Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 12/1 kr. 3-5
  • Dɛn Nti Na Wosuro Adiyisɛm No?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti Na Wosuro Adiyisɛm No?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adiyisɛm Ho Suro Ho Abakɔsɛm
  • So Adiyisɛm Ho Suro no Wɔ Nnyinaso?
  • Adiyisɛm No—So Ɛsɛ Sɛ Yesuro Anaasɛ Yɛhwɛ Kwan?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Wiase Yi Reba Awiei Anaa? Bible Aka Sɛ Biribiara Bɛsɛe Anaa?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • ‘Nsɛmpa’ a Ɛwɔ Adiyisɛm No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Adiyisɛm Mo Mu Mmoa No​—Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wokenkan Wɔn Ho Asɛm?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 12/1 kr. 3-5

Dɛn Nti Na Wosuro Adiyisɛm No?

DAMIAN THOMPSON a ɔyɛ nyamesom ho sɛnkyerɛwfo wɔ Time nsɛmma nhoma mu no ka sɛ: “Kristofo a wokura tetefo adwene wɔ ɔsom ho no fi bere tenten ni ahyɛ ɔsɛe [bi] a ɛrenkyɛ ɛbɛba adesamma abusua no nyinaa so ho nkɔm. Ɛnnɛ, nea ɛyɛ wɔn nwonwa ne sɛ, ɛnyɛ sɛ nkurɔfo afa asɛm no aniberesɛm nko na mmom, nkurɔfo a na wodi wɔn ho fɛw no: kɔmputa adwumayɛfo, aguadifo ne amanyɔfo ankasa na wɔretrɛw mu.” Ɔka sɛ suro a nkurɔfo suro sɛ kɔmputa begyae adwuma yɛ wɔ afe 2000 mu no “ama nnipa a wɔnyɛ nyamesomfo koraa no abɛdan mfirihyia apem mu gyidifo” a wosuro asiane a ɛreba, te sɛ “ehu a ɛbɛka nnipa pii, aban nnwuma a ɛrenkɔ so, aduan a ɛho bɛyɛ den, ne wimhyɛn a ɛbɛpempem abansoro adan mu no.”

Nea ama nkurɔfo dadwen ayɛ kɛse ne nneɛma a ɛyɛ hu a nyamesom akuw nketewa a wɔtaa frɛ wɔn “ɔsɛe ho nkɔmhyɛfo” yɛ no. Wɔ January 1999 mu no, Fransefo atesɛm krataa Le Figaro kae wɔ asɛm bi a wɔtoo din “Yerusalem ne Ɔsɛe Ho Abɛn” mu sɛ: “[Israel] adwumakuw a ɛhwɛ bammɔ ho nsɛm so no bu akontaa sɛ ‘mfirihyia apem mu gyidifo’ bɛboro ɔha na wogyina Ngo Bepɔw no so anaa wɔwɔ beae bi a ɛbɛn hɔ retwɛn Awurade mmae anaa ne ho adi a obeyi no.”

“Ɔsɛe Da Akuw” ho amanneɛbɔ soronko bi wɔ 1998 Britannica Book of the Year mu. Ahodɔm akuw a ɛka wɔn ho asɛm no bi ne, Heaven’s Gate, the People’s Temple, the Order of the Solar Temple, ne Aum Shinrikyo (Nokware a Ɛkyɛn So) a wɔyɛɛ mframa a edi awu ntua a esii wɔ Tokyo keteke kwan a ɛda asase ase no ho nhyehyɛe, ma ekunkum nnipa 12, na epiraa nnipa mpempem pii wɔ 1995 mu no. Bere a Martin E. Marty a ɔyɛ ɔbenfo wɔ Chicago Sukuupɔn mu no rebɔ saa amanneɛ yi mua no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛyɛ anigye sɛ wubebue Kalenda akɔ afe 2000—na ɛkame ayɛ sɛ ɛbɛdan w’adwene akɔ nkɔmhyɛ ahorow ne nneɛma pii so. Ebi betumi ayɛ hu. Ɛbɛyɛ bere a ɛnsɛ sɛ wobu ani gu nneɛma so koraa.”

Adiyisɛm Ho Suro Ho Abakɔsɛm

Wɔfrɛ Bible mu nhoma a etwa to a wɔkyerɛw no bere a afeha a edi kan Y.B. reba awiei no, Adiyisɛm. Esiane sɛ nhoma yi mu nsɛm yɛ nkɔmhyɛ, na wɔde nsɛnkyerɛnne di dwuma kɛse wom nti, wɔde edin nkyerɛkyerɛmu “ɔsɛe da ho nhoma” na ɛtoo nhoma horow a wofii ase bere tenten ansa na wɔrekyerɛw Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no. Wɔkyerɛ sɛ tete Persiafo bere so anaa nea ɛsen saa mpo na wɔtoo nhoma yi mu anansesɛm no. Enti The Jewish Encyclopedia no ka “Babilonfo nkyerɛwee soronko a wɔde kyerɛw anansesɛm a wonnim nea efi no mu dodow no ara ho asɛm wɔ saa [Yudafo adiyisɛm] nhoma yi mu.”

Yudafo adiyisɛm nhoma horow no nyaa nkɔso wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. no mfiase kosii afeha a ɛto so abien Y.B. awiei. Bible ho ɔbenfo bi rekyerɛ nea enti a wɔkyerɛw nhoma horow yi no, ɔkyerɛwee sɛ: “Yudafo no kyɛɛ bere nyinaa mu abien. Biako ne bere a yɛwɔ mu mprempren yi, a emu biribiara nye no . . . Ne saa nti, Yudafo no hwɛɛ bere a nneɛma nyinaa bɛba awiei no kwan. Foforo no nso ne bere a ɛbɛba a nneɛma nyinaa bɛyɛ yiye, a ɛne Onyankopɔn bere a eye a asomdwoe, yiyedi ne trenee wom no. . . . Ɔkwan bɛn so na na bere a yɛwɔ mu yi bɛyɛ nea na wɔrehwɛ kwan no? Ná Yudafo no gye di sɛ ɛnyɛ onipa nhyehyɛe bi na ɛde nsakrae yi bɛba, ma enti wɔhwɛɛ kwan sɛ Onyankopɔn ankasa de ne ho begye nsɛm mu. . . . Wɔfrɛɛ bere a Onyankopɔn bɛba no Awurade Da, na na ɛbɛyɛ atemmu ne ɔsɛe da a ɛyɛ hu, na ɛno akyi na bere foforo no bɛba. Adiyisɛm ho nhoma nyinaa ka eyinom ho asɛm.”

So Adiyisɛm Ho Suro no Wɔ Nnyinaso?

Bible mu nhoma a ɛne Adiyisɛm no ka “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” anaa Harmagedon a wɔbɛsɛe abɔnefo, ne mfirihyia apem bere a wɔde Satan bɛhyɛ bun mu na Kristo abu adesamma atɛn no ho asɛm. (Adiyisɛm 16:14, 16; 20:1-4) Wɔ Mfinimfini Mfe no mu no, ebinom ante nkɔmhyɛ ahorow yi ase efisɛ na Katolek “Ɔhotefo” Augustine (354-430 Y.B.) aka sɛ bere a wɔwoo Kristo no na Mfirihyia Apem no fii ase, na nea ebedi ɛno akyi ne Atemmu a Etwa To no. Ɛda adi sɛ Augustine ansusuw bere no ho ankɔ akyiri, nanso bere a afe 1000 bɛnee no, ehu fii ase kaa nkurɔfo kɛse. Abakɔsɛm akyerɛwfo adwene nhyia wɔ baabi a mfinimfini mmere mu ɔsɛe ho hu kaa nkurɔfo kodui no ho. Ɛmfa ho sɛnea ɛkɔɔ akyiri kodui no, akyinnye biara nni ho sɛ na enni nnyinaso biara.

Saa ara nso na ɛnnɛ, nyamesomfo ne wiasefo suro sɛ, afe 2000, anaa 2001 de ɔsɛe bi a ɛyɛ hu bɛba. Nanso so ehu yi wɔ nnyinaso? Na so ɛsɛ sɛ asɛm a ɛwɔ Bible nhoma a ɛne Adiyisɛm mu no yi yɛn hu, anaa ɔkwan foforo so no, ɛyɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan? Yɛsrɛ sɛ kenkan nea edi so no.

[Kratafa 4 mfonini]

Na Mfinimfini mmere no mu Ɔsɛe ho hu no nni nnyinaso

[Asɛm Fibea]

Cliché Bibliothèque Nationale de France, Paris

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Maya/Sipa Press

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena