Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 6/15 kr. 3-5
  • So Ɔsɛe Pasaa Na Ɛda Hɔ Ma Asase Okyinnsoromma Yi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɔsɛe Pasaa Na Ɛda Hɔ Ma Asase Okyinnsoromma Yi?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ɔsɛe Da” Ho Nkyerɛkyerɛmu a Ɛkɔ Akyiri
  • Nneɛma a Nnipa Sɛe no a Ɛsan Yɛ Yiye
  • Ebetumi Ayɛ Yiye
  • Nnipa Bɛtetew Asase Apansam no Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Onyankopɔn Ahyɛ Bɔ Sɛ Asaase Yi Bɛtena Hɔ Daa
    Nyan!—2023
  • Yɛn Okyinnsoromma a Ɛnyɛ Den sɛ Wɔbɛsɛe No—Ne Daakye Bɛyɛ Dɛn?
    Nyan!—1996
  • So Ahunmu Asiane na Ɛbɛsɛe Yɛn Wiase Yi?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 6/15 kr. 3-5

So Ɔsɛe Pasaa Na Ɛda Hɔ Ma Asase Okyinnsoromma Yi?

AFEHA a ɛto so 20 no awiei rebɛn ntɛmntɛm, na aka kakraa bi na yɛawura afeha a ɛto so 21 no mu. Wɔ saa tebea yi mu no, nnipa bebree a anka wɔremfa wɔn adwene nkɔ ɔsɛe ho nkɔmhyɛ ahorow so papa anaa wɔmfa nyɛ asɛm koraa no resusuw ho sɛ ebia nsɛm bi a ebetumi ayɛ wiase yi pasaa nam kwan mu reba.

Ebia woahu eyi ho nsɛm wɔ atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma mu—anaa nhoma akɛse mpo mu. Nsɛm a ebesisi afeha a ɛto so 21 no mfiase de, gye sɛ ɛba ansa na yebehu. Ebinom ka sɛ ebegye afe biako pɛ na afe 2000 akɔ n’awiei (anaa efi afe 2000 kosi afe 2001 no, simma biako pɛ na ɛda ntam) na ebia ɛrenyɛ afe soronko biara. Nea nnipa pii dwen ho kɛse ne yɛn okyinnsoromma yi daakye.

Nkɔmhyɛ biako a wɔtaa te ho asɛm nnansa yi ne sɛ, bere bi reba—nnansa yi ara anaa akyiri yi koraa—a Asase okyinnsoromma yi bɛsɛe korakora. Susuw saa nkɔmhyɛ ahorow a ɛma ayamhyehye a ɛtete saa no kakra ho hwɛ.

Wɔ nhomakyerɛwfo ne nyansapɛfo John Leslie nhoma a ɛne The End of the World—The Science and Ethics of Human Extinction a wodii kan tintim no 1996 mu no mu no, ɔkyerɛ akwan abiɛsa a nnipa ase betumi atɔre wɔ asase so. Nea edi kan no, obisa sɛ: “So nuklear akodi a emu yɛ den betumi atɔre adesamma abusua no ase?” Afei ɔde ka ho sɛ: “Tebea a ɛda adi sɛ ebetumi asi . . . ne sɛ mframa a edi awu de nyarewa a ɛbɛtɔre nnipa ase bɛba: kokoram, nkwaadɔm a ɛko tia nyarewa a ano bedwudwo ma nsanyare agye nsam, anaa awo mu dɛmdi a ɛbɛdɔɔso. Mmoawammoawa nso a ehia ma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no betumi awuwu.” Ade a ɛto so abiɛsa a Owura Leslie kyerɛ sɛ ebetumi asi ne sɛ, nsoromma a etua dua anaa okyinnsoromma nketewa bi betumi atew abɛhwe asase so: “Nsoromma a etua dua ne okyinnsoromma nketewa a sɛnea etwa ne ho no betumi ama abɛhwe Asase so da bi no mu bɛyɛ mpem abien kɛse bɛyɛ kwansin fã kosi akwansin asia. Nea ɛsõsõ sen saa nso wɔ hɔ na ɛnnɔɔso saa (wonnim ne dodow pɔtee), na nea n’akɛse nnu saa nso dɔɔso sen saa.”

“Ɔsɛe Da” Ho Nkyerɛkyerɛmu a Ɛkɔ Akyiri

Anaasɛ susuw nyansahufo foforo, Paul Davies, a ɔyɛ ɔbenfo wɔ Adelaide Sukuupɔn wɔ Australia, nso ho hwɛ. Washington Times kaa ne ho asɛm sɛ “nyansahu ho sɛnkyerɛwfo a ɔsen biara wɔ Wiase afannan nyinaa.” Wɔ 1994 mu no, ɔkyerɛw The Last Three Minutes (Simma Abiɛsa a Etwa To), a nkurɔfo ato din sɛ “ɔsɛe da ho nhoma mu okunini.” Nhoma yi ti a edi kan asɛmti ne “Ɔsɛe Da,” na ɛkyerɛ tebea a ebetumi aba bere a nsoromma a etua dua bi abɛhwe Asase okyinnsoromma yi so no. Kenkan ne nsɛm a ɛma obi ho mmoa guan no bi:

“Okyinnsoromma no wosow te sɛ nea asasewosow mpem du asi. Ahum a ano yɛ den twiw fa asase ani dwiriw adan nyinaa gu fam, na ɛsɛe baabiara a ɛbɔ fa no pasaa. Baabi a ɛkɔhwe ma ɛhɔ yɛ tratra no nan ma epuw kɔ soro akwansin pii ma ɛdan atɛkyɛ mmepɔw nkuruwankuruwa, na Asase yam bue wɔ bon a ne kɛse yɛ akwansin ɔha mu. . . . Mframa bɔ afabo ne mfuturu pii gu wim, na ɛkata owia so ma ɛmmɔ okyinnsoromma no so baabiara. Afei wim-apa-yerɛw a ɛyɛ hu ɔpepepem biako a ne yerɛw ano yɛ den ba besi owia hann ananmu, na ne gya no ma asase so yɛ hyew mmoroso bere a nneɛma di akɔneaba wɔ ahunmu ne asase ani no.”

Ɔbenfo Davies toa so hyɛ saa tebea yi ho nkɔm sɛ saa bere no, nsoromma a etua dua a wɔfrɛ no Swift-Tuttle bɛhwe asase so. Ɔde kɔkɔbɔ yi ka ho sɛ, ɛwom sɛ ebia asɛm a ɛte saa rensi nnansa yi ara de, nanso osusuw sɛ “da bi da bi Swift-Tuttle anaa abɔde bi a ɛte saa bɛba abɛhwe Asase so.” Nea ɔde n’asɛm no gyinaa so ne sɛ, wobu akontaa sɛ abɔde ahorow bi a n’akɛse yɛ kilomita 0.5 anaa nea ɛboro saa bɛyɛ 10,000 retwa wɔn ho a wɔn ani kyerɛ Asase so.

Wugye di sɛ ahude a ɛte saa betumi asi ankasa? Nnipa a wogye di no dɔɔso ma ɛyɛ nwonwa. Nanso wɔbrabra ho dadwen so kyekye wɔn ho werɛ sɛ ɛremma so wɔ wɔn nkwa nna mu. Ɛnde, adɛn nti na ɛsɛ sɛ Asase okyinnsoromma no sɛe—nnansa yi ara anaa mfe ɔpepem pii akyi? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ asase no ankasa na ɛde ɔhaw ba ɛsotefo a wɔyɛ nnipa anaa mmoa no so. Mmom no, so ɛnyɛ onipa ankasa na ɔde afeha a ɛto so 20 yi mu haw no fã kɛse no ara, a asiane a ɛwɔ hɔ sɛ wobetumi ‘asɛe asase no’ koraa nso ka ho, aba?—Adiyisɛm 11:18.

Nneɛma a Nnipa Sɛe no a Ɛsan Yɛ Yiye

Na ade a ɛnyɛ den koraa sɛ ebesi a ɛne sɛ onipa ankasa nam asetra bɔne ne adifudepɛ so bɛsɛe asase no korakora nso ɛ? Akyinnye biara nni ho sɛ nneɛma pii asɛe dedaw wɔ asase no afã horow esiane kwae a wobu gu dodo, mframa a wɔsɛe no a anohyeto nnim, ne asu a wɔsɛe no nti. Nhoma akyerɛwfo Barbara Ward ne René Dubos bɔɔ asɛm yi mua yiye bɛyɛ mfe 25 ni wɔ wɔn nhoma a ɛne Only One Earth no mu sɛ: “Nokwarem no, nneɛma atitiriw abiɛsa a wɔresɛe no—mframa, nsu, ne nsase—a ɛsɛ sɛ yesusuw ho no ne nneɛma titiriw abiɛsa a okyinnsoromma yi so asetra gyina so.” Na efi saa bere no, tebea no nsakrae ahe biara, anaa ɛnte saa?

Sɛ yɛresusuw asiane a ɛwɔ hɔ sɛ nnipa ankasa nam nhumu a wɔmfa nni dwuma so bɛsɛe asase no ho a, yebetumi anya awerɛhyem bere a yɛhwɛ tumi a Asase okyinnsoromma no wɔ sɛ esiesie ne ho na ɛyɛ ne ho foforo a ɛyɛ nwonwa no. Bere a René Dubos rekyerɛkyerɛ tumi a ɛyɛ nwonwa a ɛma esiesie ne ho yi mu no, ɔkaa nsɛm a ɛhyɛ nkuran yi wɔ nhoma foforo a ɛne The Resilience of Ecosystems mu sɛ:

“Nnipa pii suro sɛ ebia wɔantwe adwene ansi ɔsɛe a wɔde ba asase so nneɛma so no ntɛm ma aka akyiri dodo, efisɛ wɔasɛe nneɛma pii wɔ asase so dedaw a entumi nsan nyɛ yiye. Me fam no, saa adwene a anidaso nnim yi nni nnyinaso efisɛ asase so nneɛma wɔ tumi kɛse a ɛma esiesie ne ho bere a ehyia ɔsɛe ahorow no.

“Nneɛma pii wɔ asase so nneɛma mu a ɛma etumi yɛ ne ho foforo. . . . Ɛma nneɛma a ɛwɔ asase so no tumi di ɔhaw a ɛba so no ho dwuma denam sɛnea na nneɛma nyinaa te pɛpɛɛpɛ kan no a ɛsan dan kɔ so nkakrankakra no so.”

Ebetumi Ayɛ Yiye

Eyi ho nhwɛso a ɛda nsow a wonyae wɔ mfe kakra a atwam ni ne London asubɔnten a agye din, Thames a nkakrankakra, emu fĩ no fii mu no. The Thames Transformed nhoma a Jeffery Harrison ne Peter Grant kyerɛwee no si saa anwonwade kɛse a ɛkyerɛ nea nnipa ka bom de botae pa si wɔn anim a, ebetumi aba no so dua. Britania Duke a na ɔwɔ Edinburgh no kyerɛwee wɔ nhoma no nnianim nsɛm mu sɛ: “Afei de yɛadi nkonim a ɛkyɛn so araa ma ɛmfa ho mpo sɛ ebetumi ama ebinom asusuw sɛ nneɛma a wɔmmɔ ho ban ho haw no nyɛ hu pii sɛnea wɔaka ho asɛm no, ɛfata sɛ yetintim. . . . Wɔn nyinaa betumi anya akomatɔyam afi nea atumi aba wɔ Thames mu no mu. Anigyesɛm ne sɛ, ebetumi ayɛ yiye, na wɔn nhyehyɛe no nso betumi awie yiye.”

Wɔ ti a wɔato din “Nsiesie Kɛse No” mu no, Harrison ne Grant kyerɛw nea atumi akɔ so wɔ mfe 50 a atwam ni mu no ho asɛm anigye so sɛ: “Sɛnea ebi mmaa wiase da no, asubɔnten a na efĩ ahyɛ mu mã no atumi asiesie ne ho akodu baabi a asunomaa ne mpataa pii asan abɛtra mu. Nsakrae a ɛte saa a atumi akɔ so ntɛmntɛm saa, wɔ tebea a na ɛte sɛ nea anidaso biara nnim mu no, ma obi a mmoa ho bammɔ hia no a onni anidaso koraa no mpo nya nkuranhyɛ.”

Afei wɔkyerɛ sɛnea nsakrae no bae: “Asubɔnten no kɔɔ so sɛee bere a mfe rekɔ no, na gyama nea ɛsɛee no koraa ne bere a wɔpaapae adorobɛn ne akã anaa wɔsɛee no wɔ Wiase Ko a Ɛto so Abien mu no. Wɔ 1940 ne 1950 mfe no mu no, na Thames no tebea asɛe korakora. Asubɔnten no bɛyɛɛ sɛ kã bi a wɔnkataa so; ná nsu no ani ayɛ tumm, mframa pa nnim, na sɛ edu ahohuru bere a, wɔte Thames pampan a ano yɛ den no wɔ akyirikyiri. . . . Ewiee ase no, na mpataa bebree a bere bi na wɔwom no afi mu ma aka aberekuri kakraa bi na wɔwom, esiane sɛ wɔn de wotumi tɛw nsu ani home tẽẽ nti. Ná nnomaa a wɔwɔ asu a ɛda London ne Woolwich ntam a wɔasisi adan wɔ hɔ no so atew ma aka mmakanomaa kakraa bi, na na ɛnyɛ nsu mu aduan a wonya di nti na wɔda so te ase, na mmom asukɔn ho adekoradan mu nnɔbae a eguguu fam a wonyae ntia. . . . Saa bere no hena na anka obegye adi sɛ nsakrae kɛse a ɛte saa bɛba? Wɔ mfe du mu no, na asubɔnten koro no ara rebɛsesa afi baabi a nnomaa ho yɛ na, abɛyɛ guankɔbea ama asunomaa ahorow pii, a nnomaa a wɔhwehwɛ wɔn aduan wɔ awɔw bere mu bɛyɛ 10,000 ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn aduan wɔ nsu mu bɛyɛ 12,000 ka ho.”

Nokwarem no, ɛno ma yehu nsakrae biako pɛ a ɛbae wɔ asase no fã ketewaa bi. Nanso, yebetumi asua biribi afi saa nhwɛso yi mu. Ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yebu Asase okyinnsoromma no sɛ ɔsɛe na ɛda hɔ retwɛn no esiane hwɛ a wɔnhwɛ so yiye, adifudepɛ, ne nhumu a nnipa mfa nni dwuma nti. Ntetee pa ne biakoyɛ a wɔde bedi adesamma nsɛm ho dwuma no betumi aboa asase ma asiesie ne ho wɔ ɔsɛe kɛse a wɔde ba emu abɔde a nkwa wom, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, ne asase no ankasa so no ho. Nanso, dɛn na yebetumi aka wɔ ɔsɛe a ebetumi afi baabi foforo, te sɛ nsoromma a etua dua anaa okyinnsoromma ketewa bi a ɛnenam, aba no nso ho?

Asɛm a edi so no kyerɛ ɔkwan a yɛbɛfa so anya asɛmmisa a ɛkyere adwene saa no ho mmuae a abotɔyam wom.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Ntetee ne biakoyɛ a wɔde bedi nneɛma ho dwuma no betumi aboa asase ma asiesie nneɛma akɛse mpo a wɔasɛe no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena