Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 12/1 kr. 8-13
  • Wɔn Gyidi Nti Wɔtan Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn Gyidi Nti Wɔtan Wɔn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Nea Egye” na Obi Abɛyɛ Osuani
  • Ná Wokyi Afoforo na Afoforo Tan Wɔn
  • Tete Kristofo No—Ɛhefo na na Ɛtan Wɔn?
  • Tete Kristofo No—Dɛn Nti na na Wɔtan Wɔn Wɔ Romafo Wiase no Mu?
  • Wɔannya Adwene Biara sɛ Wobegyae Wɔn Gyidi Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Kristofo ne Adesamma Abusua Nnɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Yɛn Ho Ano A Yebeyi Wɔ Yɛn Gyidi Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Tete Kristofo ne Wiase No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 12/1 kr. 8-13

Wɔn Gyidi Nti Wɔtan Wɔn

“Me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.”—MATEO 10:22.

1, 2. So wubetumi aka asetra mu osuahu a Yehowa Adansefo agyina ano esiane wɔn gyidi a wɔde bɔ wɔn bra nti no ho asɛm?

WƆKYEREE nokwaredifo bi a ɔte sotɔɔ ano wɔ Crete mpɛn pii, na wokodii n’asɛm wɔ Greece asɛnnibea horow ntoatoaso. Ofii ne yere ne ne mma baanum nkyɛn kodii bɛboro mfe asia wɔ afiase. Wɔ Japan no, wɔpam sukuuni bi a wadi mfe 17 fii sukuu, ɛmfa ho sɛ na obu ade na onim ade kyɛn n’adesuakuw mufo a wɔyɛ 42 no. Wɔ France no, ɛmfa ho sɛ na wɔbɔ nkurɔfo pii din pa wɔ wɔn adwumam sɛ wɔyɛ mmɔdenbɔfo a wɔn ani ku wɔn adwuma ho no, woyii wɔn nyinaa adi fii adwumam mpofirim. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ asetra mu osuahu ahorow yi nyinaa mu?

2 Nkurɔfo a yɛaka wɔn ho asɛm yi nyinaa yɛ Yehowa Adansefo. “Bɔne” bɛn na wɔyɛe? Wɔn som adwuma a na wɔreyɛ kɛkɛ ntia. Nea ɛbɛyɛ na wadi Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ so no, na nea ɔte sotɔɔ ano yi ka ne gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. (Mateo 28:19, 20) Wogyinaa Greece mmara dedaw bi a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛma obi asakra ne som no so buu no fɔ. Woyii sukuuni no adi esiane sɛ na n’ahonim a wɔde Bible atete no no remma no kwan mma ɔmfa ne ho nhyɛ kendo (Japanfo nkrante agodie) a na ɛyɛ nhyɛ sɛ obiara de ne ho hyɛ mu no mu nti. (Yesaia 2:4) Na wɔka kyerɛɛ wɔn a woyii wɔn adi fii wɔn adwumam wɔ France no sɛ, nea enti a woyii wɔn adi ara ne sɛ, wɔka sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo.

3. Dɛn nti na Yehowa Adansefo dodow no ara ntaa nhyia amanehunu a ano yɛ den wɔ nnipa afoforo nsam?

3 Osuahu ahorow a ɛyɛ yaw yi yɛ nea Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman bi mu afa mu nnansa yi no ho nhwɛso. Nanso wɔ Yehowa Adansefo dodow no ara fam no, wɔntaa nhyia amanehunu a ano yɛ den saa wɔ nnipa afoforo nsam. Yehowa nkurɔfo agye din wɔ wiase nyinaa sɛ wɔda suban pa adi—din pa a enti ntease biara nnim sɛ obi bedi wɔn aborɔ. (1 Petro 2:11, 12) Wontutu afoforo ase anaa wɔmfa wɔn ho nhyɛ atirimɔdensɛm mu. (1 Petro 4:15) Nea ɛne no bɔ abira no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu afotu a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wodi kan brɛ wɔn ho ase hyɛ Onyankopɔn ase, ansa na wɔayɛ saa ama amammui nniso ahorow no, bɛbɔ wɔn bra. Wotua tow a mmara hwehwɛ sɛ wotua, na wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔne nnipa nyinaa bɛtra asomdwoe mu.’ (Romafo 12:18; 13:6, 7; 1 Petro 2:13-17) Wɔhyɛ obu a wɔkyerɛ ma mmara, abusua asetra pa, ne abrabɔ pa ho nkuran wɔ wɔn Bible ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu. Aban ahorow pii akamfo wɔn sɛ wɔyɛ ɔmamma a wodi mmara so. (Romafo 13:3) Nanso sɛnea nkyekyem a edi kan no kyerɛ no, ɛtɔ mmere bi a wɔsɔre tia wɔn—wɔ aman bi so, na aban ahorow bi bara wɔn mpo. So ɛsɛ sɛ ɛno yɛ yɛn nwonwa?

“Nea Egye” na Obi Abɛyɛ Osuani

4. Sɛnea Yesu kyerɛ no, dɛn na sɛ obi bɛyɛ n’asuafo no mu biako a, obetumi ahwɛ kwan?

4 Yesu Kristo maa nea yɛ a obi bɛyɛ ne suani no gye no mu daa hɔ pefee. Ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ, “Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” Wɔtan Yesu “kwa.” (Yohane 15:18-20, 25; Dwom 69:4; Luka 23:22) Ná n’asuafo no betumi ahwɛ ade koro no ara kwan—ɔtaa a enni nnyinaso biara. Ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ mpɛn pii sɛ: ‘Wɔbɛtan mo.’—Mateo 10:22; 24:9.

5, 6. (a) Ntease bɛn nti na Yesu hyɛɛ wɔn a wɔbɛba abɛyɛ n’akyidifo no sɛ ‘wonsusuw nea egye’ no ho? (b) Ɛnde dɛn nti na sɛ yehyia ɔsɔretia a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa?

5 Ne saa nti, Yesu hyɛɛ wɔn a na wɔbɛba abedi n’akyi no nkuran sɛ ‘wonsusuw nea egye’ na obi abɛyɛ osuani no ho. (Luka 14:28, Revised Standard Version) Dɛn ntia? Ná ɛnyɛ sɛ ɛbɛma wɔasi gyinae sɛ ebia wɔbɛyɛ n’asuafo anaasɛ wɔrenyɛ, na mmom sɛnea ɛbɛma wɔasi wɔn bo sɛ wobedi nea egye no ho dwuma. Ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yebegyina ɔtaa anaa amanehunu biara a ɛbata hokwan no ho ano. (Luka 14:27) Obiara nhyɛ yɛn sɛ yɛnsom Yehowa sɛ Kristo akyidifo. Ɛyɛ gyinae a yefi yɛn pɛ mu na esi; afei nso ɛyɛ gyinaesi a egyina nimdeɛ so. Yɛadi kan ahu sɛ nea ɛka nhyira a yebenya afi abusuabɔ a yɛnam ahosohyira so ne Onyankopɔn nya ho mu ne sɛ ‘wɔbɛtan’ yɛn. Enti sɛ yehyia ɔsɔretia a, ɛnyɛ yɛn nwonwa. ‘Yɛasusuw nea egye no ho,’ na yɛasi yɛn bo sɛ yebedi ho dwuma.—1 Petro 4:12-14.

6 Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ebinom, a aban atumfo bi ka ho, tan nokware Kristofo? Sɛ yebenya ho mmuae a, ɛbɛyɛ papa sɛ yesusuw afeha a edi kan Y.B. nyamesom akuw abien bi ho. Wɔtanee abien no nyinaa—nanso na ennyina ntease koro so.

Ná Wokyi Afoforo na Afoforo Tan Wɔn

7, 8. Nkyerɛkyerɛ bɛn na ɛdaa Amanaman mufo ho animtiaabu adi, na su bɛn na ɛmaa Yudafo no nyae?

7 Ebeduu afeha a edi kan Y.B. no, na Israel hyɛ Romafo ase, na na Yudasom, Yudafo nyamesom nhyehyɛe no wɔ akannifo nhyɛsofo te sɛ akyerɛwfo ne Farisifo no nsam denneennen. (Mateo 23:2-4) Akannifo a na wɔyɛ katee yi faa Mose Mmara no mu nnyinasosɛm a ɛfa twe a ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi amanaman no ho no ho kyinkyim no ma ɛbɛkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ wobu wɔn a na wɔnyɛ Yudafo no animtiaa. Nea ekofii eyi mu bae ne sɛ wɔhyɛɛ Amanaman mufo ho tan ho nkuran, na ɛmaa Amanaman mufo no nso nyaa wɔn ho tan.

8 Ná ɛnyɛ den mma Yudafo akannifo no sɛ wɔbɛma wɔabu Amanaman mufo no animtiaa efisɛ saa bere no na Yudafo no bu Amanaman mufo no sɛ wɔyɛ nnipa a wɔn ho agu fĩ. Nyamesom akannifo no kyerɛkyerɛe sɛ ɛnsɛ sɛ Yudani bea ne Amanaman muni bi nkutoo tew wɔn ho wɔ kokoam efisɛ “wobu wɔn sɛ wɔn bra asɛe.” Ná ɛnsɛ sɛ Yudani barima “tew ne ho ne wɔn gyina baabi efisɛ wobu wɔn mogyahwiegufo.” Ná wontumi mfa nufusu a Amanaman muni akyi nyɛ ade gye sɛ bere a ɔrekyi no na Yudani bi gyina hɔ ansa. Ɛdenam wɔn akannifo no nkɛntɛnso so no, Yudafo no twee wɔn ho fii wɔn ho yɛɛ katee.—Fa toto Yohane 4:9 ho.

9. Dɛn na efii Yudafo akannifo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa wɔn a wɔnyɛ Yudafo ho no mu bae?

9 Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa a ɛfa wɔn a wɔnyɛ Yudafo ho no antumi amma Yudafo ne Amanaman mufo no annya abusuabɔ pa. Amanaman mufo no bebuu Yudafo sɛ nkurɔfo a wɔtan adesamma nyinaa. Romani abakɔsɛm kyerɛwfo Tacitus (wɔwoo no bɛyɛ 56 Y.B.) kaa Yudafo ho asɛm sɛ “wobu adesamma a aka nyinaa sɛ atamfo koraa.” Afei nso Tacitus kae sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ Amanaman mufo a wɔsakra bɛyɛɛ Yudafo no sɛ wonnyae wɔn man akyi di, na wommu wɔn abusua ne wɔn nnamfonom abomfiaa. Nokwarem no, Romafo no nyaa Yudafo a na esiane wɔn dodow nti wɔn ho betumi ayɛ hu no ho koma. Nanso atua a Yudafo no tewee wɔ 66 Y.B. no maa Romafo no tuaa wɔn so ka atirimɔden so, na ɛkowiee Yerusalem sɛe wɔ 70 Y.B. mu.

10, 11. (a) Mose Mmara no hwehwɛe sɛ wɔne ananafo di no dɛn? (b) Asuade bɛn na yenya fi nea ɛtoo Yudasom no mu?

10 Sɛ yɛde sɛnea na wobu ananafo no toto ɔsom a na Mose Mmara no hwehwɛ no ho a ɛte dɛn? Mmara no hyɛɛ tew a wɔbɛtew wɔn ho afi amanaman no ho ho nkuran, nanso na eyi te saa sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛbɔ Israelfo no ho ban, ne titiriw no, wɔ ɔsom kronn a wɔde ma ho. (Yosua 23:6-8) Ɛno mpo no, na Mmara no hwehwɛ sɛ wɔne ananafo di no atɛntrenee so na woyi ahɔhoyɛ su adi kyerɛ wɔn—bere dodow a na womfi animtiaabu mu nyɛ Israel mmara ho asoɔden no. (Leviticus 24:22) Esiane sɛ wɔman fii ananafo ho adwempa a na ɛda adi pefee wɔ Mmara no mu ho nti, Yesu bere so Yudafo nyamesom akannifo no de ɔsom a ekyi afoforo na afoforo tan wɔn, na ɛbae. Awiei koraa no, afeha a edi kan Yudafo man no hweree Yehowa anim dom.—Mateo 23:38.

11 So yenya asuade bi wɔ eyi mu? Yiw, ɛte saa. Bu a yebebu yɛn ho atreneefo na yɛabu yɛn ho sɛ yɛkorɔn sen wɔn a ɛsono wɔn gyidi no nkyerɛ ankasa sɛ yɛde ɔsom kronn rema Yehowa, saa ara nso na n’ani rensɔ. Susuw afeha a edi kan Kristofo anokwafo no ho hwɛ. Wɔantan wɔn a wɔnyɛ Kristofo no, saa ara nso na wɔantew Roma so atua. Nanso na ‘wɔtan wɔn.’ Dɛn ntia? Na ɛhefo na wɔyɛɛ wɔn saa?

Tete Kristofo No—Ɛhefo na na Ɛtan Wɔn?

12. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no ma ɛda adi pefee sɛ na Yesu pɛ sɛ n’akyidifo no nya wɔn a wɔnyɛ Kristofo no ho adwempa?

12 Yesu nkyerɛkyerɛ ma emu da hɔ pefee sɛ na ɔpɛ sɛ n’asuafo no nya wɔn a na wɔnyɛ Kristofo no ho adwempa. Ade biako ne sɛ, ɔkae sɛ n’asuafo no bɛtwe wɔn ho afi wiase no ho—kyerɛ sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi suban ne nneyɛe a ɛne Yehowa trenee akwan nhyia no ho. Wɔrennya ɔfã biara wɔ akodi ne amansɛm mu. (Yohane 17:14, 16) Nanso, sɛ́ anka Yesu bɛhyɛ bu a wobebu wɔn a wɔnyɛ Kristofo no animtia ho nkuran no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ‘wɔnnɔ wɔn atamfo.’ (Mateo 5:44) Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo sɛ: “Sɛ ɔkɔm de wo tamfo a, ma no aduan! Sɛ osukum de no a, ma no biribi nnom!” (Romafo 12:20) Afei nso ɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ ‘wɔnyɛ nnipa nyinaa yiye.’—Galatifo 6:10.

13. Dɛn nti na na Yudafo nyamesom akannifo no sɔre tia Kristo asuafo no saa?

13 Nanso ankyɛ na Kristo asuafo no hyiaa ‘ɔtan’ fii mmeae abiɛsa. Nea edi kan ne Yudafo nyamesom akannifo no. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn ani baa Kristofo no so ntɛm saa! Ná Kristofo bu bra pa di nokware, na na wɔde nnamyɛ ka asɛm a ɛma anidaso. Nnipa mpempem pii gyaee Yudasom baa Kristosom mu. (Asomafo no Nnwuma 2:41; 4:4; 6:7) Wɔ Yudafo nyamesom akannifo no fam no, ná Yesu asuafo a wɔyɛ Yudafo no yɛ awaefo ankasa! (Fa toto Asomafo no Nnwuma 13:45 ho.) Akannifo a na wɔn bo afuw yi susuwii sɛ Kristosom abɛsɛe wɔn atetesɛm. Hwɛ, annye wɔn adwene wɔ Amanaman mufo ho no mpo antom! Efi 36 Y.B. reba no, na Amanaman mufo no betumi abɛyɛ Kristofo ne Yudafo Kristofo no akura gyidi koro ne ɔsom mu hokwan pɛ.—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

14, 15. (a) Dɛn nti na abosonsomfo benyaa Kristofo ho tan? Ma nhwɛso. (b) Kuw a ɛto so abiɛsa bɛn na ebenyaa tete Kristofo no ho ‘tan’?

14 Nea ɛto so abien no, abosonsomfo benyaa Kristofo ho tan. Sɛ nhwɛso no, wɔ tete Efeso no, na nyamewa Artemi asɔredan nsɛso a wɔde dwetɛ yɛ no yɛ adwuma a sika wom. Nanso bere a Paulo kɔkaa asɛm wɔ hɔ no, Efesofo pii tiei, gyaee Artemi som. Bere a dwetɛdwumfo no hui sɛ wɔn adwuma reyɛ asɛe no, wɔde abufuw yɛɛ gyegyeegye. (Asomafo no Nnwuma 19:24-41) Biribi a ɛte saa sii bere a Kristosom trɛw koduu Bitinia (mprempren Turkey atifi fam atɔe) no. Wɔkyerɛw Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no wiei akyi bere tiaa bi no, Bitinia amrado, Pliny Kumaa bɔɔ amanneɛ sɛ abosonsomfo asɔrefie daa mpan, na aduan a wɔde ma mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre no tɔn kɔɔ fam koraa. Wɔde ho asodi no too Kristofo so—na wɔtaa wɔn—esiane sɛ na wɔn som no mma wɔmfa mmoa mmɔ afɔre na wɔmfa ahoni nni dwuma nti. (Hebrifo 10:1-9; 1 Yohane 5:21) Ɛda adi pefee sɛ Kristosom a ɛtrɛwee no maa mfaso horow a na wonya wɔ abosonsom mu no ho baa asɛm, na wɔn a wɔn adwuma sɛee na wɔn sika hyewee no ani annye ho.

15 Nea ɛto so abiɛsa no, Kristofo bɛyɛɛ Romafo ɔmanpɛfo no ‘atamfo.’ Mfitiase no, na Romafo no bu Kristofo sɛ nyamesom kuw ketewa bi a wɔyɛ katee. Nanso bere kɔɔ so no, na wɔde owu asotwe ba obi a ɔbɛka kɛkɛ sɛ ɔyɛ Kristoni no so. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ wobu ɔmamma a wodi nokware na wɔbɔ wɔn bra sɛ Kristofo yi sɛ nnipa a ɛsɛ sɛ wɔtaa wɔn na wokunkum wɔn?

Tete Kristofo No—Dɛn Nti na na Wɔtan Wɔn Wɔ Romafo Wiase no Mu?

16. Akwan bɛn so na Kristofo twee wɔn ho fii wiase no ho, na dɛn nti na eyi amma wɔampɛ wɔn asɛm wɔ Romafo wiase no mu?

16 Ade titiriw a enti na wɔtan Kristofo wɔ Romafo wiase no mu ne sɛ na wɔde wɔn som mu gyidi bɔ wɔn bra. Sɛ nhwɛso no, wɔtwee wɔn ho fii wiase no ho. (Yohane 15:19) Enti wɔannye amammui tumidi, na wɔpoo sraadi. Ne saa nti, abakɔsɛm kyerɛwfo Augustus Neander ka sɛ “wobuu wɔn sɛ nkurɔfo a wiase no mu nsɛm mfa wɔn ho, na wɔn ho nni mfaso wɔ asetra mu biribiara mu.” Nea na wiase no fã a wɔrenyɛ no kyerɛe nso ne sɛ wɔbɛpo Romafo wiase a na asɛe no akwammɔne no. Abakɔsɛm kyerɛwfo Will Durant kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná Kristofo akuw nketewa no de wɔn ahotew ne abrabɔ pa no rehaw abosonsom wiase a na anigyede akyi nkutoo na wodi no.” (1 Petro 4:3, 4) Ɛdenam ɔtaa ne kum a Romafo no kunkum Kristofo no so no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn adwene ne sɛ wɔbɛma Kristofo a wɔhaw adwene no amua wɔn ano.

17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na asɛnka adwuma a afeha a edi kan Kristofo yɛ no tu mpɔn?

17 Afeha a edi kan Kristofo no de nnamyɛ kɛse kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. (Mateo 24:14) Ebeduu bɛyɛ 60 Y.B. no, Paulo tumi kae sɛ “wɔaka” asɛmpa no wɔ “wiase abɔde nyinaa mu.” (Kolosefo 1:23) Ebeduu afeha a edi kan awiei no, na Yesu akyidifo no anya asuafo wɔ Roma Ahemman no nyinaa mu—wɔ Asia, Europa, ne Afrika! Ebinom a “wofi Kaesare fi” mpo bɛyɛɛ Kristofo.a (Filipifo 4:22) Nnamyɛ a wɔde kaa asɛm yi maa wɔn ho bɛyɛɛ ahi. Neander ka sɛ: “Kristosom de nkakrankakra didi kɔɔ nkurɔfo a wɔwɔ dibea horow nyinaa mu, ma enti anka ɛreyɛ agu ɔman som.”

18. Ɔkwan bɛn so na ɔsom kronn a Kristofo no de maa Yehowa no nti Roma aban no ne wɔn ani anhyia?

18 Yesu akyidifo no de ɔsom kronn maa Yehowa. (Mateo 4:8-10) Gyama ɔkwan a wɔfaa so somee yi na ɛmaa Roma bekyii wɔn koraa no. Ná Romafo no gye nyamesom a aka no tom, bere dodow a na emufo no nso de wɔn ho hyɛ ɔhempɔn som mu no. Nanso na tete Kristofo no ntumi mfa wɔn ho nhyɛ ɔsom a ɛte saa mu da. Wobuu wɔn ho sɛ wobebu akontaa akyerɛ tumi bi a ɛkyɛn Roma Man no a ɛne, Yehowa Nyankopɔn de no. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Ne saa nti, ɛmfa ho sɛ na Kristoni da suban pa adi sɛ ɔman ba pa wɔ nneɛma afoforo nyinaa mu no, na wobu no sɛ ɔyɛ Ɔman tamfo.

19, 20. (a) Henanom titiriw na wɔtrɛw atosɛm a wɔka faa nokware Kristofo ho no mu? (b) Nkontompo bɛn na wotwa too Kristofo so?

19 Biribi foforo wɔ hɔ a enti na ‘wɔtan’ nokware Kristofo no wɔ Romafo wiase no mu: Na ɛnyɛ den sɛ wobegye wɔn ho atosɛm adi, na na Yudafo nyamesom akannifo no na wɔhyɛ akyi denneennen. (Asomafo no Nnwuma 17:5-8) Bɛyɛ afe 60 anaa 61 Y.B., bere a na Paulo wɔ Roma retwɛn ama Ɔhempɔn Nero adi n’asɛm no, Yudafo mu atitiriw kaa Kristofo ho asɛm sɛ: “Fekuwsɛm yi de, yenim sɛ wɔkasa tia mmaa nyinaa.” (Asomafo no Nnwuma 28:22) Akyinnye biara nni ho sɛ atosɛm a wɔka faa wɔn ho no amfa Nero aso akyi. Wɔbɔ amanneɛ sɛ bere a ogya hyew nneɛma wɔ Roma wɔ 64 Y.B. na wɔde ɛho asodi too Nero so no, ɔde n’anibere soɛɛ Kristofo a na wɔasɛe wɔn din dedaw no so de yɛɛ nhwɛsode maa afoforo. Ɛbɛyɛ sɛ eyi na ɛkɔfaa ɔtaa a ano yɛ den a na atirimpɔw a ɛwɔ akyi ara ne sɛ wɔde bɛtɔre Kristofo no ase no bae.

20 Mpɛn pii no na atoro sobo a wɔbɔ Kristofo no yɛ nkontomposɛm ne wɔn nkyerɛkyerɛ a na wokyinkyim no a adi afra. Esiane sɛ na wogye Onyankopɔn biako pɛ di na wɔnsom ɔhempɔn no nti, wobuu wɔn sɛ nkurɔfo a wonnye Onyankopɔn nni. Esiane sɛ na Kristofo binom abusuafo a wɔnyɛ Kristofo sɔre tia wɔn nti, wɔbɔɔ Kristofo no sobo sɛ wɔtetew mmusua mu. (Mateo 10:21) Wɔtoo wɔn din sɛ nnipa a wɔwe nnipa nam, sobo a nhoma horow bi ka sɛ na egyina nsɛm a Yesu kae wɔ Awurade Anwummeduan no ase a na wɔakyinkyim no no so.—Mateo 26:26-28.

21. Nneɛma abien bɛn nti na ‘wɔtanee’ Kristofo?

21 Enti Romafo gyinaa nneɛma abien titiriw so ‘tanee’ nokware Kristofo: (1) wɔn gyidi horow ne wɔn nneyɛe a na egyina Bible so, ne (2) nkontompo a wotwa too wɔn so. Ɛmfa ho eyinom nyinaa no, na asɔretiafo no kura atirimpɔw biako pɛ—sɛ́ wɔbɛbrɛ Kristosom ase. Nokwarem no, ɔtaa a na ɛba Kristofo so no fi honhom mu asɔretiafo a wɔnyɛ nnipa, ahonhommɔne a wonhu wɔn no hɔ.—Efesofo 6:12.

22. (a) Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛyɛ nnipa nyinaa yiye’? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 11 no mu.) (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

22 Te sɛ tete Kristofo no, ‘wɔatan’ nnɛyi Yehowa Adansefo wɔ nsase horow so. Nanso ne nyinaa akyi no, wɔn de, wɔntan wɔn a wɔnyɛ Adansefo no; na saa ara nso na wɔmmoa ma wɔnsɔre ntiaa aban ahorow da. Nea ɛne no bɔ abira no, wonim wɔn wɔ mmaa nyinaa sɛ wɔda ɔdɔ amapa adi ɛmfa ho asetra mu dibea, anaa abusua a obi fi mu. Ɛnde dɛn nti na wɔtaa wɔn? Na wɔyɛ wɔn ade dɛn wɔ ɔsɔretia ho? Yebesusuw nsɛmmisa yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Asɛm “wɔn a wofi Kaesare fi” no nkyerɛ Nero a na saa bere no odi ade no abusuafo a wɔbɛn no pɛɛ ankasa. Mmom no, ebetumi agyina hɔ ama nkoa a na wɔsom wɔ ne fie ne aban mpanyimfo nkumaa a ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛ fie nnwuma te sɛ aduannoa ne aprapra ma adehye abusua no ne wɔn adwumayɛfo no.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn nti na Yesu hyɛɛ wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ n’akyidifo no sɛ wonsusuw nea asuafoyɛ gye no ho?

◻ Nkɛntɛnso bɛn na adwene a saa bere no na wokura wɔ wɔn a wɔnyɛ Yudafo ho no nyae wɔ Yudasom so, na dɛn na yesua fi eyi mu?

◻ Mmeae abiɛsa bɛn na ɔtaa fi baa tete Kristofo anokwafo no so?

◻ Nneɛma atitiriw bɛn nti na na Romafo no ‘tan’ tete Kristofo no?

[Kratafa 11 adaka]

‘Nnipa Nyinaa A Wɔyɛ Wɔn Yiye’

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wobedi Bible afotusɛm a ese “yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye” no so. (Galatifo 6:10) Sɛ ahokyere ba a, mfɛfo nnipa ho dɔ ka wɔn ma wɔboa wɔn a ɛsono wɔn gyidi no. Sɛ nhwɛso no, bere a na tebea no nye koraa wɔ Rwanda wɔ 1994 mu no, Adansefo a wofi Europa fi wɔn pɛ mu kɔɔ Afrika de mmoa kɔmae. Nea ɛbɛyɛ na wɔde mmoa ama no, wosisii nsraban ahorow ne nsraban mu ayaresabea ahorow ntɛm ara. Wɔde nnuan, ntama, ne akuntu pii afa helikɔpta so amena. Aguanfo dodow a wonyaa mmoa yi so mfaso no dodow boro Adansefo a wɔwɔ hɔ no so mmɔho abiɛsa.

[Kratafa 9 mfonini]

Afeha a edi kan Kristofo no de nnamyɛ kɛse na ɛkaa asɛm no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena