Ɔmansin Sohwɛfo Nsrahwɛ—Nsiesiei a Ɛma Yenya Honhom Mu Nkɔso
1 “Afei ara na yɛn ɔhwɛfo kwantufo no nsrahwɛ a ɛyɛ anigye no aba awiei . . . na ɛho hia sɛ yɛkyerɛw bɛda mo ase wɔ Yehowa somfo pa a ɔte sɛɛ a mode no aba yɛn hɔ no ho.” Asafo ti no taa te nsɛm a ɛte sɛɛ a wɔde kyerɛ ahwɛfo akwantufo nsrahwɛ no ho anisɔ. Mpanyimfo a wɔwɔ osuahu nsrahwɛ ahorow wɔ bere a ɛfata mu no boa yɛn ma yenya nkɔso wɔ honhom mu.
2 Wɔ afeha a edi kan no mu no, ahwɛfo akwantufo yɛɛ pii de hyɛɛ asafo ahorow no den. Wɔde afotu a ehia mae. (1 Tes. 2:1, 10-12) Wɔde akwankyerɛ a efi sodikuw no hɔ mae. (Aso. 16:4, 5) Wɔkaa osuahu ahorow a efi mmeae afoforo kyerɛe de kyerɛɛ sɛnea asɛmpa no redu afoforo nkyɛn. (Aso. 14:27, 28) Hwɛ sɛnea na nsrahwɛ ahorow yi bɛyɛ anigye bere ankasa.
3 Ɛnnɛ nso ahwɛfo akwantufo daa nsrahwɛ ahorow no kanyan honhom mu nkɔso. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya mu mfaso kɛse no, ɛho hia sɛ yɛn mu biara nya adwene a ɛteɛ na yɛde yɛn ho hyɛ dwumadi ahorow a wɔyɛ ho nhyehyɛe wɔ ne nsrahwɛ biara mu no mu kɛse. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?
ADWENE A ƐTEƐ NE AHOSIESIE
4 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ‘yɛkyekyere yɛn adwene asen ma dwumadi.’ (1 Pet. 1:13) Sɛ yebetumi ayɛ eyi a, ɛho hia sɛ yenya nsrahwɛ no ho adwene a ɛteɛ na yɛhyɛ da yɛ nhyehyɛe a ɛbɛma yɛanya ɔsom adwuma no mu kyɛfa kɛse. So wubetumi ayɛ akwampaefo boafo wɔ ɔsram a ɔmansin sohwɛfo bɛba abɛsra mo no mu? So wubetumi ayɛ nsakrae wɔ wo da biara da dwumadi no mu na ama woatumi akɔ asɛnka saa dapɛn no? So wubetumi ayɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua ho nhyehyɛe awia wɔ dapɛn no mu? Ɔmansin sohwɛfo no ani begye sɛ ɔbɛka wo ho akɔ na sɛ wopɛ mpo a, wayɛ w’adesua no ama wo.
5 Nsɛm a ɔmansin sohwɛfo no ka wɔ nhyiam horow no ase wɔ ne nsrahwɛ no mu no betumi ama wo honhom mu onyin no ayɛ kɛse nso. Tie ne kasa ahorow no yiye na siesie wo ho sɛ wubenya dwumadi titiriw a ɛne “Monkɔ So wɔ Nea Moasua no Mu” no mu kyɛfa. Ebia wobɛpɛ sɛ wohyɛ Kyerɛwnsɛm mu nsɛm bi a ɛyɛ anigye anaa afotu bi a ɔde mae agyirae. Akwampaefo nhyiam no betumi aboa daa akwampaefo ne wɔn a wɔyɛ akwampaefo aboafo no ma wɔn som adwuma no anya nkɔso. Nhyiam a ɔne mpanyimfo ne asafo mu asomfo yɛ no ma mmarima a honhom apaw wɔn yi nya afotu ne akwankyerɛ a ehia fi Onyankopɔn ahyehyɛde no hɔ. Eyi nyinaa hyɛ asafo no den.—Aso. 15:36, 41.
6 Ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ no de nkuranhyɛ a ɛbɛboa Bible adesuafo ma wɔanya nkɔso kɛse ma. Ebia ne nsrahwɛ no bɛboa wɔn ma wɔahu hia a ɛho hia sɛ wɔkɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa no. Hwɛ sɛ wobɛkyerɛkyerɛ ɔmansin sohwɛfo no afã ne n’adwuma no mu akyerɛ wɔn. Sɛ osuani no anya nkɔso akodu baabi a ɔfata sɛ obi a ɔne yɛn bɔ a wɔagye no atom a, to nsa frɛ no ma onnya ɔsom adwuma no mu kyɛfa wɔ dapɛn no mu. Ma wonnya nsiesiei wɔ bere a ɛfata mu denam Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no so yi ho anisɔ a efi koma mu.
7 Ahwɛfo akwantufo a wɔsom wɔ amansin 24 ne amantam 2 mu wɔ ɔman yi mu no de mfe pii anya osuahu wɔ nokware no ne bere nyinaa som adwuma no mu. Anuanom yi ne wɔn yerenom fi koma nyinaa mu de wɔn ho ma. Ɛyɛ hokwan a yenya sɛ yɛne wɔn benya dapɛn biako Ahenni adwuma a ɛhyɛ nkuran wɔ honhom mu no mu kyɛfa asram asia biara. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛde hokwan a ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ ma yenya no bedi dwuma kɛse na yɛagye honhom mu akyɛde biara a ɔwɔ ma yɛn no atom. (Rom. 1:11, 12) Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wubenya wo honhom mu nkɔso ho nsiesiei yi mu mfaso.