M’asetra Sɛ Ɔkwatani—Ama Manya Anigye Ne Honhom Fam Nhyira
SƐNEA ISAIAH ADAGBONA KA KYERƐE
Wɔtetee me wɔ Akure, Nigeria. Ná m’abusuafo yɛ akuafo a wodua bayerɛ, kwadu, bankye ne kookoo. Ná me papa mpɛ sɛ mekɔ sukuu. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Woyɛ okuani. Ɛho nhia sɛ wuhu akenkan ansa na watumi ayɛ bayerɛ kua.”
NE NYINAA akyi no, na mepɛ sɛ misua akenkan. Edu anwummere a, na migyina ofie bi a wɔafa ɔkyerɛkyerɛfo bi ma ɔkyerɛ mmofra bi ade mpoma akyi tie bi. Ná ɛno yɛ 1940 mu bere a na madi bɛyɛ mfe 12 no. Sɛ mmofra no papa hu me a, ɔteɛteɛm gu me so pam me. Nanso mannyae hɔ kɔ. Ɛtɔ mmere bi a, na ɔkyerɛkyerɛfo no mma, enti na miwia me ho ne mmofra no kɔhwehwɛ wɔn nhoma mu. Ɛtɔ mmere bi a, wɔde wɔn nhoma no fɛm me. Saa na mede suaa akenkan.
Me ne Onyankopɔn Nkurɔfo Bɔ
Bere bi akyi no, minyaa Bible, na na daa mekenkan ansa na mada. Anwummere bi, mekenkanee Mateo ti 10 a ɛkyerɛ sɛ nnipa bɛtan Yesu asuafo na wɔataa wɔn.
Mekaee sɛ bere bi Yehowa Adansefo baa yɛn fie ma wɔannye wɔn fɛw so. Ɛkaa me sɛ, ɛbɛyɛ sɛ eyinom ho asɛm na Yesu kae no. Bere foforo a Adansefo no bae no, migyee nsɛmma nhoma fii wɔn nkyɛn. Bere a mifii ase ne wɔn bɔe no, nkurɔfo dii me ho fɛw. Nanso, bere dodow a nkurɔfo bɔɔ mmɔden sɛ wobebu m’abam no, bere dodow no ara na migye toom na m’ani gyei sɛ mahu nokware som.
Nea m’ani gyee ho paa wɔ Adansefo no ho ne sɛ na wɔnte sɛ ɔsom ahorow a wɔwɔ me mpɔtam hɔ a wɔde ɛhɔnom abosonsom amanne ne amammerɛ frafra wɔn som mu no. Sɛ nhwɛso no, ɛwom sɛ na m’abusuafo kɔ Anglikan asɔre de, nanso na me papa asi abosonnan ama Yoruba nyame, Ogun.
Me papa wu akyi no, na ɛsɛ sɛ abosonnan no bedi me nsam sɛ awunyade. Mepowee, efisɛ na minim sɛ Bible kasatia abosonsom. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, minyaa honhom mu nkɔso, na wɔbɔɔ me asu wɔ December 1954 mu.
Kwata Yɛ Me
Saa afe no mfiase no, mihui sɛ biribi ahonhon me nan ho ma agyene. Sɛ mitia gyasrama so a, na mente sɛ ɛhye me. Bere bi akyi no, akuru kɔkɔɔ kɔkɔɔ bi totɔɔ me moma so ne m’ano ho. Ná me ne m’abusuafo nyinaa nnim nea atõtõ; na yenim sɛ ɛyɛ ɔwe. Mekɔɔ adunsinfo 12 hɔ kɔhwehwɛɛ ayaresa. Awiei koraa no, wɔn mu biako ka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛyɛ kwata.
Hwɛ ahodwiriw a na ɛyɛ! Ɛhaw me na mantumi anna. Mesõsõõ dae bɔne. Nanso Bible mu nokware nimdeɛ a na mewɔ ne Yehowa mu ahotoso boaa me ma minyaa daakye mu anidaso.
Nkurɔfo ka kyerɛɛ me maame sɛ sɛ mekɔ abisa koyi mmusu a, me ho bɛtɔ me. Esiane sɛ na minim sɛ Yehowa ani rennye adeyɛ a ɛte saa ho nti, mankɔ. Bere a me maame nnamfonom hui sɛ masi me bo no, wɔhyɛɛ no nyansa sɛ ɔmfa bese mmɛka me moma so. Na afei ɔmfa bese no nkɔ abisa nkoyi mmusu mma me. Mampɛ sɛ mede me ho behyem, enti meka kyerɛɛ no. Awiei koraa no, ogyae mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔde me bɛhyɛ abosonsom mu no.
Bere a mede kwata no kɔɔ ayaresabea no, na agye ntini. Ná akuru atotɔ me honam nyinaa. Wɔmaa me nnuru wɔ ayaresabea hɔ, na nkakrankakra, me honam tɔɔ so bio.
Ná Wosusuw sɛ Mawu
Nanso na me haw no mmaa awiei koraa. Ɛkyee m’anammɔn nifa sɛe no, ma enti wotwae wɔ 1962 mu. Wɔyɛɛ oprehyɛn no akyi no, ɛkɔfaa aduruyɛ mu nsɛm pii bae. Ná aduruyɛfo no nim sɛ mewu. Oburoni ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔyɛ ɔsɔfo bae sɛ ɔrebɛyɛ amanne a etwa to ama me. Ná mayɛ mmerɛw araa ma, mintumi nkasa, nanso ɔyarehwɛfo bi ka kyerɛɛ no sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako.
Ɔsɔfo no ka kyerɛɛ me sɛ: “So wopɛ sɛ wosakra bɛyɛ Katolekni na woatumi akɔ soro?” Ɛma meserew wɔ me tirim. Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma me ahoɔden a mede bebua. Mede animia kɛse kae sɛ, “Dabi!” Ɔsɔfo no danee ne ho kɔe.
Me tebea no mu yɛɛ den araa kosii sɛ na ayaresabea adwumayɛfo no susuw sɛ mawu. Wɔde ntama kataa m’anim. Wɔamfa me ankɔ baabi a wɔkora afunu so no, esiane sɛ na ɛsɛ sɛ oduruyɛfo anaa ɔyarehwɛfo bi bɛkyerɛ sɛ mawu ampa ansa. Ná oduruyɛfo biara nni hɔ, na na ayarehwɛfo no nyinaa kɔ apontow bi ase. Enti wogyaw me too ayarefo dan no mu ma ade kyee. Ade kyee a oduruyɛfo no bɛsrasraa ayarefo no, obiara amma me mpa ho esiane sɛ na ntama da so kata me so na wosusuw sɛ mawu nti. Awiei koraa no, obi hui sɛ “efunu” a ɛhyɛ ntama no mu no rekeka ne ho!
Nanso mifii mu fii, na wɔ December 1963 mu no, woyii me kɔɔ Abeokuta Akwatafo Ayaresa Atrae wɔ Nigeria anafo fam atɔe. Matra hɔ de besi nnɛ.
M’asɛnka no Ho Ɔsɔretia
Bere a miduu atrae hɔ no, na akwatafo bɛyɛ 400 na wɔwɔ hɔ, na na me nkutoo na meyɛ Ɔdansefo. Mekyerɛw Asafo ti no, na wogyee me so ntɛm so maa Akomoje Asafo no bɛhwehwɛɛ me. Enti me ne anuanom ntam antetew da.
Bere a miduu atrae hɔ pɛ na mifii asɛnka ase. Ɔsɔfo a na ɔwɔ hɔ no ani annye ho, enti ɔkɔkaa me ho asɛm kyerɛɛ yiyedi sohwɛfo a na ɔhwɛ nsra no so no. Ná yiyedi sohwɛfo a ɔhwɛ yɛn so no yɛ ɔbarima bi a n’ani afi a ofi Germany. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, minni hokwan sɛ mekyerɛkyerɛ Bible esiane sɛ mankɔ sukuu anaa minni adanse krataa biara a mede bɛyɛ saa nti; esiane sɛ memfata nti, mɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo nneɛma a ɛnteɛ. Sɛ mannyae a, wobetumi apam me afi atrae hɔ, na wɔrenhwɛ me yare bio. Wɔamma me kwan amma manyi ano.
Afei ɔde ahyɛde mae sɛ ɛnsɛ sɛ obiara ne me sua Bible no. Ne saa nti, wɔn a na wɔakyerɛ anigye no gyaee me nkyɛn ba.
Mede asɛm no too Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu, bisaa nyansa ne akwankyerɛ. Kwasida a edi hɔ no, mekɔɔ Baptist asɔre a ɛwɔ atrae hɔ no, nanso mamfa me ho anhyɛ ɔsom dwumadi no mu. Sɛ edu asɔre no fã baabi a, na wɔn a wɔwɔ hɔ no tumi bisa nsɛm. Memaa me nsa so bisae sɛ: “Sɛ nnipa atreneefo nyinaa rekɔ soro na nnipa abɔnefo nyinaa akɔ baabi foforo a, dɛn nti na Yesaia 45:18 ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ asase no sɛ wɔntra so?”
Wɔyɛɛ huhuhuhu pii wɔ asafo no mu. Awiei koraa no, asɛmpatrɛw sɔfo no kae sɛ yɛrentumi nte Onyankopɔn akwan ase. Ɔkaa saa no, m’ankasa mibuaa m’asɛmmisa no bere a mekenkan kyerɛw nsɛm a ɛkyerɛ sɛ 144,000 na ɛbɛkɔ soro, na wɔbɛsɛe abɔnefo, ne sɛ atreneefo bɛtra asase so daa no.—Dwom 37:10, 11; Adiyisɛm 14:1, 4.
Obiara bɔɔ ne nsam de kyerɛɛ mmuae no ho anigye. Afei ɔsɔfo no kae sɛ: “Mommɔ mo nsam bio efisɛ ɔbarima yi nim Bible mu yiye.” Yɛpɔn asɔre no, ebinom baa me nkyɛn bɛkae sɛ: “Wunim ade sen ɔsɔfo no!”
Wɔkɔ so Ara Bɔ Mmɔden sɛ Wɔbɛpam Me
Ɛno brɛɛ ɔtaa no ase, na mene nkurɔfo suaa Bible no bio. Nanso na asɔretiafo da so ara wɔ hɔ a wɔhyɛɛ yiyedi sohwɛfo no sɛ ɔmpam me. Asɔre dwumadi no akyi bɛyɛ ɔsram biako no, ɔfrɛɛ me kae sɛ: “Dɛn nti na woda so ara ka asɛm no? Nkurɔfo mpɛ Yehowa Adansefo asɛm wɔ me kurom, na saa ara na ɛte wɔ ha. Dɛn nti na wohaw me saa? So wunnim sɛ metumi apam wo?”
Mibuae sɛ: “Papa, mibu wo esiane nneɛma abiɛsa nti. Nea edi kan ne sɛ woanyin sen me, na Bible ka sɛ yenni atifi dwen ni. Nea ɛto so abien a enti mibu wo ne sɛ, wufi wo kurom na abɛboa yɛn wɔ ha. Nea ɛto so abiɛsa ne sɛ wo tirim nyɛ den, wo yam ye, na woboa wɔn a wɔwɔ ahohia mu. Nanso, wususuw sɛ hokwan bɛn na wowɔ a enti wubetumi apam me? Ɔmampanyin no mpam Yehowa Adansefo. Mpɔtam ha ahemfo mpam yɛn. Sɛ wupiapia m’atikɔ fi atrae ha mpo a, Yehowa bɛhwɛ me so ara.”
Ná me ne no nkasae penpen saa da, na mihui sɛ ɛkaa no. Ɔdanee ne ho kɔe a wanka asɛm biara. Akyiri yi, bere a obi kaa me ho asɛm kyerɛɛ no no, ɔde ahometew kae sɛ: “Meremfa me ho nnye asɛm yi mu bio. Sɛ n’asɛnka no haw wo a, wo ne no nkɔka!”
Akenkan ne Akyerɛw Kuw
Wɔn a na wɔkɔ Baptist asɔre wɔ atrae hɔ no kɔɔ so sɔre tiaa m’asɛnka no. Afei minyaa adwene bi. Mekɔɔ yiyedi sohwɛfo no hɔ kɔsrɛe sɛ ebia metumi atew akenkan ne akyerɛw kuw bi anaa. Bere a obisae sɛ akatua ahe na mɛpɛ sɛ wɔde ma me no, mekae sɛ mɛkyerɛ ade a merennye sika biara.
Wɔmaa me sukuu dan, kyerɛwpon, ne chalk, enti mifii ase kyerɛɛ wɔn a wɔte hɔ no bi akenkan. Ná yesua ade da biara. Simma 30 a edi kan no, na mekyerɛ akenkan, na na bere a mawie no meka Bible mu asɛm bi kyerɛkyerɛ mu. Ɛno akyi no, na yɛkenkan asɛm no fi Bible mu.
Ná osuani biako yɛ ɔbea a wɔfrɛ no Nimota. Ná ɔwɔ honhom fam nneɛma ho anigye a ɛkɔ akyiri ma enti na obisa nsɛm wɔ asɔre ne nkramofo dan mu nyinaa. Wannya ne nsɛmmisa no ho mmuae wɔ hɔ, enti na ɔde ba bebisa me. Awiei koraa no, ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa ma wɔbɔɔ no asu. Yɛwaree wɔ 1966 mu.
Wɔn a wɔwɔ yɛn asafo mu nnɛ no mu dodow no ara suaa akenkan ne akyerɛw wɔ saa akenkan ne akyerɛw kuw no mu. Ɛnyɛ me nyansa na ɛde adesuakuw no ho adwene bae. Ɛda adi sɛ na ɛyɛ Yehowa nhyira. Ɛno akyi no, obiara ammɔ mmɔden sɛ obesiw m’asɛnka ho kwan.
Ahenni Asa Wɔ Atrae Hɔ
Ebeduu bere a me ne Nimota waree no, na yɛn mu baanan na yehyiam bom sua Ɔwɛn-Aban no daa. Yɛkɔɔ so hyiaam wɔ ɔdan a na womia akwatafo akuru wom no mu bɛyɛ afe. Afei, yiyedi sohwɛfo a na saa bere yi wabɛyɛ m’adamfo no ka kyerɛɛ me sɛ: “Enye sɛ mobɛsom mo Nyankopɔn wɔ ɔdan a wɔyɛ ayarefo aduru wom mu.”
Ɔkae sɛ yebetumi ahyiam wɔ duadwumfo san bi a ɛda mpan mu. Bere bi akyi no, yɛdanee ɔsan no Ahenni Asa. Ɛdenam anuanom a wɔwɔ kurom mmoa so no, yesi wiei wɔ 1992 mu. Sɛnea wubetumi ahu wɔ mfonini a ɛwɔ kratafa 24 no, yɛn dan no wɔ ahoɔden—yɛde semɛnte ne aduru aka ho, na yɛagu fam hɔ kɔnkrit abɔ so yiye.
Akwatafo a Yɛka Asɛm Kyerɛ Wɔn
Akwatafo atrae hɔ ayɛ m’asasesin mfe 33 ni. Akwatafo a yɛka asɛm kyerɛ wɔn no te dɛn? Wɔ Afrika ha no, nnipa pii gye di sɛ biribiara fi Onyankopɔn. Enti sɛ kwata yɛ wɔn a, wogye di sɛ ɔkwan bi so no, efi Onyankopɔn. Ebinom tebea no haw wɔn yiye. Afoforo nso bo fuw na wɔka sɛ: “Nka nkyerɛ yɛn sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔwɔ ɔdɔ na ɔyɛ mmɔborohunufo. Sɛ ɛte saa a, anka yare yi agyae!” Sɛ ɛba saa a, na yɛakenkan Yakobo 1:13, a ɛka sɛ: ‘Onyankopɔn mfa bɔne nsɔ obiara nhwɛ’ no, ne wɔn asusuw ho. Yewie a na yɛakyerɛkyerɛ nea enti a Yehowa ma kwan ma ɔyare bɔ nnipa, na yɛtwe adwene si ne bɔhyɛ a ɛfa paradise asase a obiara renyare wɔ so ho no so.—Yesaia 33:24.
Nnipa pii akyerɛ asɛmpa no ho anigye. Efi bere a mebaa nsra yi mu no, Yehowa de me adi dwuma ma maboa nnipa bɛboro 30 ma wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ, a wɔn nyinaa yɛ akwatafo. Sɛ wɔn mu pii ho tɔ wɔn a, wɔkɔ wɔn afie bio, na wɔn mu kakraa bi awuwu. Mprempren, yɛwɔ Ahenni adawurubɔfo 18, na nnipa bɛyɛ 25 na wɔba nhyiam ahorow daa. Yɛn mu baanu som sɛ asafo mu mpanyimfo, na yɛwɔ asafo mu somfo biako ne daa kwampaefo biako. Hwɛ anigye ara a manya sɛ mihu sɛ nnipa pii de nokwaredi resom Yehowa wɔ atrae ha! Bere a mebaa ha no, na misusuw sɛ mɛyɛ ankonam, nanso Yehowa nam anwonwa kwan so ahyira me.
Anigye a Minya Wɔ Som a Mesom Me Nuanom Mu
Mefaa kwata nnuru fi 1960 besii bɛyɛ mfe anum a atwam yi ara. Afei de, me ho atɔ me koraa te sɛ afoforo a wɔwɔ asafo no mu no. Kwata no ama madi dɛm—me hweree m’anammɔn, na mintumi nteɛ me nsam—nanso yare no kɔ.
Esiane sɛ wɔasa me yare nti, ebinom bisa me nea enti a mimfi atrae ha nkɔ fie bio. Nneɛma pii nti na me te ha, nanso ne titiriw no, mepɛ sɛ mekɔ so boa me nuanom a wɔwɔ ha no. Anigye a minya wɔ Yehowa nguan a mehwɛ wɔn no mu no sen biribiara a sɛ mekɔ fie a, ebia m’abusuafo de bɛma me.
Ɛyɛ me anigye kɛse sɛ mihuu Yehowa ansa na merehu sɛ kwata ayɛ me. Anyɛ saa a, ebia anka mekum me ho. Mahyia nsɛnnennen ne ɔhaw pii, nanso ɛnyɛ nnuru no na ɛwowaw me—ɛyɛ Yehowa. Sɛ mekae bere a atwam no a, m’ani gye; na sɛ misusuw daakye ho wɔ Onyankopɔn Ahenni nniso ase a, m’ani gye kɛse mpo.
[Kratafa 25 adaka]
Kwata Ho Nokwasɛm Atitiriw
Ɛyɛ Dɛn?
Ɔyare aboawa bi a Armauer Hansen hui wɔ 1873 mu no na ɛde kwata ba nnɛ. N’adwuma a nnuruyɛfo gye toom nti, wɔsan frɛ kwata Hansen yare.
Ɔyare aboawa no sɛe ɛhon ntini, nnompe, aniwa, ne akwaa horow bi. Mpɛn pii no, ɔyarefo no nsa ne ne nan gyene. Sɛ wɔanhwɛ ansɔ ano a, ɔyare no betumi asɛe ɔyarefo no anim, ne nsa, ne ne nan. Ɛntaa nkum nnipa.
Ano Aduru Wɔ Hɔ?
Nkurɔfo a kwata a ano nyɛ den yɛ wɔn no ho tumi tɔ wɔn a wɔnyɛ aduru biara. Wobetumi de nnuru asa nea ano yɛ den kɛse no.
Ná aduru a edi kan a wonyaa no 1950 mu a wɔde ko tia kwata no ano nyɛ nnam papa, enti bere kɔɔ so no, antumi ansa kwata esiane sɛ ɔyare aboawa no tumi gyinaa ano nti. Wɔyɛɛ nnuru foforo, na efi 1980 mfe no mfiase mu hɔ no, Multi-Drug Therapy (MDT) [nnuru ahorow a wɔka bom de sa yare], bɛyɛɛ nea wɔde ma ayarefo wɔ wiase nyinaa. Nnuru abiɛsa na wɔka bom de di dwuma—Dapsone, Rifampicin, ne Clofazimine. MDT tumi kum ɔyare aboawa no, nanso entumi nsiesie nneɛma a asɛe dedaw no.
MDT tumi sa ɔyare no ma ɛkɔ koraa. Ne saa nti, ebeduu 1996 afe no mfinimfini no, na nnipa dodow a wɔwɔ kwata no so atew fi ɔpepem 12 wɔ 1985 mu abedu bɛyɛ ɔpepem 1.3.
Ɔkwan Bɛn so na Etumi San?
Kwata ntumi nsan kɛse; nnipa dodow no ara wɔ nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa a ebetumi agyina ano. Sɛ ɛbɛsan nkurɔfo a, ɛtaa san nkurɔfo a wɔne ayarefo no abɔ akyɛ.
Nnuruyɛfo nnim ɔkwan pɔtee a ɔyare aboawa no fa so ba nipadua no mu, nanso wosusuw sɛ ɛfa were no anaa ɛhwene mu.
Anidaso a Ɛwɔ Hɔ Ma Daakye
Wɔde ayɛ wɔn botae sɛ ebedu afe 2000 no, na wɔayi kwata “afi hɔ sɛ ɔmamfo akwahosan ho asɛnnennen.” Eyi kyerɛ sɛ nnipa dodow a wobenya kwata wɔ ɔman biara mu no remmoro nnipa 10,000 biara mu 1. Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, wobeyi afi hɔ koraa.—Yesaia 33:24.
Fibea horow: Wiase Nyinaa Akwahosan Fekuw; Amanaman Ntam Fekuw a Ɛko Tia Kwata; ne Manson’s Tropical Diseases, 1996 De.
[Kratafa 27 adaka]
So Ɛnnɛ Kwata Te Sɛ Bible Mmere So De No?
Nnuruyɛ nkyerɛkyerɛ nhoma horow a ɛwɔ hɔ nnɛ kyerɛ kwata ase sɛnea ɛte no ara; edin a nyansahufo de frɛ aboawa a ɔde ba no ne Mycobacterium leprae. Ɛwom, Bible no nyɛ nnuruyɛ nkyerɛkyerɛ nhoma. Hebri ne Hela nsɛmfua a wɔakyerɛ ase “kwata” wɔ Bible nkyerɛase pii mu no wɔ ntease horow pii. Sɛ nhwɛso no, na ɛnyɛ nnipa ho nko na Bible mu kwata ho sɛnkyerɛnne da adi, na mmom na wohu wɔ ntade ne afie mu, biribi a aboawa ntumi nyɛ.—Leviticus 13:2, 47; 14:34.
Bio nso, nsɛnkyerɛnne a ɛda adi wɔ nnipa ho a ɛma wohu sɛ wɔwɔ kwata no ne sɛnea na wɔkyerɛkyerɛ kwata mu wɔ Bible mmere mu no nhyia pɛpɛɛpɛ. Ebinom kyerɛ sɛ ebia efi nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, nyarewa su sakra bere a bere kɔ so no. Afoforo nso gye di sɛ kwata a wɔkaa ho asɛm wɔ Bible mu no ka nyarewa a egu ahorow a ebia ɔyare a M. leprae de ba no ka ho anaa ɛnka ho, ho asɛm.
Theological Dictionary of the New Testament ka sɛ Hela ne Hebri asɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase kwata no “fa ɔyare anaa nyarewa koro ho . . . Yennim sɛ ebia yare yi na nnɛ yɛfrɛ no kwata no anaa. Nanso sɛnea nnuruyɛfo kyerɛ ɔyare no mu pɔtee no ne [akwatafo a Yesu ne n’asuafo] saa wɔn yare no nni abusuabɔ biara.”
[Kratafa 24 mfonini]
Asafo no a wogyina Ahenni Asa no anim wɔ akwatafo atrae hɔ
[Kratafa 26 mfonini]
Isaiah Adagbona ne ne yere, Nimota