Nsɛmmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Sɛnea Mateo 17:20 kyerɛ no, asomafo no antumi ansa abarimaa bi yare ‘esiane sɛ na wɔn gyidi sua nti.’ Nanso wɔ Marko 9:29 no, wɔkyerɛe sɛ efi mpaebɔ a na wohia no. Adɛn nti na Asɛmpa no mu biara ka sɛ efi biribi foforo?
Nokwasɛm ne sɛ abirabɔ biara nni nsɛm abien yi mu, ɛno ara ne sɛ ebiara de bi ka ɔfoforo de ho. Nea edi kan no, hwɛ Mateo 17:14-20. Ɔbarima bi bɛkae sɛ ne ba twa abiribiriw nanso Yesu asuafo no antumi ansa abofra no yare. Enti Yesu saa abarimaa no yare bere a otuu honhommɔne bi a na ɔreteetee no no. Asuafo no bisaa no nea enti a wɔantumi antu honhommɔne no. Sɛnea Mateo kyerɛwtohɔ no kyerɛ no, Yesu buae sɛ: “Efisɛ mo gyidi sua; na nokware mise mo sɛ, mowɔ gyidi sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ bepɔw yi sɛ: Twiw fi ha kɔ nohɔ, na ebetwiw, na biribiara nni hɔ a morentumi nyɛ.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.
Afei dan kɔ Marko 914-29, faako a yehu ɛho nsɛm pii no. Sɛ nhwɛso no, Marko 9:17 ma yehu sɛ honhommɔne bi na na ɔma saa abiribiriw twa yi ba. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Bible no ka wɔ baabi foforo sɛ Yesu saa wɔn a wotwa ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne yare. (Mateo 4:24) Wɔ tebea soronko yi mu no, na otwa no fi “honhom mum” bi, kyerɛ sɛ, honhommɔne, na oduruyɛfo Luka nso foa so saa. (Luka 9:39; Kolosefo 4:14) Hwɛ Marko 9:18 na hyɛ asɛm ‘baabiara a [honhommɔne no] beso no mu no,’ nsow. Enti na ɛnyɛ bere nyinaa na honhommɔne no teetee abarimaa no, na ɛtoto sisi. Eyi nyinaa akyi no, asuafo no antumi antu honhommɔne no amfa ansa no yare. Bere a wobisaa Yesu nea enti a ɛbaa saa no, obuae sɛ: “Saa ade yi de, n’ade ban, wontumi mfa biribiara so ntu no, gye mpaebɔ.”
Nanso sɛ wokenkan Marko kyerɛwtohɔ no yiye a, ɛda no adi sɛ abirabɔ biara nni ɛne nea Mateo kyerɛwee no mu. Wɔ Marko 9:19 no, yɛkenkan sɛ ɛhaw Yesu sɛ na saa awo ntoatoaso no nni gyidi. Afei wɔ nkyekyem 23 no, wɔakyerɛw sɛ ɔka kyerɛɛ abarimaa no papa sɛ: “Nneɛma nyinaa betumi ayɛ ama nea ogye di.” Enti Marko nso si hia a gyidi ho hia so dua. Asɛm no ara ne sɛ wɔ nkyekyem 29 no, Marko de asɛm foforo ka ho. Marko de nea Yesu ka faa mpaebɔ ho a Mateo ne Luka mu biara anka ho asɛm kaa ho.
Ɛnde, dɛn na yebetumi aka? Mmere foforo no, asomafo 12 no ne asuafo 70 no nyinaa tuu ahonhommɔne. (Marko 3:15; 6:13; Luka 10:17) Nanso saa bere yi de asuafo no antumi antu honhommɔne no. Adɛn ntia? Sɛ yɛka nsɛm a ɛwɔ kyerɛwtohɔ ahorow no mu no bom a, yebetumi aka sɛ na wonsiesiee wɔn ho mmaa adeyɛ no saa bere no. Ebia ade biako nti a ɛbaa saa no gyina honhommɔne ko no so, efisɛ ɛkame ayɛ sɛ ɛsono adaemone biara ne ne su, nea ɔpɛ, ne n’ahoɔden. Ná wohia gyidi ne mpaebɔ a emu yɛ den paa a wɔde hwehwɛ Nyankopɔn mmoa, na wɔatumi adi eyi ho dwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yesu wɔ gyidi a ɛte saa. Afei nso na N’agya, mpaebɔ Tiefo no, taa n’akyi. (Dwom 65:2) Ɛnyɛ sɛ na Yesu wɔ tumi a obetumi de atu honhommɔne no de asa abarimaa no yare nko, na mmom ɔyɛɛ saa nso.