Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w03 2/15 kr. 3
  • Onyankopɔn a Yebegye No Adi a Ebia Yennim No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn a Yebegye No Adi a Ebia Yennim No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wunim Onyankopɔn Ankasa?
  • Hena Ne Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • Wobɛyɛ Dɛn Ahu Onyankopɔn Yiye?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Yehowa—Onyankopɔn a Ɛfata sɛ Yehu No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nnɛyi Mmofra Gye Onyankopɔn Di Dɛn?
    Nyan!—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
w03 2/15 kr. 3

Onyankopɔn a Yebegye No Adi a Ebia Yennim No

GERMANFO baasa biara mu baanu gye Onyankopɔn di. Nanso ɛkame ayɛ sɛ bere a wobisaa wɔn mu bɛyɛ apem sɛnea Onyankopɔn a wogye no di no te no, ɛsono mmuae a wɔn mu biara de mae. FOCUS atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ, “Germanfo adwene a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ho no gu ahorow sɛnea wɔn ankasa gu ahorow no ara pɛ.” Bere a Onyankopɔn mu gyidi fata nkamfo no, so ɛnyɛ awerɛhow sɛ obi begye no adi a onnim sɛnea ɔte ankasa?

Ɛnyɛ Germany nko na nkurɔfo adwene nsi pi wɔ onii ko a Onyankopɔn yɛ ho; ɛte saa ara wɔ Europa mmeae afoforo. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Austria, Britain, ne Netherlands no daa no adi sɛ nnipa dodow no ara gye di sɛ Onyankopɔn yɛ “tumi bi a ɔkorɔn anaa ahintasɛm bi a wontumi nte ase.” Wɔ mmofra mu titiriw no, wɔn a wogye no di no mpo susuw sɛ ɔyɛ biribi a wɔrentumi nte ase.

So Wunim Onyankopɔn Ankasa?

Nsonsonoe kɛse da sɛ́ wunim obi kɛkɛ ne sɛ́ wunim no ankasa mu. Nea obi a wunim no kɛkɛ—ɔhempɔn bi a ɔwɔ akyirikyiri, obi a onim agumadi yiye, sini mu nipa titiriw bi—kyerɛ ara ne sɛ wubegye atom sɛ ɔwɔ hɔ. Nanso, sɛ́ wunim obi ankasa no kɔ akyiri sen saa. Ɛkyerɛ sɛ wubehu saa nipa no suban, sɛnea ɔyɛ n’ade, ne nkate, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ, ne ne nhyehyɛe a wayɛ ama daakye. Hu a wubehu obi ankasa no bue kwan ma wo ne no nya abusuabɔ a emu yɛ den.

Nnipa mpempem pii aka sɛ Onyankopɔn ho adwene bi a wowɔ—anaa nim a wunim sɛ ɔwɔ hɔ kɛkɛ—no ara nnɔɔso. Wɔabɔ mmɔden pii sɛ wobehu Onyankopɔn yiye. So wɔanya so mfaso? Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Paul, a ɔte Germany atifi fam a bere bi na ogye Onyankopɔn di kɛkɛ no sii gyinae sɛ ɔbɛbɛn No kɛse. Paul kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Onyankopɔn a obi behu no yiye no gye bere ne mmɔdenbɔ, nanso ɛso wɔ mfaso ankasa. Ɔbɔadeɛ a me ne no benya abusuabɔ a emu yɛ den no ma da biara da asetra yɛ anigye.”

So adagyew ne mmɔdenbɔ a egye na obi atumi ahu Onyankopɔn yiye no so wɔ mfaso? Yɛsrɛ sɛ kenkan asɛm a edi hɔ no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 3]

Nsonsonoe kɛse da sɛ́ wunim obi kɛkɛ ne sɛ́ wunim no ankasa mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena