Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 5/1 kr. 19
  • Wɔasan Onyankopɔn Din Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔasan Onyankopɔn Din Ho
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mɛyɛ Dɛn Ne Me Kyerɛkyerɛfo Ntam Ayɛ Kama?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Nigeriafo Sukuufo Mmofra Nya Nokwaredi so Nhyira
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Akyerɛkyerɛfo—Dɛn Nti na Yehia Wɔn?
    Nyan!—2002
  • Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 5/1 kr. 19

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wɔasan Onyankopɔn Din Ho

ONYANKOPƆN Asɛm, Bible no ka sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ɔhwɛ da no.” (1 Petro 2:12) Enti, nokware Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobekura abrabɔ pa mu sɛnea ɛbɛyɛ na wɔmfa ahohorabɔ mma Yehowa din so.

Wɔ baabi a atew ne ho wɔ Zambia a wɔfrɛ hɔ Senanga no, obi kowiaa sukuu kyerɛkyerɛfo bi radio wɔ ne fie. Esiane sɛ na Yehowa Adansefo akɔka asɛm wɔ mpɔtam hɔ nti, ɔbarima no bɔɔ wɔn sobo sɛ wɔn na wowiae. Ɔkɔbɔɔ polisifo amanneɛ kyerɛe sɛ Adansefo no na wowiaa ne radio no. Nea ɛbɛkyerɛ sɛ Adansefo no baa ne fie hɔ no, ɔde kratawa bi a ɔfaa wɔ fam kyerɛe. Nanso polisifo no annye no anni. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnkɔyɛ nhwehwɛmu yiye.

Asafo mu mpanyimfo no ka kyerɛɛ Adansefo a wɔkɔyɛɛ adwuma wɔ mpɔtam hɔ no sɛ wɔnkɔkyerɛkyerɛ nneɛma mu nkyerɛ ɔkyerɛkyerɛfo no. Anuanom no bi kɔe ne no kɔkasae, kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan Yehowa din ho. Wɔka kyerɛɛ no wɔ wɔn nkɔmmɔbɔ no mu sɛ wohyiaa aberante bi wɔ ne fie hɔ maa no kratawa. Ɔkyerɛkyerɛfo no nam wɔn nkyerɛkyerɛmu no so huu ɔbarima no. Nokwasɛm ne sɛ, na wɔn nyinaa kɔ asɔre biako. Ɔkyerɛkyerɛfo no ne aberante no kɔkasae, nanso wannye sobo no antom. Afei ɔkyerɛkyerɛfo no ne aberante no awofo kɔkasae, na ɔsan kɔɔ ne fie. Dɔnhwerew biako ntam no, aberante no maame de radio a wowiae no san bae.

Aniwu a ɛkaa ɔkyerɛkyerɛfo no ma ɔkɔɔ asafo mu mpanyimfo no nkyɛn kɔsrɛɛ bɔne fafiri wɔ atoro sobo a ɔbɔe no ho. Asafo mu mpanyimfo no gyee ne kyɛwpa no toom, nanso wɔkae sɛ ɔmma ɔmanfo nyinaa nte nea afi mu aba no na wonhu sɛ Adansefo no nnim ho hwee. Wɔmaa nkaebɔ wɔ sukuu no mu, na ɛmaa Yehowa din ho sanee. Yehowa Adansefo betumi akɔ so aka asɛm no wɔ mpɔtam hɔ a biribiara nsiw wɔn kwan.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 19]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

AFRIKA

Zambia

[Asɛm Fibea]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena