Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 6/15 kr. 6-8
  • Asase Dɛn Nti na Ɛwɔ Ha?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asase Dɛn Nti na Ɛwɔ Ha?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn na Bible no Ka?
  • Nneɛma Atwitware Onyankopɔn Atirimpɔw Mu, na Ɛnsesae
  • Wɔbɛsɛe Yɛn Asase Yi Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Asetra Wɔ Atirimpɔw Kɛse Bi
    Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu?
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw?
    Nyan!—1999
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Atirimpɔw Ma Asase?
    Dɛn na Oyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 6/15 kr. 6-8

Asase Dɛn Nti na Ɛwɔ Ha?

Asɛmmisa bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wususuw ho: So Ɔbɔadeɛ nyansafo bi a ɔwɔ atirimpɔw ma asase ne nnipa a wɔtete so na ɔbɔɔ yɛn okyinnsoromma fɛfɛ yi? Saa asɛm no ho mmuae a ɛtɔ asom a wubenya no betumi aboa wo ma woahu nea ɛbɛba yɛn okyinnsoromma yi so daakye.

NYANSAHUFO pii a wɔasua amansan no ne yɛn asase ho ade akɔ akyiri no ahu adanse ahorow a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ, ne sɛ Onyankopɔn na ɔtaa akyi. Susuw asɛm a wɔn mu biako pɛ kae ho hwɛ:

Ɔbenfo Paul Davies kyerɛw wɔ The Mind of God mu sɛ: “Mmara ahorow ne nsɛm tebea soronko koraa ho hia ansa na amansan a emu nneɛma ahyehyɛ kamakama wɔano wɔano, a nneɛma no mu dɔ na ɛwɔ nnyinaso ne nhyehyɛe pa atumi atra hɔ.”

Bere a Ɔbenfo Davies kaa nneɛma bi a nsoromma ho nyansahufo ne afoforo aka sɛ “ɛbae kɛkɛ” ho asɛm no, ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, ɛma yɛn adanse pii a ɛkyerɛ sɛ nkwa a yɛn ani tua yi gyina sɛnea abɔde ho mmara te, ne sɛnea nneɛma a ɛbae kɛkɛ no mu duru, ahoɔden ne tumi, ne nea ɛkeka ho no ahyehyɛ pɛpɛɛpɛ no so kɛse. . . . Sɛ yɛreyɛ yɛn ho sɛ Nyankopɔn na yɛakyinkyim nneɛma bi kɛkɛ de ahyehyɛ saa nneɛma yi a, anka ɛkame ayɛ sɛ biribiara a yebekyim mma yentumi ntra amansan yi mu. Wɔ tebea horow bi mu no, na ɛte sɛ nea ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyiye kɛse paa di ho dwuma ansa na nkwa atumi akɔ so wɔ amansan yi mu. . . . Nokwasɛm a ɛne sɛ, sɛ sɛnea nneɛma te no sesaa kakraa bi mpo a, anka yɛrenhu amansan yi no yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye.”

Nea ɛno kyerɛ ma nnipa pii ne sɛ, Ɔbɔadeɛ bi a ɔwɔ atirimpɔw na ɔbɔɔ yɛn asase yi ne amansan nkae no nyinaa. Sɛ saa na ɛte a, ɛnde nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nea enti a ɔyɛɛ asase no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye nso a, ɛsɛ sɛ yehu n’atirimpɔw ma asase. Wɔ eyi mu no, biribi a ɛyɛ nwonwa bɛda adi. Ɛmfa ho sɛ nnipa pii nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no, wɔn a wɔda so gye di sɛ Ɔbɔadeɛ nyansafo bi wɔ hɔ no dɔɔso ma ɛyɛ nwonwa. Kristoman asɔre ahorow no fã kɛse no ara de wɔn ano kɛkɛ na ɛka sɛ yɛn amansan yi wɔ ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ bi. Nanso, ɔsom ahorow yi mu biara ntaa mfa ahotoso ne gyidi nka nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ asase daakye ho asɛm.

Dɛn na Bible no Ka?

Ntease wom sɛ yɛbɛhwehwɛ ho asɛm afi nhoma bi a nnipa pii gye tom sɛ efi Ɔbɔadeɛ no hɔ mu. Saa nhoma no ne Bible. Nsɛm a ɛka fa yɛn asase yi daakye ho no mu nea ɛyɛ tiaa na emu da hɔ paa no biako wɔ Ɔsɛnkafo 1:4. Yɛkenkan sɛ: “Awo ntoatoaso kɔ, na awo ntoatoaso ba, na asase de, etim hɔ daa.” Bible kyerɛ nea enti a Yehowa Nyankopɔn bɔɔ asase no mu pefee. Ɛkyerɛ nso sɛ baabi a ɔde sii wɔ amansan no mu ne kwan a ɛda ɛne owia ntam no yɛ nea ɛfata pɛpɛɛpɛ na nkwa atumi atra so. Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no de honhom kaa tete diyifo Yesaia ma ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni,—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so,—: Mene [Yehowa, NW], na obi nni hɔ bio.”—Yesaia 45:18.

