a meyɛ ɔmansin sohwɛfo no, mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ menya bere ama mmofra, na mede teokrase botae ahorow asisi wɔn anim sɛnea ɔyɛɛ me no. Wɔ n’asetra mfe a edi akyiri mu mpo no, ɛmfa ho sɛ na ɔwɔ komayare no, Onua P—— bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛka nkuranhyɛsɛm bere nyinaa. Aka da koro pɛ ma wawu wɔ February 1995 mu no, ɔne me kɔɔ da koro nhyiam titiriw, na ɔde botae pa bi sisii onua bi a ɔwɔ adansi ho nimdeɛ anim. Ntɛm ara na onua no de adebisa krataa kɔe sɛ ɔpɛ sɛ ɔsom wɔ Betel.”
Yɛn Ani Sɔ Wɔn
8. Henanom ne ‘akyɛde wɔ nnipa mu’ a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Efesofo ti 4 no, na ɔkwan bɛn so na wɔn ho ba asafo no mfaso?
8 Wɔfrɛ ahwɛfo akwantufo ne mpanyimfo foforo a Onyankopɔn fi ayamye mu ama wɔn ɔsom dwumadi ahorow no “akyɛde wɔ nnipa mu.” Sɛ́ Yehowa nanmusifo ne asafo no Ti no, Yesu de saa honhom fam mmarima yi ama na ama wɔatumi ahyɛ yɛn den sɛ ankorankoro, na ama yɛn ho akokwaw. (Efesofo 4:8-15) Ɛfata sɛ wɔkyerɛ akyɛde biara ho anisɔ. Eyi te saa titiriw wɔ akyɛde a ɛhyɛ yɛn den ma yɛkɔ so som Yehowa ho. Ɛnde, afei, ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ada anisɔ a yɛwɔ ma ahwɛfo akwantufo no adi? Akwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ ‘yekura saa mmarima yi nidi mu’?—Filipifo 2:29.
9. Akwan bɛn so na yebetumi akyerɛ anisɔ ama ahwɛfo akwantufo?
9 Sɛ wɔbɔ ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ ho amanneɛ a, yebetumi afi ase ayɛ nhyehyɛe ahorow a ɛbɛma yɛanya asafo no dwumadi ahorow ma saa dapɛn no mu kyɛfa akosi ase. Ebia yebetumi de bere pii asi hɔ de aboa nhyehyɛe ahorow a wɔayɛ ama asɛnka adwuma wɔ nsrahwɛ bere no mu no. Ebia yebetumi asom sɛ akwampaefo aboafo wɔ saa ɔsram no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛbɛpɛ sɛ yɛde nyansahyɛ ahorow a ɔmansin sohwɛfo no de ma no di dwuma na ama yɛanya nkɔanim wɔ yɛn som adwuma mu. Yebenya asoɔmmerɛw a ɛte saa no so mfaso, na ɛbɛma no anya ahotoso sɛ mfaso aba ne nsrahwɛ no so. Yiw, ahwɛfo akwantufo bɛsra asafo no hyɛ yɛn den, nanso wɔn nso hia honhom fam denhyɛ. Eduu mmere bi a na Paulo hia nkuranhyɛ, na mpɛn pii na obisaa ne mfɛfo Kristofo sɛ wɔmmɔ mpae mma no. (Asomafo no Nnwuma 28:15; Romafo 15:30-32; 2 Korintofo 1:11; Kolosefo 4:2, 3; 1 Tesalonikafo 5:25) Saa ara na nnɛyi ahwɛfo akwantufo hia yɛn mpaebɔ ne yɛn nkuranhyɛ.
10. Ɔkwan bɛn so na yebetumi aboa ma ɔhwɛfo kwantufo bi adwuma ayɛ anigye?
10 So yɛaka sɛnea yɛn ani sɔ ɔmansin sohwɛfo ne ne yere nsrahwɛ no akyerɛ wɔn pɛn? Yɛda no ase wɔ afotu a mfaso wɔ so a ɔde ma yɛn no ho? Sɛ ne nyansahyɛ ahorow ma yɛn anigye yɛ kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu a, yɛma ohu? Sɛ yɛyɛ saa a, eyi bɛboa no ma n’adwuma no ayɛ nea anigye wom. (Hebrifo 13:17) Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Spain kaa sɛnea ɔne ne yere ani sɔ nkrataa ntiantiaa a wɔkyerɛw de bɛda wɔn ase bere a wɔakɔsra asafo ahorow akyi no titiriw. Ɔka sɛ: “Yɛde saa nkrataa yi sie, na yɛkenkan bere a yɛn abam abu no. Ɛhyɛ yɛn nkuran ankasa.”
11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma amansin ne amantam so ahwɛfo yerenom hu sɛ yɛdɔ wɔn, na yɛn ani sɔ wɔn?
11 Akyinnye biara nni ho sɛ ɔhwɛfo kwantufo yere nya mfaso horow fi nkuranhyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ no mu. Ɔde nneɛma pii abɔ afɔre de aboa ne kunu wɔ ɔsom adwuma yi mu. Saa anuanom mmea anokwafo yi de ɔpɛ a wofi awosu mu wɔ sɛ wobenya wɔn ankasa afie, ne mpɛn pii no, abawo nso bɔ afɔre. Ná Yefta babea no yɛ Yehowa asomfo mu biako a ofii ne pɛ mu gyaw hokwan a ɛne sɛ obenya kunu ne abusua esiane ntam a ne papa kae nti. (Atemmufo 11:30-39) Wobuu n’afɔrebɔ no dɛn? Atemmufo 11:40 ka sɛ: “Daa afirihyia Israel mmabea kɔ kɔkamfo Gileadni Yefta babea no afe mu nnannan.” Hwɛ fɛ a ɛyɛ sɛ yɛbɛka akyerɛ amansin ne amantam so ahwɛfo yerenom sɛ yɛdɔ wɔn, na yɛn ani sɔ wɔn!
‘Mommma Mo Ani Mmpa Ahɔhoyɛ So’
12, 13. (a) Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na ɛwɔ hɔ a yegyina so yɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom ahɔho? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea obiara betumi anya ahɔhoyɛ a ɛte saa mu mfaso no mu.
12 Ahɔho a yɛbɛyɛ no yɛ ɔkwan foforo a yɛnam so da ɔdɔ ne anisɔ adi kyerɛ wɔn a wɔwɔ Kristofo akwantu adwuma no mu no. (Hebrifo 13:2) Ɔsomafo Yohane kamfoo Gaio sɛ́ ɔyɛɛ wɔn a wɔsrasraa asafo no sɛ asɛmpatrɛwfo akwantufo no ahɔho. Yohane kyerɛwee sɛ: “Ɔdɔfo, nea woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔho no, ne kwan so ara ne no. Wɔn nso adi wo dɔ no ho adanse asafo no anim; na wugya wɔn kwan sɛnea ɛsɛ, Onyankopɔn anim a, na woayɛ no yiye. Na ne din nti na wɔnam, na wɔannye amanaman no hɔ biribi. Enti na ɛsɛ yɛn sɛ yegye sɛɛfo, na yɛayɛ yɔnko adwumayɛfo ama nokware no.” (3 Yohane 5-8) Ɛnnɛ, yɛnam ahɔho a yɛbɛyɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom saa ara so betumi atrɛw Ahenni asɛnka adwuma no mu. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ asafo bi mu mpanyimfo hwɛ hu sɛ wɔama wɔn dabere a ɛfata, nanso ɔmantam sohwɛfo bi kae sɛ: “Yentumi mma fekuw a yɛne anuanom bɛbɔ no nnyina nea obetumi ayɛ biribi ama yɛn so. Yɛrempɛ sɛ yɛbɛma wɔanya saa adwene no mpo. Ɛsɛ sɛ yegye ahɔhoyɛ a yɛn nuanom mu biara yi no adi kyerɛ yɛn no tom, sɛ́ wɔyɛ adefo anaa ahiafo no.”
13 Obiara betumi anya ahɔhoyɛ mu mfaso. Jorge a kan no na ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo na ɔsom wɔ Betel seesei no ka sɛ: “Yɛn abusua mu no, na yɛtaa to nsa frɛ ahwɛfo akwantufo ma wɔbɛtra yɛn nkyɛn. Mete nka sɛ saa nsrahwɛ yi boaa me kɛse sen sɛnea na minim saa bere no. Bere a miduu mpanyin afe so no, mihyiaa honhom fam haw ahorow. Na eyi haw me maame, nanso na onhu ɔkwan pɔtee a ɔbɛfa so aboa me ma enti ɔka kyerɛɛ ɔmansin sohwɛfo no sɛ ɔne me nkasa. Mfiase no, mampɛ sɛ me ne no bɛkasa, efisɛ na misuro sɛ ɔbɛka m’anim. Nanso awiei koraa no, n’adamfofa su no maa mebɛn no. Ɔtoo nsa frɛɛ me sɛ me ne no mmedidi Dwoda bi, na mibuee me komam efisɛ metee nka sɛ na ɔte me ase. Ɔyɛɛ aso tiee me. Ne nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so no dii dwuma yiye, na mifii ase nyaa nkɔso honhom fam.”
14. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ mpanyimfo akwantufo no ho anisɔ mmom sen sɛ yɛbɛkasa atia wɔn?
14 Ɔhwɛfo kwantufo bɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa mmofra ne mpanyin nyinaa wɔ honhom fam. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ ne mmɔdenbɔ ho anisɔ. Na sɛ esiane ne mmerɛwyɛ bi nti yɛkasa tia no anaasɛ yɛde no toto afoforo a wɔabɛsra yɛn asafo no ho wɔ ɔkwan a ɛmfata so nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ, eyi bɛyɛ abasamtu kɛse. Bere a Paulo tee sɛ wɔrekasa tia n’adwuma no, anhyɛ no nkuran. Ɛda adi sɛ, na Korintofo Kristofo bi kasa tia ne nipadua ne ne kasa. Ɔno ankasa faa akasatiafo a wɔte saa no nsɛm bi kae sɛ: “Ne nkrataa a ɔkyerɛw mu yɛ duru na tumi wom, nanso sɛ n’ankasa gyina hɔ nipadua mu a, ɔyɛ mmerɛw, na wɔmfa ne kasa nyɛ hwee.” (2 Korintofo 10:10, NW) Nanso, nea ɛyɛ anigye no, ahwɛfo akwantufo taa te nsɛm a wofi ɔdɔ mu ka de kyerɛ anisɔ.
15, 16. Ɔkwan bɛn so na ɔdɔ ne nsi a mfɛfo gyidifo da no adi no hyɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom nkuran?
15 Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Latin Amerika nantew atɛkyɛ mu da mũ nyinaa na ama watumi akɔsra ne honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔtete beae bi a akofofo a wɔnyɛ asraafo di so no. Ɔkyerɛw sɛ: “Ɛhyɛ nkuran sɛ wubehu sɛnea anuanom no kyerɛ nsrahwɛ no ho anisɔ. Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ mebɔ mmɔden kɛse ansa na madu hɔ, na mefa asiane ne nsɛnnennen pii mu de, nanso ɔdɔ ne nsiyɛ a anuanom no da no adi no bunkam eyi nyinaa so.”
16 Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Afrika kyerɛw sɛ: “Esiane ɔdɔ a anuanom no yii no adi kyerɛɛ yɛn nti, yɛn ani gyee Tanzania asasesin no ho yiye! Na anuanom no ayɛ krado sɛ wobesua nneɛma afi yɛn hɔ, na na wɔn ani gye sɛ wobegye yɛn atra wɔn afie.” Na abusuabɔ a ɔdɔ wom na ɛyɛ anigye wɔ ɔsomafo Paulo ne afeha a edi kan no mu Kristofo awarefo Akwila ne Priska ntam. Nokwarem no, Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Munkyia Priska ne Akwila, me yɔnko adwumayɛfo Kristo Yesu mu a wɔde wɔn ankasa kɔn momae de sii me kra ananmu; na ɛnyɛ me nko na meda wɔn ase, na mmom asafo a ɛwɔ amanaman nyinaa mu nso.” (Romafo 16:3, 4) Ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom ani gye sɛ wɔwɔ nnɛyi Akwila ne Priska ahorow a wɔbɔ mmɔden soronko de da ahɔhoyɛ adi, na wɔne wɔn bɔ fekuw no sɛ wɔn nnamfo.
Asafo Ahorow no a Wɔhyehyɛ no Den
17. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nyansa wɔ ahwɛfo akwantufo nhyehyɛe no mu, na wonya wɔn nkyerɛkyerɛ fi he?
17 Yesu kae sɛ: “Nyansa nam ne nnwuma so di bem.” (Mateo 11:19) Nyansa a ɛwɔ ahwɛfo akwantufo nhyehyɛe no akyi da adi efisɛ ɛboa ma wɔhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo asafo ahorow no den. Wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛto so abien no mu no, ɔne Silas tumi ‘kɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo ahorow no den.’ Asomafo no Nhoma no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wɔnam nkurow no so no, wɔde mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no hyɛe sɛ wonni so no maa wɔn. Ɛnna asafo horow no yɛɛ den gyidi mu, na wɔkɔɔ so dɔe daa.” (Asomafo no Nnwuma 15:40, 41; 16:4, 5) Ɛnnɛyi ahwɛfo akwantufo nya honhom fam akwankyerɛ fi Kyerɛwnsɛm no ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nhoma ahorow mu, sɛnea Kristofo foforo nyinaa nya no.—Mateo 24:45.
18. Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo akwantufo hyɛ asafo ahorow no den?
18 Yiw, ɛsɛ sɛ mpanyimfo akwantufo kɔ so didi wɔ Yehowa honhom fam pon so. Ɛsɛ sɛ wohu akwan ne akwankyerɛ ahorow a Onyankopɔn ahyehyɛde no di akyi no yiye. Sɛ wɔyɛ saa a, ɛnde mmarima a wɔte saa no betumi ayɛ nhyira ankasa ama afoforo. Ɛdenam nsiyɛ ho nhwɛso pa a wɔbɛyɛ wɔ asɛnka adwuma mu so no, wobetumi aboa wɔn mfɛfo gyidifo ma wɔanya nkɔso wɔ Kristofo som adwuma no mu. Ɔkasa horow a egyina Bible so a mpanyimfo nsrahwɛfo yi ma no hyɛ atiefo den honhom fam. Ahwɛfo akwantufo nam afoforo a wɔboa wɔn ma wɔde Onyankopɔn Asɛm mu afotu di dwuma, ma wɔne Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa som wɔ biakoyɛ mu, na wɔde honhom fam nsiesiei ahorow a Onyankopɔn nam “akoa nokwafo” no so de ma no di dwuma no so hyɛ asafo ahorow a wonya hokwan srasra wɔn no den.
19. Nsɛmmisa bɛn na ɛda so wɔ hɔ a yebesusuw ho?
19 Bere a Yehowa ahyehyɛde no yɛɛ mpanyimfo akwantufo adwuma no ho nhyehyɛe wɔ Bible Asuafo mu bɛyɛ mfe ɔha a atwam no, saa nsɛmma nhoma yi kae sɛ: “Yɛbɛhwɛ nea ebefi mu aba ne Awurade akanni foforo kwan.” Yehowa akanni ada adi pefee. Esiane ne nhyira nti, wɔatrɛw adwuma yi mu ayɛ mu nsakrae wɔ mfe a atwam no mu wɔ Sodikuw no akwankyerɛ ase. Ne saa nti, wɔrehyɛ Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ asase so nyinaa den gyidi mu, na wɔkɔ so dɔɔso adekyee biara. Ɛda adi sɛ, Yehowa rehyira ahofama honhom a saa nkurɔfo a wɔyɛ akyɛde wɔ nnipa mu yi reda no adi no so. Nanso ɔkwan bɛn so na ahwɛfo akwantufo betumi ayɛ wɔn adwuma no na wɔadi nkonim? Wɔn botae ahorow ne dɛn? Ɔkwan bɛn so na wobetumi ayɛ mmoa kɛse?
Wubebua Dɛn?
◻ Amansin ne amantam so ahwɛfo dwumadi ahorow no bi ne dɛn?
◻ Dɛn nti na ɛho hia sɛ ahwɛfo akwantufo nya ahofama honhom?
◻ Yɛbɛyɛ dɛn akyerɛ anisɔ wɔ mpanyimfo akwantufo ne wɔn yerenom adwuma no ho?
◻ Dɛn na ahwɛfo akwantufo betumi ayɛ de ahyɛ asafo ahorow no den wɔ gyidi mu?
[Kratafa 10 mfonini]
Ahofama honhom ho hia na wɔatumi akɔ so atutu akwan
[Kratafa 13 mfonini]
So woayi ahɔhoyɛ adi akyerɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom?