“Etu Mpɔn Na Ɛtɔ Asom”
YEHOWA Ɔdansefo bi a ɔwɔ France kyerɛwee sɛ: “Efi ɔkyena rekɔ, mede bedi dwuma wɔ asɛnka adwuma mu, efisɛ emu nkyerɛkyerɛmu no tu mpɔn na ɛtɔ asom.” Ɔdansefo bi a ɔwɔ United States kyerɛwee sɛ: “Misoo mu ara pɛ na mekenkanee, na me ho pere me sɛ mede bɛkɔ asɛnka, efisɛ yehyia nnipa pii a wɔyɛ anibiannaso na wonni Bible no mu gyidi biara.” Dɛn na na wɔreka ho asɛm no? Nhomawa a ekura nkratafa 32 a wɔato din Amansan Nhoma, a Ɔwɛn Aban Asafo no yii no adi wɔ “Onyankopɔn Asɛm mu Gyidi” Ɔmantam Nhyiam horow a wɔyɛe wɔ 1997/98 mu ase no.
Wɔyɛɛ nhomawa yi maa nnipa pɔtee bi—wɔn a ebia wonim nhoma nanso wonni Bible mu nimdeɛ pii. Nnipa a wɔte saa no pii anya adwene pɔtee bi wɔ Bible no ho, ɛmfa ho sɛ wɔn ankasa nkenkanee da no. Nhomawa yi atirimpɔw ne sɛ ɛbɛkyerɛ ɔkenkanfo no sɛ anyɛ hwee koraa no, ɛfata sɛ ɔpɛɛpɛɛ Bible no mu. Nhomawa no nhyɛ ɔkenkanfo mma onnye ntom sɛ Bible no fi Nyankopɔn home mu. Mmom no, ɛma nokwasɛm ahorow no ara kasa. Wɔamfa nsɛm akɛseakɛse na ɛkyerɛwee na mmom emu da hɔ, na ɛyɛ tẽẽ.
Sɛnea nkurɔfo anom nsɛm a yɛafa aka wɔ atifi hɔ no kyerɛ no, na wɔn a wɔwɔ nhyiam horow no ase no ho pere wɔn sɛ wɔde nhomawa yi bedi dwuma wɔ wɔn asɛnka adwuma mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ France no, wɔyɛɛ asɛnka adwuma soronko bi ho nhyehyɛe August 23 ne 24, bere a mmerante ne mmabaa ɔpehaha pii fi wiase mmaa nyinaa baa Paris bedii Wiase Nyinaa Mmerante ne Mmabaa Da no. Adansefo bɛyɛ 2,500 (a wɔn mu dodow no ara adi mfe 16 kosi 30) maa nhomawa no 18,000 wɔ Engiresi, Franse, German, Italia, Poland, ne Spania kasa mu.
Ɔkwan biara so no, momma yɛmfa nhomawa yi, Amansan Nhoma no, nni dwuma wɔ yɛn som adwuma no mu. Ɛmmra sɛ saa nhomawa yi bɛboa kɛse ma nnipa a wɔwɔ ntease abehu sɛ ɛsɛ sɛ wɔn ankasa pɛɛpɛɛ Bible mu.