Ɔnwemfo Kɛse No Ne N’adwuma
‘Monyɛ ade a wobu a wɔde yɛ biribi a wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara.’—2 TIMOTEO 2:21.
1, 2. (a) Ɔkwan bɛn so na na ɔbarima ne ɔbea a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no yɛ n’adebɔ mu adwuma a ɛda nsow? (b) Atirimpɔw bɛn nti na Ɔnwemfo Kɛse no bɔɔ Adam ne Hawa?
YEHOWA ne Ɔnwemfo Kɛse no. Na yɛn wofo a odi kan, Adam, yɛ n’adebɔ mu ade a ɔda nsow. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Yehowa Nyankopɔn de fam dɔte nwenee onipa, na ohuw nkwa home guu ne hwene mu, na onipa bɛyɛɛ ɔkra teasefo,” kyerɛ sɛ, “abɔde a ɔhome.” (Genesis 2:7, NW; ase hɔ asɛm) Na saa nipa a wodii kan bɔɔ no no yɛ pɛ, wɔbɔɔ no Onyankopɔn suban so, na ɔyɛ Onyankopɔn soro nyansa ne ne dɔ a ɔwɔ ma nokware trenee ne atɛntrenee no ho adanse.
2 Onyankopɔn de Adam mparow nso yɛɛ ɔhokafo ne ɔboafo maa ɔbarima no—ɔbea. Ná Hawa ho yɛ fɛ sen nnɛ mmea a wɔn ho yɛ fɛ sen biara no mpo. (Genesis 2:21-23) Afei nso, wɔmaa nnipa baanu a wodi kan no nipadua ne nyansa a ɛyɛ pɛ a wɔde bɛyɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa a ɛne sɛ wɔbɛma asase yi adan paradise no. Wɔmaa wɔn tumi nso a wɔde bedi Onyankopɔn ahyɛde a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Genesis 1:28 no ho dwuma: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” Awiei koraa no, na anka nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ anigye bɛhyɛ wiase nyinaa turo yi mu ma, a wɔayɛ biako wɔ ɔdɔ a ɛne “pɛyɛ hama” no mu.—Kolosefo 3:14.
3. Ɛyɛɛ dɛn na yɛn awofo a wodi kan no bɛyɛɛ anwenne a wonni nidi, na dɛn na efii mu bae?
3 Awerɛhosɛm ne sɛ, yɛn awofo a wodi kan no hyɛɛ da tew atua tiaa wɔn Bɔfo Pumpuni, Ɔnwemfo Kɛse no, tumidi. Wɔn nneyɛe no bɛyɛɛ te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ Yesaia 29:15, 16 no: “Wonnue, wɔn a wɔde agyinatu hintaw [Yehowa, NW] fee, na wɔn nneyɛe wɔ esum mu, na wɔka sɛ: Hena na ohu yɛn, anaa hena na onim yɛn? . . . So wobu ɔnwemfo sɛ dɔte, na ayɛde aka akyerɛ ne yɛfo sɛ: Ɛnyɛ ɔno na ɔyɛɛ me, anaa anwenne aka akyerɛ ɔnwemfo sɛ: Onnim de!?” Wɔn nneyɛe bɔne no de asiane bae—wobuu wɔn kumfɔ kɔɔ daa owu mu. Afei nso, wɔde adesamma abusua nyinaa a wofii wɔn mu no kɔɔ bɔne ne owu mu. (Romafo 5:12, 18) Ɔnwemfo Kɛse no adwuma no fɛ bɛtɔɔ sin koraa.
4. Dwuma a nidi wom bɛn na wobetumi de yɛn ayɛ?
4 Nanso, wɔ yɛn mprempren sintɔ yi mu mpo no, yɛn a yɛyɛ ɔbɔnefo Adam asefo no betumi aka nsɛm a ɛwɔ Dwom 139:14 no de ayi Yehowa ayɛ sɛ: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa; wo nneyɛe yɛ nwonwa, na me kra nim saa yiye.” Nanso, hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ nkekae kɛse aba Ɔnwemfo Kɛse no nsa ano adwuma a edi kan no ho!
Ɔnwemfo no Trɛw N’adwuma Mu
5. Ɔkwan bɛn so na na Ɔnwemfo Kɛse no de adwuma a onim no bedi dwuma?
5 Anigyesɛm ne sɛ, na yɛn Bɔfo no de n’ahokokwaw sɛ Ɔnwemfo no bedi dwuma akɔ akyiri asen adesamma a odii kan nwenee wɔn no. Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Onipa, hena ne wo a wutuatua Onyankopɔn asɛm ano? So anwenne bese ɔnwemfo sɛ: Dɛn nti na woyɛɛ me sɛɛ? So okukunwemfo nni dɔte so tumi sɛ ɔde dɔtetɔw koro no ara nwene kuku biako a enya nidi na ɔnwene foforo nso a enni nidi?”—Romafo 9:20, 21.
6, 7. (a) Ɔkwan bɛn so na nnipa pii paw sɛ wɔbɛma wɔanwene wɔn sɛ nkurɔfo a wonni nidi nnɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔnwene treneefo ma wɔde wɔn di dwuma a nidi wom?
6 Yiw, Ɔnwemfo Kɛse no bɛnwene n’adwuma no bi de ayɛ nneɛma a enya nidi, na ɔde bi nso ayɛ nneɛma a enni nidi. Wɔnwene wɔn a wɔpaw sɛ wɔne wiase no bɛbɔ anan bere a ɛkɔ so yɛ nneɛma bɔne kɔ akyiri no wɔ ɔkwan a ɛbɛhyɛ wɔn agyirae ama ɔsɛe so. Sɛ anuonyam Hene, Kristo Yesu, ba bebu atɛn a, wɔn a wɔbɛka saa anwenne a enni nidi no ho ne nnipa a wɔn aso yɛ den te sɛ mpapo a Mateo 25:46, NW ka wɔn ho asɛm sɛ wɔbɛkɔ “daa ɔsɛe mu” no nyinaa. Nanso “treneefo,” wɔn a wɔnwene wɔn ma wonya “nidi” no, benya “daa nkwa.”
7 Saa treneefo yi befi ahobrɛase mu ama Onyankopɔn anwene wɔn. Wɔafa Onyankopɔn asetra kwan so. Wɔagye afotu a ɛwɔ 1 Timoteo 6:17-19 a ese: “Wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so” no atom. Wɔde asɛm a ɛne sɛ ‘wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsa nteɛ, na wɔmfa nhyɛase pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na ama wɔaso nokware nkwa no mu’ no ayɛ adwuma. Wɔde Onyankopɔn nokware no anwene wɔn, na wɔwɔ Yehowa nsiesiei a ɔnam Kristo Yesu a “ɔde ne ho mae sɛ agyede a ɛfata” so ama yɛn nsa asan aka nneɛma a Adam bɔne no ma yɛhweree nyinaa no mu gyidi pintinn. (1 Timoteo 2:6, NW) Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu tie Paulo afotu a ese ‘yɛnhyɛ nipasu foforo a wɔyɛ no foforo kɔ nokware nimdeɛ mu Nea ɔbɔɔ no no suban so’ no!—Kolosefo 3:10.
Anwenne Bɛn na Wobɛyɛ?
8. (a) Dɛn na ɛkyerɛ anwenne kõ a obi bɛyɛ? (b) Nneɛma abien bɛn na ɛkyerɛ sɛnea wɔbɛnwene obi?
8 Dɛn na ɛkyerɛ anwenne kõ a obi bɛyɛ? Ne suban ne ne nneyɛe. Akɔnnɔ ne komam adwene na edi kan nwene saa su ahorow yi. Onyansafo Ɔhene Salomo kae sɛ: “Onipa koma na edwen ne kwan ho, na [Yehowa, NW] na ɔtaataa n’anammɔn.” (Mmebusɛm 16:9) Ade a ɛto so abien a ɛnwene onipa ne nneɛma a ɔte ne nea ohu, fekubɔ ne osuahu ahorow. Enti, hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yebetie afotu yi: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.” (Mmebusɛm 13:20) Sɛnea 2 Petro 1:16 bɔ yɛn kɔkɔ no, ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yebedi “anansesɛm a wɔtoo no nyansam,” anaa sɛnea Knox Roma Katolek nkyerɛase no ka no no, “anansesɛm a nnipa to” akyi. Nea ɛka saa nneɛma yi ho ne Kristoman a awae no nkyerɛkyerɛ ne wɔn afahyɛ ahorow no.
9. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama Ɔnwemfo Kɛse no anwene yɛn wɔ ɔkwan a ɛfata so?
9 Ɛnde, Onyankopɔn betumi agyina yɛn nneyɛe so anwene yɛn. Yebetumi afi ahobrɛase mu atĩ Dawid mpae no mu wɔ Yehowa anim sɛ: “Onyankopɔn, hwehwɛ me mu, na hu me koma, sɔ me hwɛ, na hu m’adwene, na hwɛ sɛ amane kwan bi wɔ me hɔ, na gya me kɔ daa kwan so!” (Dwom 139:23, 24) Yehowa ama wɔreka Ahenni no ho asɛm. Yɛn koma agye asɛmpa no atom, na yɛakyerɛ n’akwankyerɛ afoforo ho anisɔ. Ɔnam n’ahyehyɛde no so de asɛmpaka adwuma no hokwan ahorow hyehyɛ yɛn nsa; momma yenso hokwan ahorow yi mu na yɛnkyerɛ ho anisɔ.—Filipifo 1:9-11.
10. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho di honhom fam nhyehyɛe ahorow akyi?
10 Ɛho hia yiye sɛ yɛde yɛn adwene si Onyankopɔn Asɛm so bere nyinaa, na yedi da biara da Bible akenkan nhyehyɛe akyi, na yɛde Kyerɛwnsɛm ne Yehowa som adwuma no yɛ biribi a yesusuw ho wɔ yɛn mmusua ne yɛn nnamfonom mu. Bible anaa Yearbook a aba foforo a wɔkenkan no nkakrankakra a wɔsesa mu dapɛn dapɛn ka Yehowa Adansefo Betel abusua ne asɛmpatrɛwfo kuw biara anɔpasom nhyehyɛe ho bere nyinaa wɔ wɔn anɔpa adidi ase. So w’abusua betumi ayɛ nhyehyɛe a ɛte saa ara? Afei nso, hwɛ mfaso ara a yɛn nyinaa nam bɔ a yɛbom hyia wɔ Kristofo asafo no mu, ne ne titiriw no, dapɛn biara Ɔwɛn-Aban adesua mu kyɛfa a yenya no so nya!
Wɔanwene Yɛn Sɛnea Yebetumi Agyina Sɔhwɛ Ahorow Ano
11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de Yakobo afotu a ɛfa sɔhwɛ ahorow ho no adi dwuma wɔ yɛn asetram da biara da? (b) Ɔkwan bɛn so na Hiob suahu no hyɛ yɛn nkuran ma yekura yɛn mudi mu?
11 Onyankopɔn ma kwan ma tebea ahorow sɔre wɔ yɛn asetram da biara da, a emu bi betumi ayɛ den ama yɛn. Ɛsɛ sɛ yebu saa tebea ahorow yi dɛn? Sɛnea Yakobo 4:8 tu yɛn fo no, mommma yɛn bo mmfuw da, na mmom momma yɛmmɛn Onyankopɔn, na yemfi yɛn koma nyinaa mu mfa yɛn ho nto ne so, a yɛwɔ ahotoso sɛ sɛ ‘yɛbɛn no a ɔbɛbɛn yɛn.’ Nokwarem no, ɛho behia sɛ yegyina nsɛnnennen ne sɔhwɛ ahorow ano, nanso nea enti a wɔma hokwan ne sɛ ɛbɛboa ma wɔanwene yɛn, na nea efi mu ba no yɛ anigye. Yakobo 1:2, 3 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa, na munhu sɛ mo gyidi sɔhwɛ a anya awiei pa yɛ boasetɔ.”
12 Yakobo ka nso sɛ: “Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ. Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ.” (Yakobo 1:13, 14) Yɛn sɔhwɛ betumi ayɛ bebree na agu ahorow, nanso sɛnea na ɛte wɔ Hiob asɛm no mu no, ne nyinaa boa ma wɔnwene yɛn. Hwɛ ahotoso kɛse a Kyerɛwnsɛm no ma yenya wɔ Yakobo 5:11: “Hwɛ, yebu wɔn a wohuu amane tɔɔ wɔn bo ase wɔ mu no ahotɔfo. Moate Hiob amanehunu mu boasetɔ no, na moahu sɛnea [Yehowa, NW] ma ewiee no, sɛnea [Yehowa, NW] ayamye dɔɔso, na ɔyɛ timmɔbɔ.” Sɛ́ anwenne a yɛwɔ Ɔnwemfo Kɛse no nsam no, momma yennyina yɛn mudi mu bere nyinaa, a yɛwɔ ahotoso te sɛ Hiob wɔ nea ebefi mu aba no ho!—Hiob 2:3, 9, 10; 27:5; 31:1-6; 42:12-15.
Yɛn Mma a Yɛbɛnwene Wɔn
13, 14. (a) Bere bɛn na ɛsɛ sɛ awofo fi ase nwene wɔn mma, na dɛn na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ ebefi mu aba? (b) Anigyesɛm a efi mu ba bɛn na wubetumi aka ho asɛm?
