Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w98 12/15 kr. 3-4
  • So Kristo Ho Asɛm Afi Buronya Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Kristo Ho Asɛm Afi Buronya Mu?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  •  Nea Ɛkɔfaa Nnɛyi Buronya Bae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Buronya Mu Amanne—So Ɛyɛ Kristofo Adeyɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Buronya Bere—Adwene Bɛn na Ɛwom?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Dɛn na Buronya Kyerɛ ma Wo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
w98 12/15 kr. 3-4

So Kristo Ho Asɛm Afi Buronya Mu?

“M’adwene ntumi nsii me pi wɔ anigyede horow a ɛkɔ so wɔ Buronya bere mu no ho da. Mihu no sɛ biribi a ɛne Yesu asetra ne ne nkyerɛkyerɛ nhyia koraa.”—Mohandas K. Gandhi.

NNIPA pii begye nea Gandhi kae yi ho kyim. Ebia wɔbɛka sɛ, ‘Dɛn koraa na Hinduni ɔmanyɛfo betumi ahu afa Kristofo dapɔnna ho?’ Nanso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ, Buronya atrɛw wɔ wiase mmaa nyinaa. December biara no, ɛte sɛ nea dapɔnna yi nya nnipa nyinaa so nkɛntɛnso.

Sɛ nhwɛso no, Asiafo bɛyɛ ɔpepem 145 na wodi Buronya, nea ɛboro mfe du a abɛsen kɔ no de so ɔpepem 40. Na sɛ na “anigyede horow” a Gandhi kaa ho asɛm no kyerɛ wiase nneɛma a ɛkɔ so wɔ nnɛyi Buronya mu, a ɛne atotɔatotɔ a yɛn nyinaa ani tua no a, ɛnde na ɛyɛ den sɛ wubegye kyim wɔ din a saa adeyɛ a ɛkɔ so wɔ afahyɛ no mu yi agye titiriw no ho. Asiaweek nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Sɛnea wodi Buronya wɔ Asia—afahyɛ nkanea a wɔsosɔ wɔ Hong Kong, Buronya nnua akɛse a wɔde sisi ahɔhodan abrannaa so wɔ Beijing ne Yesu awo ho mfonini a wɔyeyɛ wɔ Singapore kurow mfinimfini—no yɛ wiase afahyɛ paa (adetɔn bere titiriw).”

So nnɛyi Buronya afahyɛ no ayi Kristo ho asɛm afi mu? Wɔadi Yesu awoda wɔ December 25 fi afeha a ɛto so anan Y.B. mu, bere a Roma Katolek Asɔre no yii saa da no sii hɔ sɛ nyamesom afahyɛ da ma Yesu awo no. Nanso sɛnea nhwehwɛmu a wɔyɛɛ no nnansa yi wɔ United States daa no adi no, wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu ɔha mu nkyem 33 pɛ na wɔtee nka sɛ Kristo awoda no yɛ Buronya afahyɛ no fa titiriw.

Wususuw ho sɛn? So ɛtɔ da a wote nka sɛ wɔ aguade ho dawurubɔ a wɔde guan nkurɔfo ho, ahopere a wɔde totɔ akyɛde, nnua ho asiesie, apon a wɔto ma nkurɔfo kɔ, ne Buronya nkyia ho nkrataa a wɔde mena nyinaa mu no—wɔ ɔkwan bi so no wɔayi Yesu afi mu koraa anaa?

Nnipa pii te nka sɛ ɔkwan biako a wobetumi afa so de Kristo ho asɛm ahyɛ Buronya mu bio ne sɛ wɔde Yesu Awo ho mfonini bɛbobɔ hɔ. Ebia woahu ahoni a ɛtete saa a ɛyɛ abofra Yesu a ɔda mmoa adididaka bi mu na Maria, Yosef, nguanhwɛfo bi, “anyansafo baasa,” anaa “ahene baasa,” mmoa a wogu buw mu, ne bɛhwɛadefo atwa ne ho ahyia. Nnipa pii te nka sɛ saa Yesu awo ho mfonini horow yi boa nkurɔfo ma wɔte nea Buronya kyerɛ ankasa ase. Sɛnea U.S. Catholic nhoma no kyerɛ no, “Yesu awo ho mfonini ma wɔte Buronya ase yiye sen nea asɛmpa no biara bɛka, nanso ɛsan si so dua sɛ emu kyerɛwtohɔ no yɛ anansesɛm.”

Nanso, ɛbɛyɛ dɛn na Yesu Awo ho mfonini atumi akyerɛ sɛ Asɛmpa no ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible no mu no yɛ anansesɛm? Ɛwom, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ saa adwini nketenkete a wɔaka ho aduru kama yi ma asɛm a wɔka fa Kristo awo ho no yɛ sɛ anansesɛm. Mfiase a afeha a ɛto so 13 mu kokorani bi maa ebegyee din no, na wɔnyɛ Yesu Awo ho mfonini no kuntann biara. Ɛnnɛ, te sɛ nneɛma foforo pii a ɛka saa dapɔnna yi ho no, Yesu Awo ho mfonini abɛyɛ aguadi kɛse. Wɔ Naples, Italy no, wɔtɔn Yesu Awo ho mfonini anaa presepi, wɔ sotɔɔ a ɛsesa so pii mu, afe mũ nyinaa. Ɛnyɛ nnipa a wɔn ho asɛm wɔ Nsɛmpa no mu na wɔn mfonini dɔɔso paa, na mmom nnipa a wɔagye din nnɛ te sɛ Ɔhemmaa Diana, Maame Teresa, ne Gianni Versace a na odi adwinni wɔ ntama mu no nso. Mmeae afoforo nso, wɔde chocolate, talia, ne po mu nwanwene mpo na ayeyɛ presepi yi bi. Wutumi hu nea enti a ɛyɛ den sɛ wubebu mfonini a ɛtete saa sɛ ɛyɛ asɛm a esii ankasa.

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Yesu Awo ho mfonini a ɛtete saa “ma wɔte Buronya ase yiye sen nea asɛmpa no biara bɛka”? So Asɛmpa no mu nsɛm nyɛ nsɛm a esisii ankasa? Akyinnyegyefo a wɔasen wɔn aso mpo gye tom sɛ Yesu traa ase ankasa. Ɛno nti ná wayɛ abofra ankasa pɛn, a wɔwoo no wɔ beae pɔtee bi. Ɛsɛ sɛ ɔkwan pa bi wɔ hɔ a yebetumi afa so ate nsɛm a ɛfa n’awo ho ase sen sɛ yɛbɛhwɛ Awo ho mfonini bi kɛkɛ!

Nokwasɛm ne sɛ, ebi wɔ hɔ. Abakɔsɛm akyerɛwfo baanu yɛɛ Yesu awo ho kyerɛwtohɔ a ɛsono nea wɔn mu biara kyerɛwee. Sɛ ɛtɔ mmere bi na wote nka sɛ Kristo ho asɛm nni nneɛma a wɔyɛ wɔ Buronya bere mu koraa a, dɛn nti na w’ankasa nyɛ nhwehwɛmu wɔ kyerɛwtohɔ ahorow yi mu? Wɔ kyerɛwtohɔ yi mu no, nea wubehu no nyɛ anansesɛm anaa ayɛsɛm, mmom asɛm a ɛkanyan anigye—Kristo awo ho nokwasɛm ankasa.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Border on pages 3-6, 8, and 9: Fifty Years of Soviet Art

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena