Yesu Ho Nokwasɛm
ƐKAME ayɛ sɛ onii ko a Yesu yɛ ne nea ɔyɛe ho adwenkyerɛ ne nsusuwii nni ano. Na Bible ankasa nso ɛ? Dɛn na ɛka kyerɛ yɛn fa Yesu Kristo ho?
Nea Bible no Ka
Sɛ wotɔ wo bo ase kenkan Bible a, wubehu nokwasɛm atitiriw yi:
◻ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba a ɔwoo no koro, abɔde nyinaa abakan.—Yohane 3:16; Kolosefo 1:15.
◻ Bɛyɛ mfirihyia mpem abien ni no, Onyankopɔn de Yesu nkwa bɛhyɛɛ Yudani baabun bi awotwaa mu ma ɔwoo no sɛ onipa.—Mateo 1:18; Yohane 1:14.
◻ Ná Yesu nyɛ onipa pa kɛkɛ. Ná ɔda N’agya, Yehowa Nyankopɔn, nipasu a ɛyɛ fɛ no adi pɛpɛɛpɛ wɔ biribiara mu.—Yohane 14:9, 10; Hebrifo 1:3.
◻ Wɔ Yesu asase so som adwuma mu no, ofi ɔdɔ mu dii wɔn a wɔhyɛ wɔn so no ahiade ho dwuma. Ɔnam anwonwakwan so saa ayarefo yare, na onyanee awufo mpo.—Mateo 11:4-6; Yohane 11:5-45.
◻ Yesu bɔɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru sɛ adesamma a wɔwɔ ahohia mu anidaso koro pɛ, na ɔtetee n’asuafo ma wɔtoaa saa asɛnka adwuma yi so.—Mateo 4:17; 10:5-7; 28:19, 20.
◻ Wɔ Nisan 14 (bɛyɛ April 1), 33 Y.B. mu no, wɔkyeree Yesu dii n’asɛm, buu no fɔ, na wogyinaa ntwatoso a ɛne sɛ otutu ɔman ase so kum no.—Mateo 26:18-20; 48–27:50.
◻ Yesu wu no yɛ agyede a eyi adesamma a wogye di fi wɔn bɔne mu, ma enti ebue hokwan ma obiara a ɔkyerɛ ne mu gyidi nya daa nkwa.—Romafo 3:23, 24; 1 Yohane 2:2.
◻ Wonyanee Yesu Nisan 16, na ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔsan kɔɔ soro kotuaa ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no agyede bo a ɛsom no maa N’agya.—Marko 16:1-8; Luka 24:50-53; Asomafo no Nnwuma 1:6-9.
◻ Sɛ́ Yehowa Hene a wapaw no no, Yesu a wɔanyan no no wɔ tumi korakora a ɔde bedi Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma onipa no ho dwuma.—Yesaia 9:6, 7; Luka 1:32, 33.
Enti, Bible ka Yesu ho asɛm sɛ ɔne nipa titiriw wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho dwumadi mu. Nanso wobɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ oyi ne Yesu ankasa no—Yesu a watra ase pɛn a wɔwoo no Betlehem na ɔnantew asase yi so bɛyɛ mfe 2,000 a atwam ni no?
Ahotoso Nnyinaso
Nea ehia ara ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no a wode adwene a emu yɛ fann bɛkenkan, ebetumi ayi adwenem naayɛ pii afi hɔ. Sɛ woyɛ saa a, wubehu sɛ Bible kyerɛwtohɔ no nyɛ amanneɛbɔ bi a ennyina nsɛm pɔtee so te sɛ anansesɛm. Mmom no, ɛbobɔ din ahorow, kyerɛ mmere ne mmeae pɔtee. (Sɛ́ nhwɛso no, hwɛ Luka 3:1, 2.) Afei nso, wɔka Yesu asuafo no ho asɛm wɔ nokwaredi a edi mũ so, ka nsɛm penpen ma ɔkenkanfo nya mu ahotoso. Akyerɛwfo no ankatakata obiara mfomso so—a wɔn ankasa mpo de ka ho—sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn kyerɛwtohɔ no bedi mũ. Yiw, wubehu sɛ Bible no ka nokware.—Mateo 14:28-31; 16:21-23; 26:56, 69-75; Marko 9:33, 34; Galatifo 2:11-14; 2 Petro 1:16.
Nanso pii ka ho. Nneɛma a wɔatutu tetefo nneɛma ahu afoa Bible kyerɛwtohɔ no so mpɛn pii. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ wokɔ Israel Tete Nneɛma Akorae a ɛwɔ Yerusalem no a, wubehu ɔbo bi a ɛso nkyerɛwee bɔ Pontio Pilato din. Nneɛma foforo a wɔatutu tetefo nneɛma ahu foa so sɛ na Lisania ne Sergio Paulo, a Bible ka wɔn ho asɛm no, yɛ nnipa ankasa, nyɛ anansesɛm mu nnipa a tete Kristofo ma wɔbae. Tete akyerɛwfo te sɛ Juvenal, Tacitus, Seneca, Suetonius, Pliny the Younger, Lucian, Celsus, ne Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus nkyerɛwee pii foa nsɛm a wɔbɔɔ ho amanneɛ wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm (Apam Foforo) no mu no so.a
Nnipa mpempem pii a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no gyee Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛwtohɔ ahorow no toom korakora. Wɔn a wɔmpɛ Kristosom mpo annye kyim sɛ nea wɔbɔɔ amanneɛ sɛ Yesu kae na ɔyɛe no nyɛ nokware. Ɛdefa hokwan a ɛwɔ hɔ sɛ Yesu asuafo no begugu ne ho nsɛm mu wɔ ne wu akyi ho no, Ɔbenfo F. F. Bruce ka sɛ: “Anka ɛrenyɛ mmerɛw koraa sɛnea akyerɛwfo binom susuw no, sɛ nkurɔfo de nsɛm a Yesu anka ne nneɛma a wanyɛ bɛkeka ho wɔ saa tete mfe a na N’asuafo no mu pii wɔ hɔ a na wobetumi akae nea esii ne nea ansi no. . . . Ná asuafo no mpɛ sɛ ɛbɛba sɛ wɔn nsɛm no nni mũ (na kampɛsɛ wɔakyinkyim nokwasɛm ahorow), efisɛ anka wɔn a wɔhwehwɛ hokwan a ɛte saa no rentwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛpa wɔn ho ntama.”
Nea Enti a Wonnye Nni
Nanso, nhomanimfo binom kɔ so gye kyim. Bere a wɔde wɔn adwene abu sɛ Bible kyerɛwtohɔ no yɛ anansesɛm no, wɔde ahopere hwehwɛ atoro nkyerɛwee ahorow mu, na wogye ɛnonom tom sɛ ɛtɔ asom! Dɛn ntia? Ɛda adi sɛ nneɛma bi wɔ Bible kyerɛwtohɔ no mu a nnɛyi animdefo pii mpɛ sɛ wogye di.
Wɔ ne Union Bible Companion nhoma a wotintim no 1871 mu no, S. Austin Allibone de asɛm bi pem akasatiafo no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Bisa obiara a ɔkyerɛ sɛ onnye Nsɛmpa no abakɔsɛm ntom sɛ ɛyɛ nokware no sɛ adɛn nti na ogye di sɛ Cæsar wui wɔ Capitol, anaasɛ Pope Leo III. na ɔde Ɔhempɔn Charlemagne sii ade so sɛ Atɔe fam Ɔhempɔn wɔ 800 mu? . . . Yegye nsɛm a wɔka . . . a ɛfa saa mmarima yi ho no nyinaa tom; na ɛte saa efisɛ yɛwɔ abakɔsɛm mu adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nokware. . . . Sɛ wɔde adanse a ɛte sɛ eyi ma, na sɛ ebinom nnye nni ara a, yegyae wɔn akyidi sɛ wɔyɛ atintinto anaasɛ tiwuifo a wɔyɛ mmɔbɔ. Ɛnde, dɛn na yɛbɛka afa wɔn a adanse bebrebe a seesei wɔde ama de akyerɛ sɛ Nkyerɛwee Kronkron no yɛ nokware no nyinaa akyi no, wɔkyerɛ sɛ wɔntee wɔn ho ase no? . . . Wɔmpɛ sɛ wogye biribi a ɛbɛbrɛ wɔn ahomaso ase na ɛbɛhyɛ wɔn ma wɔasesa wɔn asetra kwan adi.”
Yiw, adwemmɔne na ɛmma akyinnyegyefo binom nnye Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ntom. Wɔn haw no mfa tɔ a ɛtɔ asom ho, na mmom efi ne gyinapɛn ahorow no. Sɛ́ nhwɛso no, Yesu kae wɔ n’akyidifo ho sɛ: “Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no.” (Yohane 17:14) Nanso, nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo de wɔn ho ahyɛ wiase amammuisɛm mu denneennen, ma wɔanya akodi a mogyakagu kɛse wom mpo mu kyɛfa. Sɛ́ anka wɔbɛyɛ ade ma ɛne Bible gyinapɛn ahorow ahyia no, nnipa pii bɛpɛ mmom sɛ anka Bible no ne wɔn ankasa gyinapɛn ahorow behyia.
Susuw abrabɔ ho asɛm nso ho. Yesu de afotu a emu yɛ den maa asafo a ɛwɔ Tiatira no wɔ aguamammɔ a wɔma ɛkɔɔ so no ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene nea ɔhwehwɛ asaabo ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.”b (Adiyisɛm 2:18-23) Nanso, so ɛnyɛ nokware sɛ nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no de abrabɔ gyinapɛn ahorow to nkyɛn? Wɔbɛpow nea Yesu kae no mmom sen sɛ anka wobegyae wɔn brabɔne asetra kwan no.
Esiane sɛ nhomanimfo mpɛ sɛ wobegye Yesu a ne ho asɛm wɔ Bible mu no atom nti, wɔayɛ wɔn ankasa Yesu. Wodi anansesɛm a nnipa to, a wɔbɔ Nsɛmpa akyerɛwfo no atoro sobo wɔ ho no mu fɔ. Wɔfa Yesu asetra afã horow a wɔpɛ sɛ wogye tom no, wɔpow nkae no, na wɔde wɔn ankasa nsɛm keka ho. Nokwarem no, nyansakyerɛfo a ɔnenam anaa asetram yiyedi sesɛwfo a wɔka ne ho asɛm no nyɛ Yesu a ɔtraa ase a wɔkyerɛ sɛ wɔrehwehwɛ no no; mmom no, ɔyɛ anansesɛm mu nipa a nhomanimfo fi ahantan mu abɔ wɔn tirim ayɛ no.
Yesu Ankasa a Yebehu No
Yesu bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkanyan wɔn a wofi komam hwehwɛ nokware ne trenee no koma. (Mateo 5:3, 6; 13:10-15) Saafo no gye Yesu nsato yi so: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. Momfa me kɔndua nto mo ho so, na munsua me, sɛ midwo na mebrɛ me ho ase koma mu; na mubenya ɔhome ama mo kra. Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.”—Mateo 11:28-30.
Yɛrenhu Yesu a ɔyɛ obi ankasa no wɔ nhoma ahorow a nnɛyi nhomanimfo akyerɛw mu; saa ara nso na yenhu no wɔ Kristoman asɔre ahorow, a adan nnipa atetesɛm asoɛe no mu. Wubetumi ahu Yesu a ɔtraa ase ankasa no ho asɛm wɔ wo Bible mu. Wobɛpɛ sɛ wusua ne ho ade pii? Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ saa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s?, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no ti 5, nkratafa 55-70.
b Wɔ Bible mu no, ɛtɔ mmere bi a wɔde asaabo gyina hɔ ma obi nsusuwii anaa ne nkate a ɛwɔ ne mu tɔnn.
[Kratafa 6 adaka]
MFEHAHA PII MU ƆKASATIA
Kasa a wɔkasa tia Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no gyee ntini bɛboro mfe 200 ni bere a Germanni nyansapɛfo Hermann Samuel Reimarus (1694-1768) kaa eyi no: “Sɛ yɛka sɛ nsonsonoe kɛse da Asomafo no nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ wɔn nkyerɛwee mu ne nea Yesu Ankasa paee mu kae, na ɔkyerɛkyerɛe wɔ N’ankasa ne bere so no ntam a, yedi ka.” Efi Reimarus bere so no, wɔakyerɛkyerɛ nhomanimfo pii ma wɔate nka saa ara.
The Real Jesus nhoma no ka sɛ tete akasatiafo pii ammu wɔn ho sɛ wɔyɛ awaefo. Mmom no, “wohuu wɔn ho sɛ wɔne Kristofo amapa esiane sɛ na wɔatetew wɔn ho afi nkyerɛkyerɛ ne gyidihunu mpokyerɛ mu nti.” Wɔtee nka sɛ ɔkasatia a emu yɛ den yɛ “Kristosom kurennyenn.”
Nokwasɛm a ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, Kristoman adan nnipa atetesɛm asoɛe. Ɔkra a enwu da, Baasakoro, ne hellgya ho nkyerɛkyerɛ no yɛ nkyerɛkyerɛ a ɛne Bible nhyia no mu kakraa bi. Nanso ɛnyɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo na wɔmaa nokware no ho guu fĩ. Nea ɛne no bɔ abira no, wɔko tiaa atoro nkyerɛkyerɛ a eyii ne ti wɔ afeha a edi kan no mfinimfini, bere a Paulo kyerɛwee sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu ɔwae bi “anya reyɛ adwuma” no. (2 Tesalonikafo 2:3, 7) Yebetumi anya ahotoso sɛ nsɛm a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu no yɛ abakɔsɛm ne nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware.
[Kratafa 7 adaka]
BERE BƐN NA WƆKYERƐW NSƐMPA NO?
Wɔn a wɔkasa tia Apam Foforo no pii gye gyina mu sɛ wɔkyerɛw Nsɛmpa no wɔ bere a nsɛm a ɛka ho asɛm no sisii akyi bere tenten, ma enti ɛnyɛ den koraa sɛ mfomso ahorow bɛbam.
Nanso, adanse kyerɛ sɛ wɔkyerɛw Mateo, Marko, ne Luka ntɛm sen saa. Mateo nkyerɛwee ahorow bi agyiraehyɛde kyerɛ sɛ wɔkyerɛw nea edi kan no ntɛm wɔ bɛyɛ afe 41 Y.B. mu. Gyama wɔkyerɛw Luka wɔ 56 ne 58 Y.B. ntam, efisɛ Asomafo no Nnwuma (a ebia wɔkyerɛw wiei wɔ 61 Y.B. mu) kyerɛ sɛ na ɔkyerɛwfo no, Luka, akyerɛw ne ‘nhoma a edi kan,’ Asɛmpa no, dedaw. (Asomafo no Nnwuma 1:1) Nkurɔfo gye di sɛ wɔkyerɛw Marko Asɛmpa no wɔ Roma wɔ ɔsomafo Paulo afiasenna a edi kan anaa nea ɛto so abien no mu—wɔ bɛyɛ 60 ne 65 Y.B. ntam.
Ɔbenfo Craig L. Blomberg gye tom sɛ wɔkyerɛw saa Nsɛmpa no ntɛm sen saa bere no. Ɔka sɛ sɛ yɛde Yohane Asɛmpa no a ɔkyerɛwee wɔ bere a na afeha a edi kan no rekɔ n’awiei no mpo ka ho a, “ɛbɛn bere a nsɛm no sisii ankasa no sen tetefo ankorankoro asetra ho nsɛm pii. Sɛ́ nhwɛso no, Alexander Ɔkɛseɛ no, asetra ho sɛnkyerɛwfo baanu a wodi kan paa, Arrian ne Plutarch, kyerɛw wɔn nsɛm no wɔ bere a Alexander wui wɔ 323 A.Y.B. mu no akyi bɛboro mfe ahanan, nanso abakɔsɛm akyerɛwfo taa bu no sɛ wobetumi de ho ato so. Bere bi akyi no, wobenyaa Alexander asetra ho anansesɛm a ɛyɛ nwonwa pii, nanso saa akyerɛwfo baanu yi akyi mfehaha pii ansa na emu dodow no ara reba.” Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ anyɛ hwee koraa no, wogye Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no afã a ɛka abakɔsɛm no di te sɛ wiase abakɔsɛm.
[Kratafa 8 mfonini]
Anigye nkutoo na obiara benya wɔ asase so Paradise a ɛreba no mu