Gilead Adesuakuw a Ɛto So 101—Wɔbɔ Nnwuma Pa Ho Mmɔden
YƐN Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, bɔ nnwuma pa ho mmɔden, na saa ara na ne Ba, Yesu Kristo, te. Sɛ́ yɛn nhwɛsofo no, Yesu nam adwuma a Onyankopɔn de maa no a ɔyɛe, a nea na ɛka ho ne ‘ne ho a ɔde mae maa yɛn, na odwiraa ɔman bi a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden ho yɛɛ n’ankasa de’ so daa mmɔdenbɔ adi. (Tito 2:14) Ɛda adi sɛ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 101 no mufo 48 no ada wɔn nnwuma pa ho mmɔdenbɔ adi. Wɔyɛɛ saa asɛmpatrɛwfo adesua awiei no ho dwumadi no September 7, 1996, wɔ Ɔwɛn Aban Asafo Adesuabea a wɔ Patterson, New York.
Afotu a Mfaso Wɔ So a Ɛbɛma Wɔakɔ so Abɔ Mmɔden
Ná adesua awiei dwumadi no guamtrani ne Carey Barber, Sodikuw no muni a ɔde bɛboro mfe 70 ayɛ bere nyinaa som adwuma no. Wɔ Onua Barber nnianim nsɛm mu no, ɔtwee adwene sii Yesu a ɔyɛ “wiase hann” no asɛnka ne nkyerɛkyerɛ adwuma no so. (Yohane 8:12) Ɔdaa no adi sɛ Yesu nko ara anyɛ adwuma a nidi wom no, na mmom ɔhyɛɛ n’asuafo nso nkuran sɛ wɔmma wɔn kanea nhyerɛn. (Mateo 5:14-16) Saa ɔsom hokwan yi ma Kristoni asetra yɛ nea ɛwɔ nnyinaso, na ɛde asɛyɛde a emu yɛ duru to wɔn a ‘wɔnantew sɛ hann mma’ no nyinaa so.—Efesofo 5:8.
Wɔ saa nnianim nsɛm no akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ Don Adams a ɔwɔ Mpanyimfo Adwumayɛbea a ɛwɔ Brooklyn adwumayɛbea ti hɔ no. Asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne “Monkɔ Mo Anim, na Ɛnyɛ Mo Akyi.” Onua Adams twee adwene sii Gilead Sukuu no ankasa ne n’atirimpɔw so—sɛ ɛbɛtrɛw asɛmpa no ka mu akɔ amannɔne nsase so. Ɔkaa nkɔanim a Onyankopɔn ahyehyɛde a atintim Bible ho nhoma wɔ wiase nyinaa wɔ kasa horow bɛboro 300 mu anya no ho asɛm. Wɔanya Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a wotintim no 1995 mu no bi wɔ kasa horow 111 mu, na wɔayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛsan atintim bi wɔ kasa foforo pii mu. Adi akoten wɔ boa a wɔreboa Yesu asuafo foforo ma wɔadu ahosohyira ne asubɔ ho wɔ asram kakraa bi mu no mu dedaw. Enti asɛmpatrɛwfo foforo yi benya nhoma a aba foforo a wɔde sua Bible no de ayɛ wɔn adwuma no.
Efi ɛno so no, Lyman Swingle, a ɔyɛ Sodikuw no muni no, kaa asɛmti a ɛne “Monkɔ so Mfa Ɔsom Kronn Mma Yehowa,” a na egyina Adiyisɛm 7:15 so ho asɛm. Esiane sɛ Yehowa ankasa yɛ anigye Nyankopɔn nti, som a obi bɛkɔ so asom no no na ɛma onii no ani gye. (1 Timoteo 1:11) Esiane ɔsom adwuma a ɛyɛ anigye yi nti, nnipakuw kɛse a wofi asase so mmaa nyinaa aba rebɛsom no. Mfe pii a atwam mu no, wɔn a wɔatete wɔn wɔ Gilead Sukuu no mu no anya kyɛfa bi wɔ mmoa a wɔde ama eyinom mu pii ma wɔabenya nokware no ho nimdeɛ a edi mu no mu. Enti, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yegye di sɛ Yehowa bɛkɔ so ahyira wɔn a wɔresoma wɔn ma wɔakɔboaboa nnipakuw kɛse a wɔredɔɔso no mufo pii ano no.
Asɛmti a Daniel Sydlik a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni no kaa ho asɛm ne “Yehowa Anigye a Yɛbɛda no Adi.” Ɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa, a asɛmpatrɛwfo foforo no ka ho no, wɔ hokwan sɛ wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo daa nkwa kwan ne ɔkwan a wɔbɛfa so anya asetram nneɛma pa seesei. Onua Sydlik kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛ yɛ adwuma a akatua wom. Ɛda adi wɔ nkurɔfo a wɔkyerɛkyerɛ ne wɔn a wɔkyerɛkyerɛ wɔn no anim.” (Dwom 16:8-11) Ɔfaa ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ Estonia a ɔkae sɛ, “Yɛn na yɛwɔ asɛm a ɛsen biara wɔ asase nyinaa so, na ɛda adi wɔ yɛn anim,” no asɛm kae. Yɛn anim yɛbea betumi ama yɛanya hokwan pii, na yɛakanyan anigye. Nkurɔfo pɛ sɛ wohu dekode a ɛma Yehowa asomfo ani gye no. Onua Sydlik tuu fo sɛ: “Enti susuw w’anim yɛbea ho. Ɛyɛ nkurɔfo anigye sɛ wobehu nnipa a wɔwɔ anigye.”
Ulysses Glass, a wakyerɛ Gilead adesuafo ade fi adesuakuw a ɛto so 12 wɔ 1949 mu no kasa kyerɛɛ atiefo no wɔ asɛmti a ɛne sɛ “Momfa Boasetɔ Mmɔ Mo Kra Ho Ban” ho. Dɛn ne boasetɔ? Ekura adwene a ɛne sɛ obi de abotare twɛn biribi, osi abotare bere a woyi no ahi anaasɛ wɔhyɛ no so. Onipa a ɔwɔ boasetɔ ho mpere no; nea ne koma haw no pere ne ho, na ne bo fuw. Onua Glass kae sɛ: “Nnipa pii susuw sɛ boasetɔ kyerɛ mmerɛwyɛ anaa gyinae a obi ntumi nsi,” nanso “wɔ Yehowa fam de, ɛyɛ denyɛ ne atirimpɔw ho sɛnkyerɛnne.” (Mmebusɛm 16:32) Mfaso ahorow bɛn na boasetɔ de ba? Chinafo bɛ bi ka sɛ: “Abufuw bere mu boasetɔ bɛma woakwati nnafua ɔha mu yawdi.” Onua Glass kae sɛ: “Boasetɔ ma obi nipasu tu mpɔn. Kyerɛ sɛ, ɛbɔ su pa afoforo ho ban ma ɛnyera da. Ɛma gyidi yɛ ade a mfaso wɔ so, asomdwoe yɛ ade a ɛtra hɔ daa, na ɔdɔ yɛ nea enhinhim da.”
Mark Noumair a ɔde mfe 11 somee wɔ Kenya na seesei ɔyɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no kae sɛ: “Ɛyɛ hokwan sɛ Yehowa Nyankopɔn nam n’ahyehyɛde no so bɛma wo dwumadi.” Bere a Onua Noumair kaa asɛmti a ɛne “Sɛ Wunni Gyidi a, Worentumi Nkyɛ Wɔ Mu” ho asɛm no, ɔtwee adwene sii Ɔhene Ahas a ofi Yuda no nhwɛso no so. Yesaia maa ɔhene no awerɛhyem sɛ Yehowa taa n’akyi, nanso Ahas amfa ne ho anto Ne so. (Yesaia 7:2-9) Afei Onua Noumair daa no adi sɛ ehia sɛ asɛmpatrɛwfo—nokwarem no, yɛn nyinaa—nya Yehowa mu gyidi na ama yɛatumi akyɛ wɔ teokrase dwumadi mu. Asɛmpatrɛw adwumam ɔhaw atitiriw no hia gyidi a ɛyɛ den. Onua Noumair kae sɛ: “Ma ɛntra w’adwenem bere nyinaa sɛ tebea a ɛyɛ pɛ biara nni nneɛma nhyehyɛe yi mu.”
Osuahu Ahorow a Ɛma Wɔbɔ Nnwuma Pa Ho Mmɔden
Wɔ adesuafo no Gilead ntetee bere no mu no, wogyee bere kɔyɛɛ asɛnka adwuma a ɛbɛyɛ wɔn asɛmpatrɛw dwumadi ahorow no mu adwuma titiriw no dapɛn awiei biara. Wallace Liverance a ɔyɛ Gilead mpanyimfo no mu biako no bisabisaa adesuafo no mu 15 nsɛm ma wɔkaa wɔn suahu ahorow kyerɛe. Afei Leon Weaver a ɔyɛ Ɔsom Dwumadibea Boayikuw no muni ne Lon Schilling a ɔyɛ Betel Nnwuma Boayikuw no muni bisabisaa Afrika ne Latin Amerika baa dwumadibea boayikuw ahorow mufo nsɛm ma wɔkaa asɛmpatrɛw adwuma mu suahu ahorow kyerɛe, na wɔde afotu pa maa asɛmpatrɛwfo a wɔrewie wɔn adesua no. Wɔ Sierra Leone no, wɔdaa no adi sɛ, asɛmpatrɛwfo na wɔboaa wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ 1995 ɔsom afe mu no nyinaa mu bɛyɛ ɔha biara mu 90. Adwuma pa ho mmɔdenbɔ ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ fɛ bɛn ara ni!
Awiei koraa no, Milton Henschel a ɔyɛ Asafo ti no titrani no kasa kyerɛɛ atiefo a na wɔn dodow si 2,734 no wɔ asɛmti a ɛne sɛ “Yehowa Ahyehyɛde a Aniwa Hu no Yɛ Soronko” no ho. Dɛn na ɛma Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ nea biribiara ne no nsɛ? Ɛnyɛ ne kɛse anaa tumi a ɛwɔ, na mmom nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Onyankopɔn ahyɛde ahorow a ɛteɛ ne atemmusɛm na ɛkyerɛ no kwan nti. Wɔ tete mmere mu no, Yehowa nkurɔfo, Israel man, na wɔde ne nsɛm kronkron no maa wɔn, na ɛmaa saa man no yɛɛ soronko. (Romafo 3:1, 2) Ɛnnɛ, Yehowa ahyehyɛde no yɛ biako esiane sɛ edi dwuma wɔ Yesu Kristo akwankyerɛ ase nti. (Mateo 28:19, 20) Ɛretu mpɔn, ɛrenyin. So ahyehyɛde foforo bi wɔ asase so a ne Sodikuw hwehwɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu ansa na asisi gyinae ahorow a ɛho hia? Yehowa ahyehyɛde a aniwa hu no yɛ soronko ankasa wɔ eyi mu ne akwan foforo so.
Adesua ho adansedi nkrataa a wɔde mae ne adesuakuw no krataa a wɔkenkan de kyerɛɛ anisɔ wɔ ntetee soronko a wonyae no ho na ewiee dwumadi a ɛyɛ anigye no.
[Kratafa 22 adaka]
Adesuakuw no Ho Nsɛm
Aman dodow a wofi so: 9
Aman dodow a wɔama wɔn dwumadi wɔ mu: 12
Adesuafo no dodow: 48
Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 31.7
Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 13.8
Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyem: 9.8
[Kratafa 23 mfonini]
Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 101 a Wɔawie Wɔn Adesua
Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa wɔ ase hɔ din no mu.
(1) Swint, H.; Zezenski, A.; Highfield, L.; Mercado, S.; Diehl, A.; Chavez, V.; Smith, J.; Selenius, S.
(2) Kurtz, D.; Clark, C.; Leisborn, J.; Mortensen, W.; Bromiley, A.; Toikka, L.; Marten, A.; Smith, D.
(3) Zezenski, D.; Bjerregaard, L.; Garafalo, B.; Kaldal, L.; Chavez, E.; Fröding, S.; Khan, R.; Selenius, R.
(4) Swint, B.; Bjerregaard, M.; Garafalo, P.; Holmblad, L.; Keyzer, M.; Fröding, T.; Palfreyman, J.; Palfreyman, D.
(5) Minguez, L.; Leisborn, M.; Mercado, M.; Kurtz, M.; Diehl, H.; Toikka, J.; Clark, S.; Khan, A.
(6) Minguez, F.; Marten, B.; Highfield, L.; Holmblad, B.; Bromiley, K.; Kaldal, H.; Mortensen, P.; Keyzer, R.