Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 5/1 kr. 3
  • Sɛnea Kunayɛ Kãã Mmea Baanu Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Kunayɛ Kãã Mmea Baanu Bi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kan Ne Akyiri Yi—Onyaa Tumi De Sakrae
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Wɔmaa Me Nkraman No Bisket
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Akunafo A Yɛbɛboa Wɔn Wɔ Wɔn Sɔhwɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Akunafo—Dɛn Na Wohia? Wobɛyɛ Dɛn Aboa Wɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 5/1 kr. 3

Sɛnea Kunayɛ Kãã Mmea Baanu Bi

SANDRA yɛ okunafo a ɔte Australia. Bere a Sandra kunu wui mfe bi a atwam no, ne ho dwiriw no ntɛm ara. “Hu a mihui sɛ mahwere me hokafo ne m’adamfo pa mpofirim no hyɛɛ me so. Mintumi nkae nea ɛyɛe a mifii ayaresabea hɔ kɔɔ fie anaa nea meyɛe saa da no nyinaa. Adapɛn kakra a edi hɔ mu no, ehu a na aka me no danee nipaduam yaw.”

Sandra wɔ adamfo bi a wanyin sen no, Elaine, a wayɛ okunafo bɛyɛ mfe asia. Elaine hwɛɛ ne kunu, David, asram asia ansa na kokoram rekum no. Ná ne yawdi no mu yɛ den araa ma ne kunu no wui no, ankyɛ na n’ani furae bere tiaa bi. Mfe abien akyi no, n’ani so birii no ma otwa hwee fam wɔ baguam. Oduruyɛfo a ɔhwɛ no no anhu ɔyare ho sɛnkyerɛnne biara wɔ ne nipaduam. Nanso obehui sɛ Elaine su gu ne mu, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔ fie nkɔbɔ mmɔden nsu. Elaine ka sɛ “egyee bere kakra ansa na meretumi adi m’awerɛhow no so,” na ɔtoa so sɛ, “na metaa kɔ pia mu de David ntama kuru me ti.”

Yiw, obi hokafo a ɔdɔ no wu betumi ama nneɛma pii ayɛ no, efisɛ ɛnyɛ nea kunayɛ kyerɛ ara ne sɛ obi bɛtra ase a onni kunu. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛɛ Sandra te sɛ nea ne nipasu asesa no. Te sɛ nnipa afoforo pii a wɔn ahokafo awuwu nnansa yi no, ɔno nso tee nka sɛ onni ahobammɔ. Sandra ka sɛ: “Bere a na me kunu asisi gyinae a etwa to ama aka me hɔ no, ɛbae mpofirim ara sɛ me nko misisi saa gyinae ahorow no. Na mintumi nna. Na mayɛ hodwoo. Na minhu nea menyɛ.”

Nsɛm te sɛ Sandra ne Elaine de no sisi ntoatoaso da biara da wɔ wiase nyinaa. Ɔyare, akwanhyia, ɔko, mmusuakuw asetɔre, ne basabasayɛ ama akunafo redɔɔso.a Mmea yi mu dodow no ara rehu amane wɔ wɔn were mu a wonhu nea wɔnyɛ. Dɛn na nnamfonom ne abusuafo betumi ayɛ de aboa wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedi kunayɛ so no? Asɛm a edi hɔ no wɔ nyansahyɛ ahorow a ebia ebetumi aboa.

[Ase hɔ asɛm]

a Mmea pii tebea te sɛ akunafo de no ara esiane sɛ wɔn kununom agyaw wɔn nti. Ɛwom sɛ ntetewmu ne awaregyae nso wɔ ne haw a ɛde ba de, nanso nnyinasosɛm a ɛwɔ asɛm a edi hɔ mu no betumi aboa mmea a wɔwɔ tebea a ɛte saa mu no nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena