Sukuudan Mu Awudi—Sɛnea Akyiri Yi Wɔkyekyee Nkurɔfo Werɛ
NÁ ATESƐM krataa no akyi nyinaa yɛ tumm, na na wɔakyerɛw asɛmfua biako pɛ wɔ akyi: “Adɛn?” Eyi ne asɛm a nnipa pii bisae bere a abarimaa bi a wadi mfe 17 twee tuo sii nnipa so wɔ kurow bi a wɔfrɛ no Winnenden a ɛwɔ Germany anafo fam no. Okunkum nnipa 15, na awiei koraa no, okum ne ho. Wosisii frankaa ti ase wɔ Germany nyinaa, na awudi no ho asɛm trɛw kɔɔ wiase baabiara.
Winnenden yɛ kurow a emufo di yiye, emu dwo, na wodua bobe ne nnuaba ahorow nso wɔ hɔ. Wɔ March 11, 2009 anɔpa no, na biribiara rekɔ so sɛnea ɛsɛ wɔ Albertville ntoaso sukuu no mu. Ɛbɔɔ anɔpa 9:30 no, basabasayɛ bi sii mpofirim ma ɛhɔ yɛɛ bagyabagya.
Aberante bi a na kan ɔkɔ sukuu wɔ hɔ no kɔɔ n’awofo dan mu kɔfaa tuo, na ɔbɔ wuraa sukuu no mu. Ɛhɔ ara na okunkum sukuufo baakron ne akyerɛkyerɛfo baasa wɔ sukuu adan abiɛsa mu ne sukuu no abrannaa so, na opirapiraa nnipa pii. Ankyɛ koraa na polisifo beduu hɔ. Owudifo no guan kɔɔ ayaresabea bi a wɔhwɛ wɔn a wɔwɔ adwenemhaw a ɛbɛn hɔ no prama so. Ɛhɔ nso okum ɔbarima bi a ɔyɛ adwuma wɔ hɔ. Afei, ɔde tuo no kogyinaa ɔhyɛnkafo bi so, na ɔtenaa ne kar no mu. Nanso bere a wotwaa akwansin bɛyɛ 25 no, ɔhyɛnkafo no tumi guanee. Owudifo no bɔ wuraa baabi a wɔtɔn kar, na okum wɔn a wɔtɔn kar no mu biako ne obi a na ɔrebɛtɔ kar. Opiraa polisifo a wɔrepɛ no akyere no no mu baanu nso. Awiei koraa no, bere a polisifo no bɛn no no, ɔbɔɔ ne tirim tuo kum ne ho.
Sɛnea nnipa a wonim owudifo no kyerɛ no, na ɔyɛ aberantewaa a ɔpɛ sɛ afoforo pɛ n’asɛm na onya nnamfo. Ɛnde, dɛn na ɛkaa no? Ɛbɛyɛ sɛ onyaa adwenemhaw, na na ɔde mmofra tuo ne kɔmputa so agodi a awudisɛm wom di agoru. Nanso ebia ebinom bɛka sɛ, mmofra pii nso yɛ saa. Na wɔn a wowuwui ne wɔn a wopirapirae no nso ɛ? So ɔde n’ani sii nnipa pɔtẽẽ bi so, anaasɛ ɔtotoo tuo no kɛkɛ? Ebinom kekaa nea enti a okum mmabaa baawɔtwe ne abarimaa biako pɛ no ho asɛm. Nanso, obiara ntumi nkyerɛkyerɛ nea enti a ɔyɛɛ saa no mu.
Nea Nkurɔfo Kae wɔ Asɛm no Ho
Ɔbea bi a wɔfrɛ no Heike ka sɛ: “Bere a yɛn babarima frɛɛ me wɔ telefon so bɔɔ me amanneɛ sɛ obi abɛtoto tuo wɔ wɔn sukuu mu no, mannye anni. Nanso, bere a metee sɛ polisifo kar ne kar a wɔde fa ayarefo pii rekɔ hɔ no, me koma tui.” Ɛda adi sɛ, sɛ polisifo no amma hɔ ntɛm a, anka owudifo no bekunkum nnipa pii wɔ sukuu no mu. Bere a wɔmaa sukuufo no puei baa abɔnten akyi no, ayarehwɛfo, afotufo, ne asɔfo baa hɔ, na wɔyɛɛ adwumaden de hwɛɛ sukuufo no.
Ntɛm ara na nsɛnkyerɛwfo kɔɔ sukuu no mu, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobebisabisa sukuufo a wɔn mu pii koma atu no nsɛm. Sukuufo no mu biako huu sɛ television adwumayɛkuw ahorow 26 de wɔn kar mmiako mmiako 28 abesisi sukuu no anim. Ná nsɛnkyerɛwfo a wɔabehyia wɔ hɔ no ho pere wɔn sɛ wobenya nsɛm akɔbɔ amanneɛ, na eyi maa wɔbɔɔ wɔn tirim de nsɛm a ɛnyɛ nokware too gua. Da a asɛm no sii ara no, nsɛnkyerɛwfo no mu biako kɔɔ mmeawa a wowuwui no mu biako abusuafo hɔ sɛ wɔmma no abeawa no mfonini, na afoforo nso maa sukuufo no mu binom sika sɛnea ɛbɛyɛ a wobetwa wɔn mfonini. Esiane sɛnea na ɛhɔ ayɛ bagyabagya nti, na ɛte sɛ nea nsɛnkyerɛwfo no nhu nea wɔnyɛ wɔn ho ma enti na obiara ho pere no sɛ obenya asɛm bi de akɔto gua. Eyi amma wɔansusuw wɔn a na asɛm ato wɔn no ho ahe biara.
Sɛ nsɛm a ɛte saa sisi a, nnipa taa kɔ asɔfo hɔ kɔpɛ awerɛkyekye ne wɔn nsɛmmisa ho mmuae. Da a asɛm no sii no, ɔsom ahorow pii boom yɛɛ asɔre. Nnipa pii kyerɛɛ nea wɔyɛɛ no ho anisɔ. Nanso, wɔn a na wɔrehwehwɛ awerɛkyekye afi Onyankopɔn Asɛm mu anaasɛ wɔrepɛ nsɛmmisa a ɛkyere wɔn adwene ho mmuae no nsa sii fam. Abusua bi kɔɔ wɔn babarima yɔnko sukuuni bea bi a owui no ayi ase. Abarimaa no maame kae sɛ: “Ɔsɔfo no kaa Hiob amanehunu no ho asɛm. Ná merehwɛ kwan sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ asuade a ɛwɔ Hiob asɛm no mu, anaasɛ ɔbɛka awerɛkyekyesɛm bi, nanso wanka hwee. Wanka nea enti a Hiob huu amane no ho hwee, saa ara nso na wanka nea efii n’amanehunu no mu bae no nso ho asɛm biara.”
Nsɛm a ntease nnim a ɔbarima bi tee no ma ne bo fuwii. Ná ɔbarima no ne Yehowa Adansefo asua Bible no pɛn, bɛyɛ mfe 30 a atwam no, nanso na wagyae. Afei de, wafi ase kɔ wɔn nhyiam ahorow bio.
Ná abeawa bi a wadi mfe 14 a wɔfrɛ no Valisa ne Adansefo no sua Bible no, na na ɔwɔ sukuudan bi a ɛbɛn baabi a awudi no kɔɔ so no mu. Bere a ɔtee sɛ wɔretoto tuo no, ofii ase bɔɔ Yehowa mpae. Akyiri yi, bere a wobisaa no sɛnea ɔte nka wɔ nea esii no ho no, ɔkae sɛ asɛm a esii no foa nea wasua afi Bible mu a ɛfa nna a edi akyiri yi mu ho no so. (2 Timoteo 3:1-5) Ná Adansefo baanu bi reka awerɛkyekyesɛm akyerɛ wɔn afipamfo bi a adagyew nnim koraa. Ɔbea bi a ne mfe akɔ anim baa wɔn nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛsɛ sɛ nnipa pii yɛ adwuma a moreyɛ yi bi.” Esiane sɛnea awudisɛm no maa nkurɔfo koma tui nti, ɛkaa wɔn mu binom ma wotiee awerɛkyekye ne anidaso nsɛm a ɛwɔ Bible mu no.
Ehu Hyɛɛ Afoforo so Kyɛe
Nokwarem no, nsɛm a ɛma abotɔyam a wobetumi aka de akyekye wɔn a asɛm too wɔn no werɛ no rentumi nyi ahodwiriw ne abasamtu a ɔhaw no de baa wɔn so no nyinaa mfi hɔ. Asɛm biara nni hɔ a wobetumi aka de akyekye ɔwofo bi a ne ba wui anaa polisini no a otuu mmirika kɔɔ sukuu no mu kohui sɛ ne yere ka wɔn a wɔakum wɔn no ho no werɛ.
Sukuufo a wɔanwuwu anaa wɔampirapira no ne wɔn abusuafo hawee yiye wɔ akwan pii so. Bere a owudifo no fii ase totoo tuo no, Vassilios huruw faa mpoma mu. Ɔka sɛ: “Bere a mihuruw faa mpoma no mu no, mebɔɔ Yehowa mpae. Ná misusuw sɛ merebewu. Ná mete nka paa sɛ me mpaebɔ a etwa to ara ni.” Adapɛn bi akyi no, ahude a ohui no gyinagyinaa n’ani so, na na ɔmpɛ sɛ ɔne obiara kasa. Bere a ohuu sɛnea na nsɛnkyerɛwfo no de awudi no repɛ sika na wonsusuw wɔn a wohuu amane no ho no, ɛhyɛɛ no abufuw paa. Bere bi akyi no, n’ani baa ne ho so.
Ná Jonas ne Vassilios nyinaa wɔ sukuudan biako mu, na wokum n’adesuakuw mufo baanum wɔ n’anim. Jonas ka sɛ: “Awudi no akyi no, na ɛnyɛ den sɛ mɛkyerɛkyerɛ nea esii no mu; ná ɛte sɛ nea merehwɛ sini bi a ɛyɛ hu. Nanso seesei, ɛyɛ den sɛ mɛkyerɛkyerɛ sɛnea mete nka wɔ nea esii no ho no mu. Mitumi yɛ basaa. Ɛtɔ da a, mempɛ sɛ mɛka nea esii no ho asɛm koraa; nanso ɛtɔ da bi a, meka ho asɛm pii.” Sɛ Jonas da a, na ontumi nna, na na ɔsoso dae a ɛyɛ hu nso.
Nna bi akyi no, wɔde sukuufo no nneɛma a wogyaw wɔ sukuudan no mu no maa wɔn. Adwene ne nneyɛe ho animdefo a wɔbaa hɔ no de kɔkɔbɔ mae sɛ, sɛ mmofra no hu wɔn nneɛma no a, ebetumi ama wɔakaakae nea esii no. Mfiase no, na Jonas mpɛ sɛ ɔde ne nsa ka atade a na ɔhyɛ gu n’atade so, ne sukuu bag, ne ɛkyɛ a ɔhyɛ de ka moto no. Afei nso, bere biara a obehu obi a ɔsɛ owudifo no anaa obi a ɔde bag ahyɛ n’akyi te sɛ owudifo no, ehu ka no. Bere a n’awofo hwɛɛ sini bi a obi too tuo wom no, ne ho popoe. Nnuruyɛfo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa nnipa a wohyiaa akwanhyia no na wɔatumi ayi wɔn adwene afi so.
Jonas papa, Jürgen yɛ adwuma wɔ ayaresabea a wokum odwumayɛni bi wɔ hɔ no. Ɔkae sɛ na awofo ne adwumayɛfo binom bisabisa nea enti a ɛbaa saa de haw wɔn ho. Afei nso, na wobisa wɔn ho sɛ, sɛ wɔn na ɛtoo wɔn a anka wɔbɛyɛ dɛn? Sɛ́ nhwɛso no, obi a ɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea hɔ a na ogyina abrannaa so no hui sɛ owudifo no retwam. Adwene a onyae sɛ anka owudifo no betumi akum no no ma onyaa adwenemhaw ma enti ɛho behiae sɛ wɔde no kɔ ayaresabea.
Sɛnea Wɔboaa Ebinom ma Wogyinaa Tebea no Ano
Dɛn na aboa ebinom ma wɔatumi agyina ahude a ɛte saa ano? Jürgen ka sɛ: “Ɛwom sɛ ɛtɔ da a ɛyɛ den de, nanso sɛ wo ne afoforo bɔ a ɛboa. Sɛ wuhu sɛ afoforo dwen wo ho, na wonyɛ ankonam a, ɛma wo koma tɔ wo yam.”
Jonas ani sɔɔ mmoa a afoforo de maa no no nso. Ɔka sɛ: “Nnipa pii kyerɛw krataa de bɛkyekyee me werɛ. Ná kyerɛw nsɛm wɔ ebinom de mu, na mekenkanee. Eyinom nyinaa hyɛɛ me nkuran.” Dɛn bio na ɛboaa no? Ɔka sɛ: “Sɛ m’ani tew anadwo na mintumi nna a, mebɔ mpae. Ɛtɔ mmere bi a mitie nnwom anaa Awake!a mu nsɛm a wɔakyere agu afiri so.” Ɔtoaa so sɛ, Bible no ma yehu nea enti a eyinom nyinaa sisi: Satan na odi wiase yi so, na yɛte nna a edi akyiri no mu. Jonas papa ka sɛ nimdeɛ a ɛte saa no boa ma wotumi gyina tebea no ano.
Ɛrenkyɛ Amanehunu To Betwa
Nna kakraa bi akyi no, ɔmanfo de kyɛnere, nhwiren, ne nkrataa a wɔakyerɛw besum sukuu no anim. Ɔbea bi a wɔfrɛ no Kerstin hui sɛ nkurɔfo akyerɛw nsɛm rebisa nea enti a biribi a ɛte saa sii, ne nea enti a Onyankopɔn maa ho kwan. Ná ɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo yi nya wɔn nsɛmmisa no ho mmuae, enti ɔne Adansefo afoforo baanu kyerɛw krataa de kɔkaa nea afoforo akyerɛw no ho.
Bere a wɔreyɛ awufo som ama wɔn a wowuwui no, television adwumayɛbea bi faa wɔn krataa no mu nsɛm a edi kan no de kyerɛe. Ná ɛka sɛ: “Adɛn? Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, nkurɔfo pii abisa asɛm yi mpɛn pii. Wɔtaa bisa sɛ: Ná Onyankopɔn wɔ he? Na dɛn nti na ɔmaa kwan ma asɛm a ɛte saa sii?” Awerɛhosɛm ne sɛ, wotwaa asɛm no so.
Dɛn nti na yɛka sɛ ɛyɛ awerɛhosɛm? Efisɛ krataa no mu nsɛm kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ nea ɛde amanehunu nyinaa bae no mu, na ɛkae sɛ Onyankopɔn “bɛhwɛ asiesie nneɛma a nnipa asɛe no no nyinaa.” Afei ɛtoa so sɛ: “Wɔ Bible mu nhoma a etwa to no mu no, Onyankopɔn ka sɛ ɔbɛpopa nnipa aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.” Yehowa Nyankopɔn benyan wɔn a wɔawuwu no mpo. Wɔ n’Ahenni a ɛrenkyɛ ɛbɛba no mu no, wobeyi asiane, awudi, ne amanehunu afi hɔ koraa. Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ: “Hwɛ! mereyɛ nneɛma nyinaa foforo.”—Adiyisɛm 21:4, 5.—w09-E 12/1.
[Ase hɔ asɛm]
a Yehowa Adansefo na wotintim Awake! nsɛmma nhoma no, na wɔn na wɔkyere emu nsɛm no gu afiri so.
[Mfonini wɔ kratafa 29]
Jonas nsa kaa krataa bi a na wɔakyerɛw akyi sɛ, “Yedwen wo ho”
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]
Focus Agency/WPN
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 26]
© imagebroker/Alamy
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 27]
Mfonini: picture alliance
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]
Mfonini: picture alliance