Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ
Adansefo Kɔ Ɔmanfo Nkyɛn Wɔ France
EFI Fida, January 29, 1999, anɔpatutuutu kosi dapɛn no awiei no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ France de anigye kyekyɛɛ kratawa a n’asɛmti ne Fransefo Wɔredaadaa Mo! no ɔpepem 12 wɔ mmɔnten so, na akyiri yi wɔyɛɛ saa wɔ afie afie. Dɛn nti na wotuu sa a ɛte saa?
Wɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a wotuu ɔsa no mu wɔ nsɛnkyerɛwfo nhyiam bi ase wɔ Paris saa Fida no anɔpa. Ɔdansefo a ɔkasae no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ nnɛ ne sɛ yɛbɛma nkurɔfo ahu nnipa ko a yɛyɛ, na yɛama wɔagyae nsopa a wɔsopa yɛn no. Sɛ wɔkasa tia yɛn a yɛpene so, nanso yɛrenkɔso ntie atosɛm ne nsɛm a wɔka de sɛe yɛn din no bio.”
Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo ne Kristofo som kɛse a ɛto so abiɛsa wɔ France de, nanso wɔayeyaw Adansefo mmofra pii aguan wɔn ho wɔ sukuu mu. Wɔayi mpanyimfo adi afi wɔn nnwuma mu na wɔahunahuna wɔn esiane wɔn som nti. Nea ɛyɛ nwonwa no, wogye ɔsom no mu ntoboa ahorow a wonya no ho tow ɔha biara mu nkyekyem 60. Ɔkwan bɛn so na ɔsatu no dii nyiyim yi ho dwuma?
Kratawa no de too gua sɛ: “Yehowa Adansefo 250,000 ne wɔn nnamfo a wɔte France no KASA tia ɔkwan a ɛnteɛ a wɔnam so de wɔn Kristofo som, a ɛbaa France wɔ 1900 mu, fra akuw a wɔn ho yɛ hu ho fi 1995 mu no. . . . WƆKASA tia basabasa a wɔyɛ wɔn no.” Atoro sobo a wɔbɔɔ Adansefo wɔ France ne nkontomposɛm a nkɔnkɔnsafo pɛe sɛ wɔfa so ma wogye dimmɔne no ho daa hɔ. Kratawa no de asɛm no baa awiei sɛ: “Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem abien ne wɔn nnamfo na wɔwɔ Europa. Wɔkyerɛ obu ma Ɔman a wɔte mu no mmara ahorow denam kura a wokura abrabɔ pa a ɛwɔ Nsɛmpa no mu no so. Fransefo, eyi ne nokwasɛm ahorow no. Ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛkyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛwom no mu!”
Wodii Ho Dwuma, Ntɛm So
Wɔkyekyɛɛ kratawa no ɔpepem pii wɔ da a edi kan no. Wɔ Paris nkutoo no, eduu owigyinae no na Adansefo bɛboro 7,000 de kratawa no bɛboro ɔpepem 1.3 ama nkurɔfo. Na eyi ne bere a edi kan a nkurɔfo ahu sɛ Adansefo pii a wɔte saa rekyekyɛ kratawa wɔ mmɔnten so. Nsɛm ho amanneɛbɔfo, a ɔman no ne kurow no atesɛm nkrataa ne television ka ho no, yɛɛ nhyehyɛe pa maa ɔsatu no ho nkitahodi kɔɔ so. Atesɛm krataa Le Progrès de Lyon kae sɛ: “Adeyɛ yi . . . ma asɛm bi a wɔnte ase mu da hɔ. Wɔ mfe du a atwam no mu no, na wɔakyerɛ asɛmfua ‘ekuw’ . . . ase sɛ nnipa a wodi nsɛmmɔne, wɔn ho yɛ hu, na wɔyɛ awudifo. . . . Yehowa Adansefo ho nyɛ hu na ɛnyɛ ade a wobetumi atutu ɔman ase.”
Wɔn a wonim Yehowa Adansefo no nim sɛnea wɔpɛ asomdwoe na wɔkyerɛ obu kɛse ma ɔman mmara ahorow a wɔahyehyɛ no. Enti, nnipa pii a wɔwɔ mmɔnten so no kamfoo Adansefo mpempem a wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔsatu no mu no na wɔkyerɛe sɛ wɔtaa wɔn akyi. Ɛkame ayɛ sɛ, ɛno akyi pɛɛ na nkurɔfo nam telefon, fax, ne nkrataa-kyerɛw so bɛdaa wɔn ase wɔ kratawa no ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, ɛmaa nnipa anokwafo nyaa hokwan tiee anansesɛm ne nsɛnhunu a wɔka fa Adansefo ho no mu nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ nokware, na wɔn a wɔka wɔn gyidi ho nsɛmmɔne no tumi daa nea ɛwɔ wɔn koma mu adi.