Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 5/15 kr. 27
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Honhom Fam Asɔrefie Kɛse No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Hokwan a Woanya De Resom Wɔ Yehowa Honhom Fam Asɔrefie No, Ma W’ani Nsɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Ɔhene Mesia no Hu
    “W’Ahenni Mmra”
  • ‘Asɔrefie Ma Amanaman Nyinaa’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 5/15 kr. 27

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Sɛnea wɔka siei wɔ Daniel 9:24 no, bere bɛn na wɔsraa “akronkronne mu adekronkron” no?

Daniel 9:24-27 yɛ nkɔmhyɛ a ɛfa “obirɛmpɔn a wɔasra no”—Kristo—ho. Enti sra a wɔbɛsra “akronkronne mu adekronkron” a wɔkaa ho asɛm siei no mfa Yerusalem asɔrefie no mu Kronkron mu Kronkronbea no ho. Mmom no, asɛm “akronkronne mu adekronkron” no fa Onyankopɔn soro kronkronbea—ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea—a ɛwɔ Yehowa honhom mu asɔrefie kɛse no mu no ho.a—Hebrifo 8:1-5; 9:2-10, 23.

Bere bɛn na Onyankopɔn honhom mu asɔrefie no fii ase yɛɛ adwuma? Wo de, susuw nea ɛkɔɔ so bere a Yesu kɔe sɛ wɔmmɔ no asu wɔ afe 29 Y.B. mu no ho hwɛ. Efi saa bere no, Yesu dii nsɛm a ɛwɔ Dwom 40:6-8 no ho dwuma wɔ n’asetra mu. Akyiri yi ɔsomafo Paulo kyerɛe sɛ na Yesu abɔ Onyankopɔn mpae sɛ: “Afɔre ne ayɛyɛde, woampɛ, ɔhonam na woasiesie de ama me.” (Hebrifo 10:5) Ná Yesu nim sɛ Onyankopɔn ‘mpɛ’ sɛ wɔkɔ so de mmoa bɔ afɔre wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. Mmom no, na Yehowa asiesie ɔhonam a ɛyɛ pɛ ama Yesu sɛ ɔmfa mmɔ afɔre. Bere a Yesu rekyerɛ ɔpɛ a ofi komam wɔ no, ɔtoaa so sɛ: “Hwɛ, mereba, wɔakyerɛw me ho asɛm wɔ nhoma mmobɔwee no mu sɛ merebɛyɛ nea wo, Onyankopɔn, wopɛ.” (Hebrifo 10:7) Na dɛn na Yehowa kae? Mateo Asɛmpa no ka sɛ: “Wɔbɔɔ Yesu asu wiei no, ntɛm ara na ofii nsu no mu, na hwɛ, ɔsoro bue maa no, na ohuu Onyankopɔn honhom sɛ ɛresian sɛ aborɔnoma aba no so. Na hwɛ, ɛnne bi fi soro kae sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani.”—Mateo 3:16, 17.

Gye a Yehowa Nyankopɔn gyee Yesu honam a ɔde bɔɔ afɔre toom no kyerɛe sɛ na afɔremuka bi a ɛsen afɔremuka ankasa a na ɛwɔ Yerusalem asɔrefie hɔ no aba. Ná eyi yɛ Onyankopɔn “apɛde” afɔremuka, anaa nhyehyɛe a ɔnam so begye Yesu desani nkwa sɛ afɔre no. (Hebrifo 10:10) Honhom kronkron a wɔde sraa Yesu no kyerɛe sɛ afei de Onyankopɔn de ne honhom mu asɔrefie nhyehyɛe no nyinaa asi hɔ.b Enti, bere a wɔbɔɔ Yesu asu no na wɔsraa Onyankopɔn soro atrae, anaasɛ woyi sii hɔ, sɛ “akronkronne mu adekronkron” wɔ honhom mu asɔrefie kɛse no nhyehyɛe mu.

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu Onyankopɔn soro asɔrefie no afã horow ho nsɛm a, hwɛ July 1, 1996, Ɔwɛn-Aban, nkratafa 14-19.

b Wɔkaa eyi ho asɛm wɔ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No! kratafa 195.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Wɔsraa “akronkronne mu adekronkron” no bere a wɔbɔɔ Yesu asu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena