Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 6/1 kr. 3-4
  • Gyinapɛn Ahorow Asakra, Na Ahotoso Ho Aba Asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyinapɛn Ahorow Asakra, Na Ahotoso Ho Aba Asɛm
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Abusua ne Abrabɔ Fam Gyinapɛn Ahorow
  • Hena Gyinapɛn na Wubetumi De Wo Ho Ato So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Gye Yehowa Mmara a Ɛfa Abrabɔ Ho no Tom
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Papa Ne Bɔne: Hena Akwankyerɛ Na Wopɛ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2024
  • Yehowa Nkurɔfo Ani Gye Ho Paa Sɛ Wɔbɛyɛ Adetrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 6/1 kr. 3-4

Gyinapɛn Ahorow Asakra, Na Ahotoso Ho Aba Asɛm

England Hene Henry I bere so (1100-1135) no, na wɔkyerɛ sɛ efi “ɔhene hwene ano kosi n’abasa a wateɛ mu kokurobeti ano” na ɛyɛ basafa biako. Na susudua ahorow a Ɔhene Henry nkurɔfo de susuw ade no teɛ kosi he? Ɛkame ayɛ sɛ sɛ obi behu no yiye a, na gye sɛ ɔkɔ ɔhene no anim.

ƐNNƐ, wɔnam gyinapɛn ahorow a wɔde susuw ade so ama sɛnea wosusuw ade no mu ada hɔ yiye. Enti wɔkyerɛ mita ase sɛ ɔkwan a hann tumi twa wɔ anibu biako biara mu a wɔde 299,792,458 akyɛ mu. Nea ɛbɛma ayɛ pɛpɛɛpɛ no, wɔde kanea hann titiriw bi a ɛnsakra na edi dwuma. Sɛ nnipa a wɔwɔ baabiara wɔ afiri a ɛma wonya gyinapɛn no bere nyinaa a, wobetumi ahwɛ ahu sɛ sɛnea wosusuw ade no ne obiara de hyia pɛpɛɛpɛ.

Nanso, ɛmfa ho sɛnea nsakrae a ɛba susudua ahorow mu sua no, ebetumi de adwenem naayɛ aba, enti wɔbɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛbɔ gyinapɛn ahorow ho ban. Wɔ Britain sɛ nhwɛso no, nea wogyina so susuw biribi mu duru yɛ ɔdaban bi a wɔde platinum ne iridium a wɔde afra ayɛ a emu duru yɛ kilogram biako. Wɔde saa ɔdaban yi ato National Physical Laboratory. Efĩ a kar ne wimhyɛn a etwam ma ɛba mframa mu no ma nea wogyina so susuw kilogram no mu duru no bi bɛka ho da biara. Nanso, saa ɔdaban yi ne susudua a wiase nyinaa gyina so susuw ade, na wɔde ahyɛ ahwehwɛ ntoa abiɛsa a mframa ntumi nkɔ mu ase wɔ dan bi ase wɔ Amanaman Ntam Adesusuw ne Adekari Asoɛe a ɛwɔ Sèvres, France no. Nanso saa susudua yi mpo mu duru ntumi nnyina faako esiane nneɛma nketenkete paa a aniwa ntumi nhu a etumi kɔ mu no nti. Ɛde besi nnɛ no, abenfo a wosusuw nneɛma ne emu duru ho no ntumi nnyaa gyinapɛn bi a etumi yɛ pɛpɛɛpɛ bere nyinaa.

Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea nsakrae nketenkete no ho nhia nnipa pii de, nanso gyinapɛn a etumi sakra koraa no betumi ahaw adwene. Wɔ Britain no, nsakrae a wɔyɛe wɔ nneɛma mu duru (nkaribo) mu kɔɔ mɛtric (kilogram ne gram) mu no de adwenem naayɛ kakra aba—na ntease wom. Sotɔɔ wuranom asisifo binom faa hokwan no de sisii wɔn adetɔfo a wonnim nhyehyɛe foforo no mu yiye no.

Abusua ne Abrabɔ Fam Gyinapɛn Ahorow

Na abusua ne abrabɔ fam gyinapɛn ahorow nso ɛ? Nea efi nsakrae a ɛte saa mu ba no betumi asɛe ade kɛse. Amanneɛbɔ a ɛba nnansa yi a ɛfa mmusua a emu apaapae, nna mu ɔbrasɛe, ne mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade, to wɔn mmonnaa, yɛ wɔn basabasa ho no ma nnipa pii ho dwiriw wɔn, na esi so dua sɛ yɛte bere a gyinapɛn ahorow reba fam mu. Nea ɛde awofo biako mmusua, mmofra a “awofo” a wɔwɔ bɔbeasu koro tete wɔn, ne mmofra a wɔwɔ aban hwɛ ase a wɔto wɔn mmonnaa no nyinaa aba ne twe a nnipa atwe wɔn ho afi gyinapɛn a eye ho no. Nnipa pii no ara na wɔreyɛ “ahopɛfo, . . . wɔn a wonni dɔ . . . wɔn a wɔmpɛ papa, . . . wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn,” sɛnea Bible no ka siei bɛyɛ mfirihyia mpem abien a atwam ni no.—2 Timoteo 3:1-4.

Abrabɔ gyinapɛn a aba fam no ne ahotoso a ɛho aba asɛm no wɔ abusuabɔ ankasa. Nnansa yi ara, mfomso ahorow a wɔboapa ayɛ wɔ nnuruyɛfo adwuma no gyinapɛn a ɛkorɔn mu no bɛdaa adi wɔ Hyde, kurow bi a ɛwɔ England atifi fam, baabi a ɛhɔfo no de wɔn werɛ hyɛɛ oduruyɛfo bi a na “wobu no na wogye no di yiye” mu no. Nanso asɛm baa wɔn ahotoso no ho maa ɛyɛɛ awerɛhow. Ɔkwan bɛn so? Asɛnni ho amanneɛbɔ ma ɛbɛdaa adi sɛ oduruyɛfo bi maa mmea a ɔhwɛ wɔn yare no mu 15 wuwui. Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ polisifo san hwehwɛ nea ɛyɛe a nnipa bɛboro 130 wuwui wɔ oduruyɛfo no nsam no mu. Wosii sɛnea wɔn ahotoso no ho baa asɛm no so dua bere a wobuu oduruyɛfo no fɔ de no kɔtoo afiase no. Wɔsakraa afiase ahwɛfo baanu bi a ɛbɛyɛ sɛ oduruyɛfo yi kum wɔn maame no nnwuma sɛnea ɛbɛyɛ na wɔnhwɛ deduani a wagye dimmɔne yi so. Ɛnyɛ nwonwa sɛ asɛm no ho amanneɛbɔ a epuei wɔ The Daily Telegraph mu no kaa oduruyɛfo a wadi fɔ no ho asɛm sɛ “oduruyɛfo ‘Wudifo.’”

Esiane nsakrae a etumi ba abrabɔ gyinapɛn mu ne kɔ a etumi kɔ fam wɔ asetram afã pii nti no, hena na wubetumi de wo ho ato no so ankasa? Ɛhefa na wubetumi anya gyinapɛn ahorow a ɛnsakra, a otumfoɔ a ɔwɔ tumi a obetumi ahwɛ ma ayɛ adwuma gyina akyi? Asɛm a edi hɔ no bebua nsɛmmisa yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena