Nsemmisa A Efi Akenkanfo Hɔ
Yehowa Adansefo bu awifode a wɔtɔ dɛn?
Kristofo nhyɛ da ntɔ aguade anaasɛ nneɛma a wonim sɛ ɛyɛ awifode.
Nokwarem no, korɔnbɔ nye. Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no kaa pefee sɛ: “Mmɔ korɔn.” (Exodus 20:15; Leviticus 19:11) Sɛ wɔkyere ɔkorɔnfo a, wɔhwɛ tebea no ma ɔde awifode no mmɔho abien, anan, anaasɛ anum hyɛ ananmu.
Efi tete no, akorɔnfo abɔ mmɔden sɛ wɔbɛdan awifode ama afoforo, na ama wɔanya mfaso ntɛmntɛm, na sɛ wɔkyere wɔn a, wɔannya wɔn bɔne no ho adanse. Enti, wɔtaa tɔn awifode aboɔmmerɛw a ɛyɛ den ma adetɔfo pii sɛ wɔbɛpow. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a yɛkenkan wɔ Exodus 22:1 no fa ade a ɛte saa no ho: “Sɛ obi kowia nantwi anaa aguan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwi anum nsi nantwi biako ananmu, ne nguan anan nsi oguan biako no ananmu.”
Esiane sɛ na Rabbi Abraham Chill te nka sɛ mmara a ɛte saa no ka biribi ɛte saa ho asɛm nti, ɔkyerɛwee sɛ: “Na wɔabara awifode tɔ anaa ne gye, sɛ wonnim sɛ ade no yɛ awifode mpo a. Enti ɛnsɛ sɛ obi tɔ abirekyi fi oguanhwɛfo hɔ, efisɛ ebia na oguanhwɛfo no retɔn no a ne wura nnim ho hwee, na ɔpɛ sɛ ɔfa sika no.”—The Mitzvot—The Commandments and Their Rationale.
Nokwarem no, Onyankopɔn mmara nka sɛ ‘wɔntɔ abirekyi mfi oguanhwɛfo hɔ,’ esiane sɛ wosusuw kɛkɛ sɛ obetumi afa ne wura no sika nti, kyerɛ sɛ ɔretɔn awifode. Nanso, ɛnsɛ sɛ Yehowa nkoa hyɛ da tɔ (abirekyi anaa biribi foforo biara), bere a ɛda adi pefee sɛ ɛnyɛ ade no wura ne ɔdetɔnfo no, anaa ebia wawia. Onyankopɔn mmara kyerɛ sɛ Onyankopɔn nim sɛ ɛsɛ sɛ obi nya n’ankasa agyapade, nanso ɔkorɔnfo ma agyapade no fi ne wura nsa. Ebia obi a ɔtɔ ade a onim sɛ ɛyɛ awifode no nyɛ ɔkorɔnfo de, nanso ade no a ɔtɔ no tew sɛnea ade no wura nsa betumi asan aka n’agyapade no da bi no so.—Mmebusɛm 16:19; fa toto 1 Tesalonikafo 4:6 ho.
Yɛn nyinaa nim sɛ adetɔfo hwehwɛ sɛ wɔtɔ aguade aboɔmmerɛw sen biara. Mmea a wɔwɔ wiase nyinaa hwehwɛ sɛ wɔbɛtɔ nneɛma aboɔmmerɛw, wɔtwɛn kosi bere a nneɛma bo yɛ mmerɛw ansa na wɔatɔ, anaasɛ wɔtɔ wɔ baabi a wotu nneɛma kɔtɔn, a wɔatew so kakra na wɔtɔn no aboɔmmerɛw koraa. (Mmebusɛm 31:14) Nanso, ɛsɛ sɛ wɔto gye a ani gye ho sɛ wɔbɛma wɔatew biribi bo so no ano hye wɔ abrabɔ fam. Nehemia nna no mu anokwafo powee sɛ wɔbɛtɔ nneɛma Homeda, sɛ na wobenya no aboɔmmerɛw wɔ saa nna no mu mpo a. (Nehemia 10:31; fa toto Amos 8:4-6 ho.) Kristofo yɛ saa ara. Awifode a wɔpow no boa wɔn ma wodi sɔhwɛ biara a ɛbɛma wɔatɔ nneɛma a ne bo yɛ mmerɛw a ɛda adi sɛ wowiae no so.
Ebia na obiara nim sɛ adetɔnfo bi tɔn awifode. Anaasɛ biribi a wɔka ne bo kyerɛ wɔ kokoam no bo betumi ayɛ fow araa ma obiara a n’adwenem da hɔ bɛka sɛ ebia wɔamfa mmara kwan so na enyaa aguade no. Ebia ɔman no mu mmara mpo ka sɛ wɔmfa atɛmpa a ɛte saa nni dwuma. Mmara nhoma bi ka sɛ:
“Ɛho nhia sɛ nea wɔabɔ no sobo no hu nokwasɛm ahorow a ɛkyerɛ sɛ adeyɛ no to mmara, anaa onii a wowiaa n’ade no, anaa owifo no, anaa bere anaa faako a wowiaa ade no, anaasɛ tebea ko a wowiaa ade no wom, nanso ɛdɔɔso sɛ obehu sɛ ɛyɛ awifode. . . . Asennibea ahorow bi ka sɛ wobetumi de fɔ a nea wanya asɛm no di no agyina nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ogyee agyapade no wɔ tebea horow a ɛma onipa biara a n’adwenem da hɔ di kan hu sɛ ɛyɛ awifode no so.”
Eyi ma Kristoni nya ntease pa foforo ka nea enti a ɛsɛ sɛ ɔkwati awifode no ho. Saa nneɛma no a ɔbɛtɔ no bɛma wayɛ mmaratofo. Nokwarem no, wɔ aman bi mu no, wobebu obiara a ɔtɔ awifode wɔ tebea biara mu no sɛ wato mmara. Ɛnhaw nnipa sɛ wɔbɛto mmara, sɛ wosusuw sɛ wɔrenyɛ wɔn hwee a. Nanso, Kristofo a wɔpɛ sɛ “wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ atumfoɔ no” ase nyɛ saa. Mmara sodi mma wɔmmfa wɔn nkɔ asennibea nkodi wɔn asɛm sɛ nsɛmmɔnedifo, na ɛboa ma wonya ahonim pa wɔ Yehowa anim.—Romafo 13:1, 4, 5.
Onyankopɔn adamfo Abraham yɛɛ ahonim ho nhwɛso pa. Wɔ ne bere so no, apuei fam ahemfo baanan dii ahemfo a wɔwɔ faako a Lot te no so nkonim, na asraafo no wiaa nneɛma a ɛsom bo pii kɔe. Abraham tiw atamfo no kodii wɔn so nkonim, na ɔde awifode no san bae. Sodom hene ka kyerɛɛ Abraham sɛ:”Fa ahode no” sɛ akatua. Nanso, Abraham de nneɛma no maa wɔn wuranom ankasa kae sɛ: “Meremfa biribiara a ɛyɛ wo de, na woanka sɛ: Me na mama Abraham anya ne ho.”—Genesis 14:1-24.
Kristofo ani nnye sika fam mfaso bi a awifode betumi ama wɔanya no ho. Yeremia kyerɛwee sɛ: “Nea ɔpɛ ade anya na onnya no trenee so no te sɛ akokɔhwerew a obutuw nkesua a ɛnyɛ ɔno na ɔtowee so.” (Yeremia 17:11) Enti, wɔ nyansa a wɔda no adi denam Kaesare mmara a ɛfa awifode ho a wodi so akyi no, Kristofo wɔ ɔpɛ sɛ wobegyina Onyankopɔn atɛntrenee akyi, denam pene a wɔrempene sɛ wɔbɛma wɔde wɔn abata nsisi a ɛne korɔnbɔ ho no so. Dawid kyerɛw sɛ: “Ade kakra a onipa trenee wɔ no ye sen abɔnefo bebree ahonyade dodow.”—Dwom 37:16.