Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 7/15 kr. 8-9
  • Kan Ne Akyiri Yi—Onyaa Tumi De Sakrae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kan Ne Akyiri Yi—Onyaa Tumi De Sakrae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Kunayɛ Kãã Mmea Baanu Bi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • ‘Wɔn A Wɔpɛ’ Nkwa No Retie Asɛmpa No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Wubetumi Adi Ankonamyɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Minyaa ‘Nea Me Koma Pɛ’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 7/15 kr. 8-9

“Mommɛn Onyankopɔn, Na Ɔbɛbɛn mo”

Kan Ne Akyiri Yi—Onyaa Tumi De Sakrae

SANDRA, ɔbea bi a ɔwɔ Mexico no, kaa ne ho asɛm sɛ ɔdapaafo a ɔda n’abusua mu. Po a wɔpoo no ne ɔdɔ a wɔanyi adi ankyerɛ no wɔ ne mmofrabere mu no maa ogyigyae. Ɔka sɛ: “Wɔ me mmabunbere mu no, na mete nka sɛ mensɛ hwee na na m’adwene nsi me pi wɔ m’asetra ne nkwa ho.”

Bere a Sandra wɔ ntoaso sukuu mu no, ofii ase nom nsa a na ne papa wɔ wɔ fie no. Bere kɔ so no, ofii ase tɔɔ n’ankasa de, na ɔbɛyɛɛ ɔsadweam. Ɔka sɛ: “Ná minni anidaso biara a mede bɛtra nkwa mu.” Sandra fi ahoyeraw mu de ne ho hyɛɛ nnubɔnenom mu. Ɔka sɛ: “Ade biako pɛ a na ɛboa ma me werɛ fi me haw ne nneɛma a ɛhyɛ me sika kotoku mu: nsa, nnuru, anaa wii kakra.”

Bere a Sandra wiee aduyɛ sukuu no, ɔde ne ho hyɛɛ asabow mu fee. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde ne nkwa bɛba awiei. Nanso wanwu.

Sandra kyinkyinii ɔsom ahorow mu hwehwɛɛ honhom ne nkate fam mmoa, nanso ankosi hwee. Esiane sɛ na onni anidaso na n’abam abu nti, osu kyerɛɛ Onyankopɔn bere nyinaa sɛ: “Wowɔ he? Dɛn nti na wommoa me?” Bere a afei de ɔtee nka sɛ wahwere obu koraa no, Yehowa Dansefo bi ne no kasae. Eyi kowiee Bible adesua mu. Bere a Sandra hui sɛ “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu” no, ɛkaa no kɛse.​—Dwom 34:18.

Sandra Bible kyerɛkyerɛfo no boaa no maa ɔtee ase sɛ Yehowa Nyankopɔn nim sɛ yɛyɛ mmerɛw esiane bɔne ne sintɔ a yenya fii Adam hɔ nti. Sandra hui sɛ Onyankopɔn te ase sɛ yentumi nnu trenee gyinapɛn ho pɛpɛɛpɛ. (Dwom 51:5; Romafo 3:​23; 5:​12, 18) N’ani gyei sɛ ohui sɛ Yehowa mfa adwene nsi yɛn mmerɛwyɛ so, na ɔnhwehwɛ nea yentumi nyɛ mfi yɛn hɔ. Odwontofo no bisae sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW], hena na anka obegyina?”​—Dwom 130:3.

Bible mu nokwasɛm titiriw a ɛmaa Sandra nyaa akomatɔyam ne Yesu Kristo agyede afɔre no. Yehowa nam so fi mmɔborohunu mu ma adesamma asoɔmmerɛfo nya gyinabea pa ɛmfa ho wɔn sintɔ ahorow. (1 Yohane 2:2; 4:​9, 10) Yiw, yebetumi anya ‘yɛn mfomso ho fafiri’ na wɔnam so aboa yɛn ma yɛadi nkate biara a ɛne sɛ yɛnsom bo no so.​—Efesofo 1:7.

Sandra nyaa asuade a ɛsom bo fii ɔsomafo Paulo nhwɛso no mu. Paulo kyerɛɛ ayamye mu a Onyankopɔn fi de ne kan mfomso firii no na ɔboaa no ma ɔkoo denneennen dii mmerɛwyɛ biara a na ɛresan aba so no ho anisɔ kɛse. (Romafo 7:​15-​25; 1 Korintofo 15:​9, 10) Paulo siesiee n’asetra, ‘hyɛɛ ne nipadua ahometew dii no nya’ na ama wakɔ so anantew ɔkwan a Onyankopɔn pene so no so. (1 Korintofo 9:​27) Wamma bɔne a ɔtɔ kɔ so no amfa no anyɛ akoa.

Sandra mmerɛwyɛ no haw no, nanso ɔkɔɔ so ko tiae. Ɔbɔɔ mpae anibere so hwehwɛɛ Yehowa mmoa a ɔde bedi mmerɛwyɛ no so na ɔhwehwɛɛ n’ahummɔbɔ. (Dwom 55:​22; Yakobo 4:8) Bere a Sandra hui sɛ Onyankopɔn ankasa kyerɛ ne ho anigye no, otumi sesaa n’asetra. Ɔka sɛ: “M’ani agye sɛ mekyerɛkyerɛ afoforo Bible no sɛ bere nyinaa somfo.” Sandra nyaa hokwan sɛ ɔboaa ne nuabea panyin ne ne nuabea kumaa ma wohuu Yehowa. Bere a ‘ɔyɛ afoforo yiye’ no, otu ne ho ma de aduruyɛ mu nimdeɛ a ɔwɔ no boa wɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow ase.​—Galatifo 6:10.

Nnubɔne ne asanom a na aka Sandra hɔ no nso ɛ? Ɔde ahotoso ka sɛ: “M’adwenem da hɔ pefee. Mennom nsa, mennom sigaret, na mennom nnubɔne bio. Minhia. Mahu nea na merehwehwɛ.”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Mahu nea na merehwehwɛ”

[Adaka wɔ kratafa 9]

Bible Nnyinasosɛm Reyɛ Adwuma

Bible nnyinasosɛm bi a aboa nnipa pii ma wɔagyae nnubɔne a na ne nom aka wɔn hɔ no bi ni:

“Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Wɔn a wɔahohoro wɔn ho afi efĩ ho, na wɔapo nneyɛe a ɛho ntew no na Onyankopɔn hyira wɔn.

“[Yehowa, “NW”] suro ne bɔne tan.” (Mmebusɛm 8:​13) Osuro pa a obi wɔ ma Onyankopɔn no boa no ma ɔtwe ne ho fi su bɔne ho, a nea ɛka ho ne nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so. Sɛ Yehowa ani a onipa a wasakra no bɛsɔ no da nkyɛn a, onya ahobammɔ fi yare a ɛyɛ hu ho.

“Wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no.” (Tito 3:1) Wɔ mmeae pii no, nnuru bi a obi wɔ anaa ɔde bedi dwuma no kyerɛ mmarato. Nokware Kristofo nni nnubɔne wɔ wɔn ho anaa wɔmfa nni dwuma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena