Aduruyɛ Mu Suban Pa ne Oprehyɛn a Wɔmma Mogya Wom
WƆANYA aduruyɛ mu nkɔanim a ebi mmae da wɔ nnansa yi mfe mu. Nanso, bere a nkɔanim no bi adi aduruyɛ mu haw ahorow ho dwuma no, ama asɛm aba suban pa ho.
Ɛho hia sɛ nnuruyɛfo susuw nsɛmmisa te sɛ eyinom ho: So ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ wogyae ayaresa a wɔhyɛ ɔyarefo bi de ma no no ma owu wɔ nidi mu? Ɛsɛ sɛ oduruyɛfo bi bu n’ani gu ɔyarefo bi gyinaesi so bere a ɔte nka sɛ ɔyarefo no yiyedi na ɔhwehwɛ no anaa? Ɛhe na ɛsɛ sɛ wɔma ankorankoro nya aduruyɛ ho nhyehyɛe mu mfaso kodu bere a ɛnyɛ obiara na obetumi anya ayaresa a ɛho ka sõ no?
Saa nsɛm a ɛkyere adwene no ama aduruyɛ ho dwumadi a wɔfrɛ no aduruyɛ mu suban pa no ada adi. Saa dwumadi yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛboa nnuruyɛfo ne nyansahufo ma wɔadi suban a ɛsɛ sɛ wɔda no adi wɔ abɔde mu nhwehwɛmu ne aduruyɛ mu nkɔanim mu nsɛnnennen mu ho dwuma. Esiane sɛ gyinaesi a ɛyɛ den sen biara no fã kɛse no ara sɔre wɔ ayaresabea ahorow nti, ayaresabea pii ayeyɛ aduruyɛ mu suban pa ho boayikuw ahorow. Mpɛn pii no, boayikuw no mufo—a nnuruyɛfo ne mmaranimfo ka ho—no na wɔkɔ aduruyɛ mu suban pa ho nhyiam horow, na ɛhɔ na wosusuw suban pa a ɛsɛ sɛ wɔda no adi wɔ aduruyɛ mu no ho nsɛnnennen ho.
Nsɛm a wɔtaa bisa wɔ nhyiam a ɛtete saa ase no bi ne: Ɛhe na ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo kyerɛ obu ma Yehowa Adansefo, a ɔsom mu adwene titiriw nti na wonnye mogya no gyidi ahorow kodu? So ɛsɛ sɛ oduruyɛfo hyɛ ɔyarefo bi ma no mogya bere a ayɛ te sɛ nea ɛno ne aduruyɛ a “ntease” wom no? Ɛbɛkyerɛ suban pa sɛ wɔbɛyɛ saa a wɔmma ɔyarefo no nhu, esiane sɛ ‘nea ɔyarefo no ani anhu no renyɛ no tan’ nti?
Nea ɛbɛyɛ na nnuruyɛfo atumi adi nsɛm a ɛtete saa ho dwuma yiye no, ɛho hia sɛ wonya Adansefo no adwene ho ntease pa. Wɔ Yehowa Adansefo fam no, wɔayɛ krado sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn gyinabea mu akyerɛ nnuruyɛfo, efisɛ wonim sɛ ntease a ɛbɛba wɔn ntam no betumi ama wɔakwati akameakame.
Adwene a Wɔtoatoa
Ɔbenfo Diego Gracia, Spainni bi a n’ano du guam wɔ aduruyɛ mu suban pa mu, no pɛe sɛ n’adesuakuw no nya nkɔmmɔbɔ a ɛte saa. Ɔbenfo no kae sɛ: “Ɛyɛ ne kwan so sɛ yɛbɛma mo [Yehowa Adansefo] akyerɛ mo adwene . . . esiane nsɛnnennen a moahyia wɔ mogya a wɔde ma ho nti.”
Enti, June 5, 1996 no, wɔtoo nsa frɛɛ Yehowa Adansefo ananmusifo baasa baa Complutense Sukuupɔn a ɛwɔ Madrid, Spain no, sɛ wɔmmɛkyerɛkyerɛ adwene a wokura no mu. Nnuruyɛfo ne animdefo bɛyɛ 40 na wɔbae.
Bere a Adansefo no de wɔn asɛm too gua no, wobuee hokwan maa nsɛmmisa. Wɔn a na wɔwɔ hɔ nyinaa penee so sɛ ɛsɛ sɛ wɔma ɔyarefo a wanyin kwan ma ɔpo ayaresa pɔtee bi. Ná adesuakuw no gye di nso sɛ ɛnsɛ sɛ wɔma ɔyarefo bi mogya da, bere a ɔntee ne ho ase. Nanso na Adansefo no gyinabea ho nsɛm bi kyere wɔn adwene.
Ná asɛmmisa biako fa sikasɛm ho. Ɛtɔ mmere bi a wɔde nnwinnade soronko te sɛ laser surgery, ne afei nnuru a ne bo yɛ den te sɛ erythropoietin, a ɛma wonya mogya nkwammoaa kɔkɔɔ ntɛmntɛm no, di dwuma wɔ oprehyɛn a wɔmma mogya wom mu. Oduruyɛfo biako susuw ho sɛ, ebia sɛ Adansefo no po biribi a ne bo nyɛ den pii (mogya a ehyia a wɔde ma obi) a, ebetumi akyerɛ sɛ wɔrehwɛ kwan sɛ wobenya hokwan soronko wɔ ɔmanfo ayarehwɛ mu anaa.
Bere a Adansefo no nanmusini bi gye toom sɛ sikasɛm yɛ biribi titiriw a ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo susuw ho no, ɔtwee adwene sii nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ atintim ho nhoma a ɛsesee ka a wɔbɔ wɔ mogya a ehyia a wɔde ma nkurɔfo no akyi a adwene mma so no so. Ebi ne ka a wɔbɔ de ko mogya a wɔde ma nkurɔfo akyi nyarewa, ne sika a nyarewa a ɛtete saa nti, wɔhwere no. Ɔfaa nhwehwɛmu a ɛkɔ akyiri bi a wɔyɛe wɔ United States kaa asɛm, kyerɛe sɛ, ɛwom sɛ ka a wɔbɔ wɔ mogya toa biako ho mfiase no yɛ $250 pɛ de, nanso nokwarem no, akyiri yi ɛde ka bɛboro $1,300 ba—ɛboro ka a wɔbɔ no mfiase no mmɔho anum. Enti ɔdaa no adi sɛ, sɛ wosusuw ɛho nsɛm nyinaa ho a, oprehyɛn a wɔmma mogya wom no mmɔ ka kɛse. Bio nso, ɛka a wɔkyerɛ sɛ wɔbɔ wɔ oprehyɛn a wɔmma mogya ho no fã kɛse no ara yɛ nea wɔbɔ wɔ nnwinnade a wotumi san de di dwuma bio ho.
Asɛmmisa foforo a na ɛwɔ nnuruyɛfo bebree adwene mu no fa nhyɛso a efi mfɛfo hɔ ho. Wobisae sɛ, sɛ Ɔdansefo bi adwene hinhim na ogye mogya a, dɛn na wɔbɛyɛ no? Adansefo a wɔaka no bɛpo no anaa?
Nea ebefi mu aba no gyina sɛnea tebea no te ankasa so, efisɛ Onyankopɔn mmara so a wobu yɛ aniberesɛm ankasa, biribi a ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo hwehwɛ mu. Adansefo no bɛpɛ sɛ wɔboa obiara a wafa oprehyɛn a ebetumi ama obi ahwere ne nkwa a ɛyɛ aniberesɛm mu, na wagye mogya no. Akyinnye biara nni ho sɛ Ɔdansefo a ɔte saa no bɛyɛ basaa, na obedwen ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho. Obi a ɔte saa behia mmoa ne ntease. Esiane sɛ Kristosom nnyinaso ne ɔdɔ nti, mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wɔyɛ pintinn na bere koro no ara nso wɔda mmɔborohunu adi, sɛnea wɔyɛ wɔ asɛnni biara mu no.—Mateo 9:12, 13; Yohane 7:24.
Aduruyɛ mu suban pa ho ɔbenfo bi a ofi United States bae, bisae sɛ: “So entumi mma sɛ mobɛsesa mo abrabɔ fam gyinapɛn no nnansa yi ara? Ɔsom afoforo bi ayɛ saa wɔ nnansa yi mfe mu.”
Wɔka kyerɛɛ no sɛ, Adansefo no gyinabea a ɛfa kronkron a mogya yɛ ho no yɛ gyidi ho nkyerɛkyerɛ, na ɛnyɛ abrabɔ fam adwene bi a wotumi sesa no bere ne bere mu. Bible ahyɛde a emu da hɔ no mma kwan biara sɛ wobegyaa mu. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Ɔsoro mmara a ɛte saa so a wobu no bɛyɛ nea Ɔdansefo mpene so koraa sɛnea ɔmpene abosonsom ne aguamammɔ so no.
Yehowa Adansefo kyerɛ anisɔ kɛse wɔ ɔpɛ a nnuruyɛfo—te sɛ wɔn a na wɔwɔ aduruyɛ mu suban pa ho nhyiam no ase wɔ Madrid no—nya sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama gyinae a wosi sɛ wɔpɛ ayaresa foforo a ɛne wɔn gyidi ahorow a egyina Bible so hyia no ho. Akyinnye biara nni ho sɛ, aduruyɛ mu suban pa bedi dwuma titiriw ama nnuruyɛfo ne ayarefo ntam abusuabɔ atu mpɔn, na ama wɔakyerɛ obu kɛse ama ayarefo no apɛde.
Sɛnea wɔkyerɛ sɛ Spain oduruyɛfo bi a wagye din kae no, ɛsɛ sɛ nnuruyɛfo kae bere nyinaa sɛ “nnwinnade a ɛtɔ sin na wɔde yɛ adwuma wɔ ɔkwan a enni mũ so.” Enti ehia sɛ “wogye tom sɛ bere nyinaa ɛsɛ sɛ wɔde ɔdɔ di dwuma wɔ baabi a wɔn nimdeɛ nni mũ.”