Na ɛdefa nneɛma a nnipa ayɛ a ebetumi atɔre abɔde a nkwa wom nyinaa ase afi asase so no ho nso ɛ? Onyankopɔn fi ne nyansa a ɛso nni no mu ka sɛ ɔde ne ho begye nsɛm mu na adesamma ansɛe abɔde a nkwa wom nyinaa amfi yɛn okyinnsoromma yi so. Hyɛ bɔhyɛ a awerɛhyem wom a ɛwɔ Bible nhoma a etwa to, Adiyisɛm, yi nsow: “Amanaman no bo afuw, na w’abufuw ne awufo bere no adu sɛ wubebu atɛn, na woama wo nkoa, adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wosuro wo din, nketewa ne akɛse no, akatua, na woasɛe wɔn a wɔasɛe asase no.”—Adiyisɛm 11:18.

Yehowa da atirimpɔw nti a ɔbɔɔ asase, a ahunmu kwantufo bi a na ɔde hyɛn nam asase ani frɛɛ no abohene no, adi kyerɛ yɛn. Ná Onyankopɔn atirimpɔw ne sɛ ɛbɛyɛ wiase nyinaa paradise, a nnipa—mmarima ne mmea—a wɔn nyinaa te asomdwoe ne biakoyɛ mu ahyɛ so ma na wɔnkyere so. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛma nnipa adɔɔso wɔ asase so nkakrankakra denam nnipa baanu a wodi kan no a ɔma wɔwoe so. Sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa baanu a wodi kan no ani begye na wɔn ho atɔ wɔn no, Yehowa yɛɛ asase no fã ketewaa bi paradise. Bere a adesamma abusua no rewowo na mfe ne mfehaha pii retwam no, na Eden turo no bɛtrɛw nkakrankakra de akosi sɛ Genesis 1:28 benya mmamu: “Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so.”

So asase ne ɛsotefo tebea a ayɛ mmɔbɔ nnɛ no kyerɛ sɛ Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase no ayɛ kwa? Anaasɛ wasesa n’atirimpɔw, ma wayɛ n’adwene sɛ esiane adesamma amumɔyɛ nti, ɔbɛma wɔasɛe asase no koraa na wahyɛ biribiara ase foforo, sɛnea yɛbɛka no no? Dabi, yebetumi anya awerɛhyem sɛ nneɛma abien yi mu biara mma. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ biribiara a Yehowa bɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ ɛbam, na biribiara a ɔyɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ no, ankorankoro anaa nsɛm tebea a wɔnhwɛ kwan mpo ntumi nsɛe no. Ɔma yɛn awerɛhyem sɛ: “Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:11.

Nneɛma Atwitware Onyankopɔn Atirimpɔw Mu, na Ɛnsesae

Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden na wɔpam wɔn fii Eden turo mu no, na ɛda adi pefee sɛ ɛnnam wɔn so na Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma paradise asase aba no bɛba. Nanso, ɛhɔ ara na Yehowa kyerɛe sɛ wɔn asefo no bi bɛma n’ahyɛde a edi kan no abam. Ɛwom, na eyi begye bere, mfehaha pii mpo, nanso sɛ Adam ne Hawa nyinaa kɔɔ so traa ase wɔ pɛyɛ mu mpo a, yenni adanse biara a ɛkyerɛ bere tenten a anka ebedi ansa na ahyɛde a edi kan no abam. Nokwasɛm no ne sɛ, ebedu Kristo Yesu Mfirihyia Apem Nniso no awiei—mfirihyia apem ne kakra, fi nnɛ—no, ná Paradise tebea a na ɛwɔ Eden no atrɛw adu asase nyinaa so, ma nnipa a wodi kan no asefo a wɔwɔ asomdwoe ne anigye ayɛ Asase okyinnsoromma yi so ma. Nokwarem no, wobebu Yehowa bem afebɔɔ, sɛ ɔne Nea ɔbɔ ne tirim a enni huammɔ!

Saa bere no na nsɛm a ɛyɛ anigye a Nyankopɔn nam ne honhom so ma wɔka siei bere tenten a atwam ni no bɛbam. Kyerɛw nsɛm te sɛ Yesaia 11:6-9 benya mmamu a ɛyɛ anigye: “Habɔdɔm ne oguanten ba bɛtra, na ɔsebɔ ne apapowa ada, na nantwi ba ne gyata ba ne nantwi a wadɔ bɛtra faako, na abofra ketewa aka wɔn. Nantwibere ne osisi bɛbom adidi na wɔn mma ada faako, na gyata awe wura sɛ nantwi. Akokoaa begoru ahurutoa amoa ano, na nea watwa nufu ateɛ ne nsa aka ɔkyereben bɔn. Wɔrenyɛ bɔne na wɔrensɛe ade bio, me bepɔw kronkron no nyinaa so, na [Yehowa, NW] hu bɛyɛ asase ma, sɛ nsu kata po so no.”

Akwahosan bɔne ne nyarewa a enni sabea, ne owu mpo befi hɔ. Nsɛm bɛn na emu da hɔ sen nsɛm tiawa a ɛwɔ Bible nhoma a etwa to no mu yi? “Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”—Adiyisɛm 21:3, 4.

Yiw, yebetumi anya awerɛhyem—yɛn okyinnsoromma fɛfɛ a ɛne Asase yi te hɔ daa. Ɛmmra sɛ wubenya hokwan atwa bere a nneɛma nhyehyɛe bɔne yi ne nea wɔde resɛe asase no nyinaa bɛba awiei no. Wiase foforo a emu tew a Nyankopɔn de bɛba no abɛn pɛɛ. Na ɛdenam owusɔre anwonwade no so no, adɔfo pii benyan afi owu mu. (Yohane 5:28, 29) Nokwasɛm ni, yɛn asase yi te hɔ daa, na yɛn nso yebetumi atra hɔ daa, na yɛagye yɛn ani wɔ so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena