2000—So Ɛyɛ Afe a Wɔahyɛ No Agyirae?
SO BIRIBI wɔ hɔ a ɛma afe 2000 da nsow? Nnipa a wɔte Atɔe fam nsase so taa bu no sɛ ɛne mfirihyia apem a ɛtɔ so abiɛsa no afe a edi kan. Wɔreyɛ ahoboa a wɔde bɛhyɛ ho fa denneennen. Wɔrehyehyɛ nyansadɔn akɛse a ɛde anyinam ahoɔden yɛ adwuma a ebebu bere akosi sɛ mfirihyia apem foforo no bedu so. Wɔreyɛ Afe Foforo no ho agodie ahorow ho nhyehyɛe. Wɔretɔn ntade a wɔakyerɛw mfirihyia apem ho nsɛm agu mu wɔ nkuraase ne nkurow akɛse sotɔɔ mu.
Asɔre ahorow, nketewa ne akɛse, benya kyɛfa wɔ afe mũ afahyɛ no mu. Wɔrehwɛ kwan sɛ Pope John Paul II betu kwan akɔ Israel akodi Roma Katolekfo anim wɔ nea wɔato din “Roma Katolek Asɔre no ahosɛpɛw afahyɛ ma mfirihyia apem no” mu. Wobu akontaa sɛ nsrahwɛfo a wɔpɛ nyamesom ne bɛhwɛadefo a wɔn dodow bɛyɛ ɔpepem abien ne fã kosi ɔpepem asia reyɛ nhyehyɛe akɔ Israel afe a ɛreba yi.
Dɛn nti na nnipa pii reyɛ nhyehyɛe akɔ Israel nsrahwɛ? Bere a Roger Cardinal Etchegaray a ɔyɛ Vatican panyin rekasa ama pope no, ɔkae sɛ: “Afe 2000 yɛ Kristo ne n’asetra wɔ saa asase yi so ho afahyɛ. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ Pope bɛba ha.” Ɔkwan bɛn so na afe 2000 fa Kristo ho? Nnipa pii susuw sɛ afe 2000 yɛ mfe 2,000 pɛpɛɛpɛ a wɔwoo Kristo. Nanso, so ɛte saa? Yɛbɛhwɛ.
Afe 2000 ho hia nyamesom akuw bi mufo yiye. Wogye di sɛ Yesu bɛba Ngo Bepɔw no so afe a ɛreba yi anaa nea ɛte saa, na wɔako Harmagedon ko a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no wɔ Megido bon no mu. (Adiyisɛm 16:14-16) Esiane saa nneɛma yi a wɔrehwɛ kwan sɛ ebesisi no nti, nnipa ɔhaha pii a wɔte U.S. retontɔn wɔn afie ne wɔn ahode pii, na wɔretu kɔ Israel. Nea ɛbɛyɛ na wɔn a wontumi ntu mfi wɔn afie mu no anya mu mfaso no, amanneɛbɔ kyerɛ sɛ, U.S. ɔsɛnkafo bi ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma wɔayi Yesu sanba no wɔ television so—ma wɔahwɛ no wɔ kɔla mu!
Wɔ Atɔe fam nsase so no, wogu nhyehyɛe a wɔreyɛ de abue mfirihyia apem a ɛtɔ so abiɛsa no ano so denneennen. Nanso, nkurɔfo a wɔwɔ nsase foforo so no gu so reyɛ wɔn da biara da nnwuma. Saafo yi—a wɔyɛ nnipa a wɔwɔ wiase no mu dodow no ara—nnye nni sɛ Yesu a ofi Nasaret no ne Mesia no. Saa ara nso na wonnye mmerebu a wɔde gyina B.C.-A.D (ansa na Kristo reba, ne yɛn Awurade afe) so no ntom.a Sɛ nhwɛso no, Nkramofo pii wɔ wɔn ankasa kalenda a wɔde di dwuma, na sɛnea ebu mmere no, afe a ɛreba no yɛ 1420—ɛnyɛ 2000. Nkramofo bu mfe fi bere a Muḥammad guan fii Mecca kɔɔ Medina no. Sɛ yɛka ne nyinaa bom a, nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa de kalenda ahorow bɛyɛ 40 na edi dwuma.
So ɛsɛ sɛ afe 2000 kyerɛ biribi ma Kristofo? So January 1, 2000 yɛ da titiriw ampa? Yebenya nsɛmmisa yi ho mmuae wɔ nsɛm a edidi so no mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ mmerebu nhyehyɛe a wogyina B.C.-A.D. so bu mu no, wɔfrɛ bere a nsɛm bi sisii ansa na wɔrewo Yesu no “B.C.” (ansa na Kristo reba); wɔfrɛ nea esisii wɔ ɛno akyi no “A.D.” (Anno Domini—“yɛn Awurade afe.”) Nanso nhomanimfo bi a wɔaben yiye ani gye ho sɛ wɔde nea wiase no gye tom “A.Y.B.” (Ansa na Yɛn Bere Yi) ne “Y.B.” (Yɛn Bere Yi) no bedi dwuma.