Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 6/1 kr. 24-27
  • Anigye Bere—Gilead Adesuakuw a Ɛto so 104 Adesua Awiei

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Anigye Bere—Gilead Adesuakuw a Ɛto so 104 Adesua Awiei
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Afotu a Mfaso Wɔ So a Ɛbɛma Wɔakura Anigye Mu
  • Nnipa Ho Anigye a Wɔkyerɛ De Anigye Ba
  • Nneɛma a Ɛde Anigye Ba Wɔ Amannɔne Nsase So
  • Ahofama Honhom na Ɛde Nkurɔfo Ba Gilead
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Adesuafo a Esii Wɔn Yiye Adan Asɛmpatrɛwfo a Asi Wɔn Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Onyankopɔn Asɛm mu Adesuafo a Wɔawie Wɔn Adesua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Gilead De Asɛmpatrɛwfo Kɔ “Asase Ano Nohɔ”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 6/1 kr. 24-27

Anigye Bere—Gilead Adesuakuw a Ɛto so 104 Adesua Awiei

“ƐNNƐ yɛ anigye da, na yɛn nyinaa redi ahurusi.” Nsɛm yi na Carey Barber, Yehowa Adansefo Sodikuw no muni de buee Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 104 no adesua awiei dwumadi a ɛyɛ anigye no ano wɔ March 14, 1998. Wɔtoo nsa frɛɛ atiefo a wɔn dodow si 4,945 no sɛ wɔnto Ahenni dwom a ɛto so 208 a n’asɛmti ne “Anigye Dwom” mfa mfi dwumadi no ase.

Afotu a Mfaso Wɔ So a Ɛbɛma Wɔakura Anigye Mu

Dwumadi no fã a edi kan a ɛyɛ Bible ɔkasa ntiantia anum no de afotu a mfaso wɔ so a ɛkyerɛ sɛnea wobekura anigye honhom a wonya no adesua awiei da no mu mae.

Joseph Eames a ɔwɔ Akyerɛwfo Dwumadibea no na ɔmaa ɔkasa a edi kan no. Asɛmti a ɔkaa ho asɛm ne “Munsuasua Anokwafo no Su” a egyina Bible mu asɛm a ɛwɔ 2 Samuel ti 15 ne 17 so, faako a Dawid ba, Absalom bɔɔ pɔw bɔne sɛ obegye n’agya ahenni a Onyankopɔn de ama no no denam atuatew a ɔhyɛɛ ho nkuran so no. Nanso, ebinom kɔɔ so dii Ɔhene Dawid, nea Yehowa asra no no nokware. Asuade bɛn na asɛmpatrɛwfo foforo no betumi anya afi eyi mu? Onua Eames de baa awiei sɛ: “Baabiara a mobɛkɔ wɔ mo asɛmpatrɛw dwumadi mu no, mumfi nokwaredi mu nkanyan biakoyɛ honhom ne obu a wɔkyerɛ ma teokrase tumidi. Mommoa afoforo ma wɔn nso wɔnyɛ saa ara.”

Nea odi so wɔ dwumadi no mu ne David Sinclair, a ɔbobɔɔ ahwehwɛde du a wogyina so gye obi ba ‘Yehowa ntamadan’ mu a wɔka ho asɛm wɔ Dwom 15 no so. Ne kasa a n’asɛmti ne “Monkɔ So sɛ Nkurɔfo a Wɔagye Wɔn Ahɔho Wɔ Mo Asɛmpatrɛw Ntamadan no Mu” no hyɛɛ adesuafo a wɔrewie adesua no nkuran sɛ wɔmfa dwom yi nni dwuma wɔ wɔn asɛmpatrɛw dwumadi no mu, faako a wɔbɛkɔ akɔsoɛ no. Onua Sinclair sii hia a ehia sɛ wɔde Onyankopɔn nnyinasosɛm tra ase bere nyinaa no so dua. Dɛn na ebefi mu aba? Dwom 15:5 ka sɛ: “Nea ɔyɛ eyinom no, ɔrenhim ara da.”

John Barr a ɔyɛ Sodikuw no muni no na odii akyi bae, na ɔbɛtwee adwene sii sɛnea dwom a wɔto wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no kanyan nkurɔfo no so. Nanso dwom a ɛyɛ anigye sen biara bɛn na wɔreto no wiase nyinaa nnɛ? Ɛyɛ Onyankopɔn Mesia Ahenni no ho asɛmpa no. Dɛn na ɛrefi dwom a wɔreto, anaa Ahenni no ho asɛm a wɔka yi nyinaa mu ba? Dwom a ɛto so 208 no fã a ɛto so abien no ka no yiye sɛ: “Henni asɛnka ne Kristofo ky’rɛ twetwe pii ba Yehowa afã. Wɔn nso, wɔreto anigye nnwom no, ɛ regyigye o wɔ mmaa nyinaa!” Yiw, da biara da wɔbɔ asuafo foforo bɛyɛ 1,000 asu. Onua Barr de baa awiei sɛ: “Anuanom, so ɛnyɛ anigye sɛ mubehu sɛ wɔde mo rekɔ nsasesin mu ma moakohyia nnipa a wɔayɛ krado sɛ wobetie mo ayeyi dwom no?”

Ɔkasa a edi so a James Mantz a ɔwɔ Akyerɛwfo Dwumadibea mae no asɛmti ne “Muntie Wɔn a Wɔwɔ Osuahu no Nne.” Ɔkyerɛe sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a wɔnam suahu nkutoo so na esua. (Hebrifo 5:8) Ne nyinaa akyi no, Mmebusɛm 22:17 hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛmmrɛ yɛn aso ase ntie anyansafo’ anaa wɔn a wɔanya osuahu no ‘kasa’. Adesuafo a wɔrewie adesua no betumi asua pii afi wɔn a wɔadi wɔn anim kan no nkyɛn. Onua Mantz kae sɛ: “Wonim sɛnea wɔne ɛhɔnomfo a wɔtɔn nneɛma wɔ sotɔɔ mu no di nneɛma ano. Wonim kuropɔn no mu mmeae horow a ɛnsɛ sɛ wɔfa esiane honam fam anaa abrabɔ mu asiane a ebetumi ato wɔn nti. Wonim nneɛma a ɛbɛhaw ɛhɔfo no. Asɛmpatrɛwfo a wɔasom akyɛ nim nea wubehia na ama w’ani agye na woadi yiye wɔ wo dwumadi no mu.”

Bere a Wallace Liverance a ɔyɛ Gilead Sukuu panyin no reka asɛmti, “Ma W’ani Nsɔ Wo Teokrase Dwumadi” ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, bere a Onyankopɔn nam honhom kronkron anaa anwonwakwan bi so maa asɛmpatrɛwfo bi te sɛ ɔsomafo Paulo, Timoteo, ne Barnaba dwumadi no, “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no na wɔma asɛmpatrɛwfo a wɔtete wɔn wɔ Gilead no dwumadi wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:45-47) Ɔde asɛmpatrɛwfo no dwumadi ahorow no totoo mmeae a Gideon de ne mmarima a na wɔne Midianfo bedi ako no gyinagyinae no ho. (Atemmufo 7:16-21) Onua Liverance hyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Momma mo ani nsɔ mo asɛmpatrɛw dwumadi no. Sɛnea Gideon asraafo no mu ‘biara kɔɔ so gyinaa nankasa afã’ no, momfa mo dwumadi no sɛ moafã a wɔde ama mo. Munnya gyidi sɛ Yehowa betumi de mo adi dwuma sɛnea ɔde Gideon mmarima ahasa dii dwuma no.”

Nnipa Ho Anigye a Wɔkyerɛ De Anigye Ba

Ɔwɛn-Aban no kaa no bere bi sɛ: “Sɛ anka yɛde yɛn asetra ne yɛn anigye besi nneɛma a wɔayeyɛ ne nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ mprempren yi mu mfiri ahorow so, nneɛma a yenni awerɛhyem sɛ ebia ɛbɛkɔ so atra hɔ no, hwɛ oye a eye ne nyansasɛm a ɛyɛ sɛ yɛbɛma yɛn ani agye nnipa ho kɛse mmom na yɛanya nneɛma a yɛbɛyɛ ama wɔn mu anigye.” Nea ɛne ɛno hyia no, Onua Mark Noumair a ɔka Gilead Sukuu akyerɛkyerɛfo ho no ne sukuufo kuw bi susuw wɔn asɛnka adwuma mu osuahu ahorow ho, na ɔkae sɛ: “Afoforo ho anigye a mobɛkyerɛ no na ɛbɛma moayɛ asɛmpatrɛwfo papa.”

Nneɛma a Ɛde Anigye Ba Wɔ Amannɔne Nsase So

Dɛn ne nneɛma a ɛde nkonimdi ne anigye ba wɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu no bi? Onua Charles Woody a ɔwɔ Ɔsom Dwumadibea no ne Harold Jackson a kan na ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Latin Amerika a ɔsom sɛ Ɔkyerɛkyerɛ Boayikuw no boafo no bisabisaa Baa Boayikuw ahorow mufo a wɔaba baa dwumadibea adwumayɛfo sukuu a ɛto so akron no nsɛm. Afotusɛm a saafo yi de mae no mu bi ni:

Albert Musonda a ofi Zambia kae sɛ: “Sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no di kan kɔ anuanom nkyɛn kɔkyia wɔn a, ɛma denhyɛ efisɛ anuanom no bɛbɛn ɔsɛmpatrɛwfo no, na ɔsɛmpatrɛwfo no nso abɛn wɔn.”

Rolando Morales a ofi Guatemala no hyɛɛ nyansa sɛ sɛ nkurɔfo a wɔn anim tew ma asɛmpatrɛwfo afoforo annone bi a, wobetumi afi ayamye ne anifere mu aka sɛ: “Mebaa ɔman yi mu nkyɛe. Minyae a, anka mɛnom, nanso me ho nnya nnyee ha sɛ mo. Mewɔ anidaso sɛ daakye metumi anom, na m’ani begye sɛ mɛyɛ saa.” Mfaso horow bɛn na ɛwɔ anoyi a ɛte saa mu? “Ɛrenhyɛ nkurɔfo abufuw, na ɛbɛkyerɛ sɛ asɛmpatrɛwfo no susuw afoforo ho.”

Dɛn na ebetumi aboa asɛmpatrɛwfo ma wɔanya wɔn dwumadi no mu boasetɔ? Onua Paul Crudass a owiee Gilead adesuakuw a ɛto so 79 a wasom wɔ Liberia mfe 12 ni no kaa eyi: “Minim sɛ ɛyɛ nokware sɛ awofo fe wɔn mma. Nanso ɛtɔ mmere bi a, na ɔsɛmpatrɛwfo no rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma n’ani aka ɔman no mu, na ɛhɔ tebea, amammerɛ, ne ɛhɔfo no anim akokwaw no. Ebia ɔbɛte nka sɛ ɔnsan nkɔ fie. Sɛ onya krataa bi fi fie a ɛka sɛ, ‘Yɛafe wo paa; yenhu nea yɛbɛyɛ bere a wonni hɔ yi’ a, ebia ɛno na ɛbɛma wɔaboaboa ne nneɛma ano asan akɔ fie. Ɛho hia paa sɛ abusuafo a wɔwɔ ha nnɛ no ma ɛno tra wɔn adwenem.”

Bere a wobisabisaa nkurɔfo nsɛm wiei no, Theodore Jaracz a ɔyɛ Sodikuw no muni no na ɔde dwumadi no mu ɔkasa a etwa to mae. Na n’asɛm no ti ne: “Momfa Ahenni no Nni Kan Mo Asetra Mu.” Dɛn na ɛbɛma asɛmpatrɛwfo no de wɔn adwene asi wɔn adwuma no so na biribi annye wɔn asabawmu? Ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnyɛ kokoam Bible adesua ho nhyehyɛe a ɛbɛboa wɔn ma wɔde Ahenni nneɛma adi kan wɔ wɔn asetra mu. Na ɔde nkaesɛm a ɛyɛ ne bere mu de yi mae: “Asɛmpatrɛwfo bi agyae kokoam adesua esiane sɛ anyinam ahoɔden mfiri ahorow, ne kɔmputa so dwumadi ahorow agye wɔn adwene nti. Ɛsɛ sɛ yenya adwempa kari pɛ wɔ adwinnade biara a yɛde bedi dwuma ho na yɛansɛe mmere pii wɔ biribi a ebedidi aba bere a yɛde sua Onyankopɔn Asɛm wɔ kokoam no ho.”

Onua Jaracz kasa no akyi na wɔde adesua ho adansedi nkrataa no momae na wɔkenkan krataa a adesuakuw no de daa ase no. Adesuakuw no nanmusini no kaa sɛnea wɔn nyinaa te nka no ɔkwan yi so: “Yehuu ɔdɔ a Yesu kae sɛ ɛbɛhyɛ n’asuafo agyirae no ho adanse pefee, na eyi ama yɛn awerɛhyem sɛ ɛmfa ho baabiara a yɛwɔ no, ahyehyɛde bi a ɛte sɛ ɛna a ɛwɔ ɔdɔ taa yɛn akyi. Esiane eyi nti, yɛayɛ krado sɛ yɛbɛkɔ asase ano nohoa.” Ná ɛyɛ nsɛm a ɛka koma a wɔde wiee Gilead adesuakuw a ɛto so 104 no adesua awiei a ɛyɛ anigye no.

[Kratafa 24 adaka]

Adesuakuw no Ho Nsɛm

Aman dodow a wofi so: 9

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 16

Adesuafo no dodow: 48

Awarefo dodow: 24

Mfe dodow a wɔadi nkyekyem: 33

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyem: 16

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyem: 12

[Kratafa 25 mfonini]

Ɔwɛn Aban Gilead Adesuakuw a Ɛto so 104 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu

(1) Romero, M.; Howarth, J.; Blackburne-Kane, D.; Hohengasser, E.; West, S.; Thom, S.

(2) Colon, W.; Glancy, J.; Kono, Y.; Drews, P.; Tam, S.; Kono, T.

(3) Tam, D.; Zechmeister, S.; Gerdel, S.; Elwell, J.; Dunec, P.; Tibaudo, H.

(4) Taylor, E.; Hildred, L.; Sanches, M.; Anderson, C.; Bucknor, T.; Hohengasser, E.

(5) Howarth, D.; Ward, C.; Hinch, P.; McDonald, Y.; Sanches, T.; Thom, O.

(6) Drews, T.; Tibaudo, E.; Elwell, D.; Dunec, W.; Blackburne-Kane, D.; Ward, W.

(7) Anderson, M.; Zechmeister, R.; McDonald, R.; Bucknor, R.; Glancy, S.; Gerdel, G.

(8) Romero, D.; Hinch, R.; Hildred, S.; Taylor, J.; Colon, A.; West, W.

[Kratafa 26 mfonini]

Anuanom a wɔkyerɛɛ adesuakuw a ɛto so 104 no ade: (fi benkum) W. Liverance, U. Glass, K. Adams, M. Noumair

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena