Ɔboa Maa Hann no Mu Trɛw ‘Koduu Asase Ano’
WƆDE ɔsomafo Paulo dii dwuma maa ɔtrɛw honhom fam hann mu ‘koduu asase ano.’ Ne saa nti, nnipa pii a ‘wɔpɛ daa nkwa no gye dii.’—Asomafo no Nnwuma 13:47, 48; Yesaia 49:6.
Sɛnea William Lloyd Barry, Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no de ahofama traa ase na ɔbɔɔ mmɔden sɛ Kristoni a ɔmmrɛ no daa no adi sɛ na ɔno nso wɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔbɛtrɛw honhom mu hann mu. Onua Barry wui July 2, 1999 mu, bere a na ɔrekasa wɔ Hawaii ɔmantam nhyiam bi ase no.
Wɔwoo Lloyd Barry wɔ New Zealand wɔ December 20, 1916 mu. Na ne maame ne ne papa adi kan anya Bible mu nokwasɛm a ɛwɔ C. T. Russell nhoma ahorow a na Watch Tower Bible and Tract Society kyekyɛ mu no ho anigye soronko. Enti, Onua Barry nyinii wɔ Kristofo abusua bi a wɔwɔ ahofama mu.
Ɛwom sɛ na Onua Barry ani gye agodie ne nhomasua ho, na na wanya abodin wɔ adebɔ ho nyansahu mu mpo de, nanso ɔkɔɔ so de n’ani sii honhom fam nneɛma so kɛse. Enti, January 1, 1939 mu no, ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma mu, na ɔbɛyɛɛ Betel abusua a ɛwɔ Asafo ti no adwumayɛbea a ɛwɔ Australia no muni. Bere a aban de ne nsa too Asafo ti no dwumadi so wɔ 1941 mu akyi no, Onua Barry kɔɔ so yɛɛ adwumaden wɔ adwumayɛbea hɔ, ma ɛtɔ mmere bi a na wɔma ɔkyerɛw nsɛm de kɔhyɛ ne nuanom gyidifo den. Odii anim nso wɔ baguam ɔsom adwuma no mu de yɛɛ nhwɛso.
Wɔ February 1942 mu no, Onua Barry waree ɔbea bi a ɔno nso yɛ bere nyinaa somfo. Ne yere Melba, a na ɔdɔ no no fi nokwaredi mu ne no yɛɛ adwuma wɔ mfe no nyinaa mu wɔ asase so mmeae pii. Wɔnam Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a ɛwɔ United States no adesuakuw a ɛto 11 a wɔkɔe no so too nhyɛase pa maa ɔsom adwuma a na wɔbɛkɔ akɔyɛ wɔ amɔnnɔne nsase so no. Na wɔn dwumadi no yɛ nea nnipa pii bebu no sɛ ‘ɛwɔ asase ano’—Japan. Bere a wokodui wɔ November 1949 mu no, wofii ase yɛɛ adwuma sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Kobe kurow a ɛwɔ mpoano no mu. Saa bere no, na nnipa 12 pɛ na wɔka asɛmpa no wɔ Japan. Onua Barry suaa kasa no ne sɛnea wɔyɛ nneɛma wɔ ne kurow foforo no mu, na onyaa Japanfo a ɔsomee wɔ wɔn mu mfe 25 a edi hɔ no ho dɔ soronko. Ɔdɔ a na ɔwɔ ma wɔn a ‘wɔpɛ daa nkwa no’ daa adi maa anuanom Kristofo a na wɔrenya nkɔanim wɔ Japan no hui, na ɛma ɔde namyɛ hwɛɛ baa dwumadibea no so mfe pii.
Wɔ 1975 mfinimfini mu hɔ, bere a na Yehowa Adansefo 30,000 wɔ Japan no, wɔde Onua Barry ne ne yere kɔɔ Brooklyn, New York. Sɛ́ Kristoni a wɔde honhom asra no no, wɔtoo nsa frɛɛ Onua Barry sɛ ɔnkɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni. (Romafo 8:16, 17) Nhoma-kyerɛw mu osuahu a na ɔwɔ no boaa no wɔ ne dwumadi foforo a wɔde hyɛɛ ne nsa wɔ Akyerɛwfo Dwumadibea hɔ no mu. Baa dwumadibea hɔ ne aman pii mu osuahu a ɛkɔ akyiri a onyae no boaa no ma odii dwuma titiriw sɛ Sodikuw no Nhomatintim Boayikuw no muni.
Wɔ mfe pii mu no, Onua Barry kɔɔ so kuraa ɔdɔ a na ɔwɔ ma Apuei fam asase no ne ɛsofo no mu. Wɔn a wɔkɔ Gilead Sukuu ne Betel abusua no mufo nyinaa begye atom sɛ na ɔka asɛmpatrɛwfo pii ho nsɛm a ɛyɛ anigye wɔ ne kasa ne ne mmuae ahorow mu. Ahenni asɛmpaka adwuma a ɛrekɔ so ‘wɔ asase ano’ no daa adi yiye bere a Onua Barry ankasa de anigye kaa ne suahu ahorow no. Wɔaka ebi ho asɛm wɔ n’ankasa ne ho asɛm a ɛwɔ September 15, 1960, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no mu.
Yɛwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ́ ‘Kristo yɔnko difo no,’ Onua Barry bɛkɔ so anya wɔn a ‘wɔpɛ daa nkwa no’ ho anigye. Nokwarem no, sɛ́ honhom muni a ɔde ne ho nyinaa bɔɔ afɔre som Yehowa, na ɔdɔɔ Onyankopɔn nkurɔfo yiye no, wɔn a wonim no na wɔdɔ no nyinaa ani begyina no ankasa. Nanso, ɛyɛ yɛn anigye sɛ Onua Barry de nokwaredi awie n’asase so asetra.—Adiyisɛm 2:10.
[Kratafa 16 mfonini]
Lloyd Barry ne John Barr bere a woyii “Insight on the Scriptures” adi wɔ 1988 mu no
[Kratafa 16 mfonini]
Gilead adesuakuw a ɛto so 11 no mufo hyiam wɔ mfe 40 akyi wɔ Japan