Sɛnea Nhomanimfo Kyerɛkyerɛ Asɛmpa no Mu
“NKURƆFO akuwakuw no [se]: Mene hena?” (Luka 9:18) Yesu bisaa n’asuafo no eyi bɛyɛ mfe mpem abien a atwam ni. Ná wogye asɛmmisa no ho akyinnye saa bere no. Ɛkame ayɛ sɛ ɛte saa kɛse mpo nnɛ, titiriw wɔ Buronya bere, a wɔkyerɛ sɛ ɛfa Yesu ho no. Nnipa pii gye di sɛ wɔsomaa Yesu fii soro sɛ ommegye adesamma. Saa na wususuw?
Nhomanimfo binom kura adwenkyerɛ foforo. Marcus J. Borg a ɔyɛ nyamesom ne amammerɛ ho ɔbenfo no ka sɛ: “Adwene a wokura wɔ Yesu ho sɛ obi a ɔkyerɛkyerɛe sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba a obewu ama wiase yi bɔne no ne abakɔsɛm nhyia.”
Nhomanimfo afoforo kyerɛ sɛ ɛnyɛ Yesu ankasa na yɛkenkan ne ho asɛm wɔ Bible mu no. Ebinom gye di sɛ wɔkyerɛw Nsɛmpa no nyinaa wɔ Yesu wu akyi mfirihyia aduanan anaa nea ɛboro saa, na ebeduu saa bere no, na wɔagugu sɛnea Yesu te ankasa no mu. Nhomanimfo no ka sɛ ɛnyɛ kae na Asɛmpa akyerɛwfo no ankae nsɛm yiye, na mmom efi wɔn nkyerɛkyerɛmu. Yesu wu akyi no, asuafo no benyaa ne ho adwene foforo—sɛ́ Onyankopɔn Ba, Agyenkwa, ne Mesia. Ebinom ka no pen sɛ na Yesu nyɛ onipa titiriw biara sɛ nyansakyerɛfo a ɔnenam, asetram yiyedi sesɛwfo. Nhomanimfo ka sɛ ɛno ne asɛmpa a ɛyɛ nokware.
Yesu Ho Adwene a Egyina “Nhomanim” So
Sɛnea ɛbɛyɛ na akasatiafo anya biribi afoa wɔn adwene a egyina “nhomanim” so no so no, wɔyɛ ntɛm bɔ biribiara a ɛfa Yesu ho a ɛte sɛ nea ɛboro nnipa ahoɔden so gu. Sɛ́ nhwɛso no, ebinom ka sɛ wo a wɔkae sɛ ɔbaabun woo Yesu no yɛ nea wɔde kata wo a wɔwoo no aguamammɔ mu no so. Afoforo nso nnye Yesu nkɔmhyɛ ahorow a ɛfa Yerusalem sɛe ho no ntom, na wɔka no denneennen sɛ enyaa “mmamu” ansa na wɔde rehyehyɛ Nsɛmpa no mu. Ebinom ka mpo sɛ na Yesu ayaresa no yɛ adwene ne nkate fam de nkutoo—adwene a wonya so tumi. Wote nka sɛ gyinabea a ɛtete saa no tɔ asom anaasɛ ɛyɛ nea ntease nnim?
Nhomanimfo binom mpo kyerɛ sɛ Yesu asuafo na wɔbɔɔ wɔn tirim kae sɛ onyan fii owu mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn kuw no rengu. Nhomanimfo no adwene ne sɛ, sɛ Yesu nni hɔ a, na n’akyidifo no ntumi nyɛ hwee, enti wɔbɔɔ wɔn tirim kyerɛw wɔn Wura no ho nsɛm ma obenyaa ne gyinabea bio. Sɛnea yɛbɛka no no, ɛyɛ Kristosom na wonyanee no, na ɛnyɛ Kristo. Sɛ ɛyɛ wo sɛ ɛno yɛ nhomanim a wɔde keka nea wɔpɛ a, ɛnde ka a nyamekyerɛfo Barbara Thiering kae sɛ wɔankum Yesu koraa no nso ɛ? Ogye di sɛ bere a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no, wanwu, na ɔkɔɔ so traa ase waree mprenu, na ɔwoo mma baasa.
Saa nsɛm yi nyinaa brɛ Yesu ase bedu baabi a ɛhɔ nkutoo na nhomanimfo bebree begye no atom: onyansafo, Yudani a ɔba fam koraa, asetram yiyedi sesɛwfo—biribiara, gye sɛ Onyankopɔn Ba a ɔbae na “ɔde ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.”—Mateo 20:28.
Ebia wɔ afe no fã a yɛadu yi no, woakenkan Nsɛmpa no afã bi, te sɛ ɔfã a ɛfa wo a wɔwoo Yesu wɔ mmoa adididaka mu no ho. Anaasɛ ebia woate ho asɛm wɔ asɔre. So wugyee Nsɛmpa no mu nsɛm toom sɛ ɛsom bo na ɛyɛ ampa? Ɛnde susuw tebea a ɛyɛ ahodwiriw yi ho hwɛ. Efi 1985 no, nhomanimfo kuw bi a wɔfrɛ no Yesu Ho Nhyiam Kuw no hyia afe biara hwehwɛ nokware a Yesu nsɛm no yɛ mu. So Yesu kaa nea Bible kyerɛ sɛ ɔkae no ankasa? Kuw no mufo de ahene a wɔde kɔla ayɛ kyerɛɛ wɔn adwene wɔ nsɛm no biara ho. Ahene kɔkɔɔ kyerɛe sɛ Yesu kaa saa asɛm no ampa; ahene kɔkɔɔ a ani hoa kakra kyerɛe sɛ ebia Yesu kae; ahene nsonso kyerɛe sɛ ɛho wɔ asɛm; na ahene tuntum kyerɛe sɛ wanka koraa.
Ebia ɛbɛhaw wo sɛ wubehu sɛ Yesu Ho Nhyiam Kuw no de ato gua sɛ nsɛm a wɔkyerɛ sɛ Yesu kae no ɔha biara mu nkyem 82 yɛ nea ebia wanka. Marko Asɛmpa no mu asɛm biako pɛ na wobuu no sɛ edi mũ. Wɔkae sɛ nsɛm a ɛsɛe adwene ayɛ Luka Asɛmpa no mu ma araa ma “wontumi nyɛ no yiye da.” Yohane Asɛmpa no mu nsensanee abiɛsa pɛ na annya ahene tuntum a egyina hɔ ma atosɛm no, na kakra a ɛkae no, wɔmaa no ahene nsonso.
Ɛmfa Nhomanim Kɛkɛ Ho
Wo ne nhomanimfo no yɛ adwene? So wɔrema yɛn Yesu ho nsɛm a edi mũ sen nea ɛwɔ Bible mu no? Saa nsɛmmisa yi nyɛ akyinnyegye a egyina nimdeɛ so kɛkɛ. Wɔ afe no fã yi no, ebia wobɛkae sɛ sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn somaa Yesu bae “na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.”—Yohane 3:16.
Sɛ na Yesu nyɛ onipa titiriw biara sɛ nyansakyerɛfo a ɔnenam a ebia yennim ne ho asɛm pii a, anka ntease nnim sɛ ‘yebenya gyidi’ wɔ ne mu. Nanso sɛ nea Bible ka fa Yesu ho no yɛ nokware a, ɛnde ɛfa yɛn daa nkwagye ho. Enti, ehia sɛ yehu—Yesu ho nokwasɛm wɔ Bible mu anaa?