13 Awofo betumi aboa ma wɔanwene wɔn mma afi wɔn mmofraase pɛɛ, na hwɛ mudi mu kurafo fɛfɛ a yɛn mmofra no betumi anyin abɛyɛ! (2 Timoteo 3:14, 15) Eyi aba saa bere mpo a na sɔhwɛ ahorow no mu yɛ den boro so no. Mfe bi a atwam no, bere a na ɔtaa mu yɛ den yiye wɔ Afrika man bi mu no, abusua bi a wodi nokware hwɛɛ afiri a wɔde tintim Ɔwɛn-Aban a na wɔde asie afikyiri apata bi ase no so. Da bi, na asraafo aba wɔn borɔn no so rehwehwɛ afie afie mu repɛ mmerante ma wɔakɔ sraadi. Na mmarimaa nkumaa baanu a wɔwɔ abusua yi mu no wɔ hokwan sɛ wɔde wɔn ho hintaw, nanso na hwehwɛ a asraafo no bɛhwehwɛ ofie hɔ no bɛma wɔakopue afiri a wɔde tintim nhoma no so ɔkwan biara so. Na eyi betumi ama wɔayɛ abusua mu no mufo nyinaa ayayade anaasɛ wɔakunkum wɔn mpo. Dɛn na na wobetumi ayɛ? Mmarimaa baanu no kasae akokoduru so twee adwene sii Yohane 15:13 so sɛ: “Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” Wɔkae sɛ wɔbɛtra asa no so hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ na asraafo no behu wɔn, na sɛ wɔankɔ sraadi no a, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade atirimɔden so anaasɛ wobekunkum wɔn mpo. Nanso, na ɛno remma wɔnkɔ so nhwehwɛ fie hɔ bio. Ná wɔbɛbɔ afiri a wɔde tintim nhoma no ho ban, na abusuafo a aka no anya wɔn ti adidi mu. Nanso, anwonwasɛm bi fii mu bae. Asraafo no bɔ traa saa fie yi koraa kɔɔ afie a aka no mu! Saa anwenne a wɔyɛ nnipa a wɔanwene wɔn ama wɔanya nidi no ne afiri a wɔde tintim nhoma no fii mu kae, na wɔkɔɔ so tintim honhom fam aduan wɔ ne bere mu. Mprempren saa mmarimaa baanu no mu biako ne ne nuabea resom wɔ Betel; ɔda so ara de afiri dedaw no yɛ adwuma.
14 Yebetumi akyerɛkyerɛ mmofra sɛnea wɔbɔ mpae, na nokwarem no, yɛn Nyankopɔn bua wɔn mpaebɔ. Eyi ho nhwɛso bi a ɛda nsow sii wɔ Rwanda okunkɛse no mu. Bere a na asraafo atuatewfo no ayɛ krado sɛ wɔbɛto ɔtopae akunkum abofra bi a wadi mfe asia ne n’awofo no, abeawa no fii komam bɔɔ mpae denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkunkum wɔn na wɔanya kwan atoa Yehowa som adwuma so. Ɛkaa wɔn a anka wɔrebedi awu no ma wogyaee wɔn, kae sɛ, “Abeawa ketewa yi nti, yentumi nkunkum mo.”—1 Petro 3:12.
15. Nkɛntɛnso bɔne bɛn na Paulo bɔɔ ho kɔkɔ?
15 Ɛwom sɛ yɛn mmofra no mu dodow no ara renhyia tebea horow a emu yɛ den te sɛ nea yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no de, nanso sɔhwɛ ahorow pii wɔ hɔ a wohyia wɔ sukuu mu ne wiase a aporɔw no mu nnɛ: kasafĩ, nguamansɛm, anigyede a ɛmfata, ne atipɛnfo nhyɛso a ɛhyɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ nneyɛe bɔne a abu so wɔ mmeae pii mu no. Ɔsomafo Paulo bɔɔ saa nkɛntɛnso ahorow yi ho kɔkɔ mpɛn pii.—1 Korintofo 5:6; 15:33, 34; Efesofo 5:3-7.
16. Ɔkwan bɛn so na obi betumi abɛyɛ anwenne a wɔde di dwuma a nidi wom?
16 Bere a Paulo kaa anwenne a “wobu bi, na ebi nso yɛ nea wommu” ho asɛm wiei no, ɔkae sɛ: “Sɛ obi tew ne ho fi eyinom ho a, ɔbɛyɛ ade a wobu na wɔatew ho a owura no de yɛ biribi a, ɛyɛ yiye, na wɔasiesie de reyɛ adwuma pa biara.” Enti momma yɛnhyɛ yɛn mmofra no nkuran mma wɔnhwɛ wɔn fekubɔ yiye. Yɛmma ‘wonguan mmerante bere mu akɔnnɔ, na wonni trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wɔn ne wɔn a wofi koma a emu tew mu frɛ Awurade bom no akyi.’ (2 Timoteo 2:20-22) Abusua nhyehyɛe a yɛde ‘hyehyɛ yɛn ho yɛn ho den’ no betumi ayɛ ade a mfaso wɔ so a yɛde nwene yɛn mmofra no. (1 Tesalonikafo 5:11; Mmebusɛm 22:6) Daa Bible akenkan ne adesua a yɛde Asafo ti no nhoma a ɛfata yɛ no betumi ayɛ mmoa a ɛfata.
Sɛnea Wɔnwene Yɛn Mu Biara
17. Ɔkwan bɛn so na nteɛso nwene yɛn, na anigyesɛm bɛn na efi mu ba?
17 Nea ɛbɛyɛ na wɔanwene yɛn no, Yehowa nam N’asɛm ne n’ahyehyɛde so ma yɛn afotu. Mpo afotu pa a ɛte saa da! Fi nyansam tie, na ma ɛnwene wo, na ama Yehowa de wo adi dwuma a nidi wom. Mmebusɛm 3:11, 12 tu fo sɛ: “Me ba, mpo [Yehowa, NW] nteɛso, na mma n’animka mmfono wo. Na nea [Yehowa, NW] dɔ no na ɔka n’anim, sɛ agya yɛ ne ba a ɔdɔ no.” Wɔde afotu a ɛte sɛ agya de ma bio wɔ Hebrifo 12:6-11 sɛ: “Nea [Yehowa, NW] dɔ no no na ɔtwe n’aso, . . . Na asotwe biara asotwe, mprempren de, ɛnyɛ yɛn sɛ anigyede, na mmom awerɛhowde, nanso akyiri no, ɛsow asomdwoe aba a ɛyɛ trenee ma wɔn a wɔnam so asɔ wɔn ahwɛ no.” Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no so titiriw na wɔnam de nteɛso a ɛte saa ma.—2 Timoteo 3:16, 17.
18. Ɛdefa ahonu ho no, asuade bɛn na yenya fi Luka ti 15?
18 Yehowa yɛ mmɔborohunufo nso. (Exodus 34:6) Sɛ obi da ahonu a efi komam adi wɔ bɔne a anibere wom sen biara mpo ho a, ɔde firi. Wobetumi anwene ɛnnɛyi ‘ahohwifo’ mpo ma wɔayɛ anwenne a wɔde di dwuma a nidi wom. (Luka 15:22-24, 32) Ebia yɛn bɔne renyɛ nea anibere wom sɛ ɔba hohwini no de no. Nanso ahobrɛase mu a yebefi de Kyerɛwnsɛm mu afotu adi dwuma no bɛma wɔanwene yɛn ma yɛabɛyɛ anwenne a wɔde di dwuma a nidi wom bere nyinaa.
19. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akɔ so asom sɛ anwenne a ɛwɔ nidi wɔ Yehowa nsam?
19 Bere a yedii kan suaa nokware no, yɛdaa no adi sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa nwene yɛn. Yɛtwee yɛn ho fii wiase akwan ho, fii ase hyɛɛ nipasu foforo, na yɛbɛyɛɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so agye asubɔ. Yetiee afotu a ɛwɔ Efesofo 4:20-24 a ese ‘yenyi nipasu dedaw a ɔresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu no nkyene, na yɛmma wɔnyɛ yɛn foforo yɛn adwene honhom mu, na yɛnhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu’ no. Ɛmmra sɛ yɛn ankasa bɛkɔ so ama Yehowa, Ɔnwemfo Kɛse no de yɛn ayɛ adwuma, na yɛasom sɛ anwenne a wɔde yɛn di dwuma a nidi wom bere nyinaa!
Ntĩmu
◻ Dɛn ne Ɔnwemfo Kɛse no atirimpɔw ma yɛn asase yi?
◻ Ɔkwan bɛn so na wobetumi anwene wo ama adwuma a nidi wom?
◻ Ɔkwan bɛn so na yebetumi anwene yɛn mmofra?
◻ Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ nteɛso ho?
[Kratafa 10 mfonini]
So wɔbɛnwene wo ama adwuma a nidi wom anaasɛ wɔbɛpo wo?
[Kratafa 12 mfonini]
Wobetumi anwene mmofra afi wɔn mmofraase