Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 10/15 kr. 3
  • So Asɔfo Nyinaa Gye Nea Wɔkyerɛkyerɛ No Di?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Asɔfo Nyinaa Gye Nea Wɔkyerɛkyerɛ No Di?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔfã 4​—Bere Bɛn na Ɔkwan Bɛn so na Baasakoro Ɔkyerɛkyerɛ no Bae?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Nkwa Anaa Nokwaredi?
    Nyan!—1980
  • Mugye Yesu Di?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nea Enti A Wonnye Nni
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 10/15 kr. 3

So Asɔfo Nyinaa Gye Nea Wɔkyerɛkyerɛ No Di?

ƆBEA no kunu wui nkyɛe. Ne sɔfo kyerɛkyerɛ mu sɛ na ne kunu no papa nnɔɔso pii sɛ ɔbɛkɔ soro tee, na na ne bɔne nso nnɔɔso pii sɛ ɔbɛkɔ hellgya mu. Ɛno nti, sɛnea ɔsɔfo no kyerɛ no, wɔretwe n’aso kosi sɛ ɔbɛfata sɛ ɔbɛkɔ ɔsoro. Otua sika ma ɔsɔfo no bɔ mpae sɛnea ɛbɛyɛ a wobeyi ne kunu afi ahodwiragya mu ntɛm. Saa asɛm no ma okunafo no koma tɔ ne yam, bere a ɔte nka sɛ gyidi a ofi komam wɔ no ara bi na ɔsɔfo no nso wɔ no.

Wususuw sɛ sɛ okunafo no behu sɛ ne sɔfo no nnye nni ankasa sɛ wɔtwe awufo aso wɔ wɔn wu akyi a, n’abam bebu? Nnipa pii yɛ basaa bere a wohu sɛ asɔfo no mu dodow no ara nni nea wɔn ankasa kyerɛkyerɛ no pii mu gyidi no. Bere a National Catholic Reporter rekyerɛkyerɛ nea ɛfrɛɛ no “asɔfodi mu haw a emu yɛ duru sen nna mu ɔbrasɛe” mu no, ɛkae sɛ: “Wɔ asɔfo no mu no, pii wɔ hɔ a wonnye wɔ a Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ akatua ne asotwe ho nkyerɛkyerɛ anaa owusɔre no nni bio . . . ma enti saa gyidi a wonni yi abɛbata asɔfodi ho te sɛ mununkum.”

Asɔre afoforo nso hyia nsɛnnennen a ɛte saa. Australia Canberra Times bɔ amanneɛ sɛ nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ asɔfo a wɔwɔ Anglikan Asɔre mu no daa no adi sɛ pii “nnye Kristofo tete gyidi mu mfitiasesɛm te sɛ ɔbaabun awo, Yesu anwonwade ahorow, ne mesia no ba a ɛto so abien no nni.”

Nyamesom ho sɛnkyerɛwfo George R. Plagenz bisaa sɛnea ɔsɔfo bi betumi afi ahonim pa mu, aka gyidikasɛm bi a n’ankasa nni mu gyidi. Ɔsɔfo biako kae sɛ ɔde biribi hyɛ gyidikasɛm no nsɛm a edi kan “Migye . . . di” no ananmu. Ɔkae sɛ: “Mifi gyidikasɛm no ase sɛ, ‘WOGYE Agya Nyankopɔn Tumfoɔ no di . . . ’” Plagenz frɛɛ saa nyaatwom no “nnaadaasɛm a ɛsen biara wɔ ɔman no mu.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, saa gyidi a asɔfo nni ne nyaatwomyɛ yi bu nnipa pii abam wɔ nyamesom ho koraa. Nanso ɛnyɛ ɛno nkutoo ne nea ɛhaw nkurɔfo adwene wɔ nyamesom ho nnɛ. Wɔakyerɛkyerɛ asɔrekɔfo pii sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm. So ɛbɛyɛ wɔn nwonwa sɛ wobehu sɛ asɔre nkyerɛkyerɛ bi a wɔagye atom bere tenten no nni Bible no mu? Asɛm a edi hɔ no bɛka nhwɛso biako ho asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena