Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w11 10/1 kr. 32
  • “O Yehowa, . . . Wunim Me”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “O Yehowa, . . . Wunim Me”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Onyankopɔn Nim Wo Ankasa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Onyankopɔn Nim Wo Yiye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yehowa Yɛɛ ‘Ogyefo’ Wɔ Mmere A Na Wɔrekyerɛw Bible No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Fa Wo Ho To Onyankopɔn Honhom So Na Gyina Asetram Nsakrae Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
w11 10/1 kr. 32

Bɛn Onyankopɔn

“O Yehowa, . . . Wunim Me”

“ADE a ebetumi ayɛ adesoa kɛse ama obi ne sɛ obehu sɛ obiara nnwen ne ho anaa wɔnte no ase.”a So woate nka saa pɛn? So woate nka pɛn sɛ obiara nnwen wo ho anaasɛ obiara nte wo tebea ase na kampɛsɛ wɔate sɛnea wote nka no ase? Sɛ saa a, wubetumi anya awerɛkyekye wɔ asɛm yi mu: Yehowa dwen n’asomfo ho paa ma enti ohu nea ɛto wɔn da biara da wɔ asetena mu. Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 139 no ma yenya nokwasɛm yi mu awerɛhyem.

Dawid nyaa ahotoso sɛ Onyankopɔn dwen ne ho ma enti ɔkae sɛ: “O Yehowa, woahwehwɛ me mu, na wunim me.” (Nkyekyɛm 1) Dawid de mfatoho a ɛka koma dii dwuma wɔ ha. Hebri adeyɛ asɛm a wɔakyerɛ ase ‘hwehwɛ mu’ no betumi akyerɛ sɛ obi retutu fam ahwehwɛ abo (Hiob 28:3), sɛ́ obi kyinkyin hwehwɛ sɛnea asase bi te (Atemmufo 18:2), anaasɛ obi rehwehwɛ asɛm bi mu ahu mu nokwasɛm (Deuteronomium 13:14). Yiw, Yehowa nim yɛn paa te sɛ nea wahwehwɛ biribiara a ɛkɔ so wɔ yɛn asetena mu baabiara no. Dawid de edin nsiananmu “me” no dii dwuma de kyerɛɛ yɛn sɛ Onyankopɔn dwen n’asomfo mu biara ho. Ɔhwehwɛ wɔn mu na ohu wɔn sɛ ankorankoro.

Dawid kyerɛkyerɛɛ sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn mu no kɔɔ akyiri, na ɔkae sɛ: “Wo na wunim m’asetena mu ne me sɔre mu. Woahu m’adwene fi akyirikyiri.” (Nkyekyɛm 2) Ɔkwan bi so no, Yehowa te “akyirikyiri,” wɔ ɔsoro. Nanso, onim bere a yɛayɛ adwuma da mu no nyinaa abrɛ na afei yɛatena ase, ne bere a yɛasɔre anɔpa rekɔ yɛn nnwuma ahorow so no. Onim yɛn nsusuwii, nea yɛpɛ, ne nea ɛwɔ yɛn komam nso. So Dawid suroe sɛ Yehowa bɛyɛ ne mu nhwehwɛmu akɔ akyiri saa? Wansuro, na mmom Dawid maa kwan ma Yehowa yɛɛ ne mu nhwehwɛmu kɔɔ akyiri. (Nkyekyɛm 23, 24) Dɛn ntia?

Ná Dawid nim sɛ Yehowa de adwempa na ɛhwehwɛ N’asomfo mu. Dawid kaa eyi ho asɛm sɛ: “M’akwantu ne me nnae mu, wo na wubu ho akontaa, na wunim m’akwan nyinaa.” (Nkyekyɛm 3) Da biara da, Yehowa hu ‘yɛn akwan nyinaa’—yɛn sintɔ ne nneɛma pa a yɛyɛ no. So ɔde n’adwene si yɛn bɔne anaa papa a yɛyɛ no so? Hebri asɛmfua a wɔakyerɛ ase “wubu ho akontaa” no betumi akyerɛ “huhuw” te sɛ nea okuafo huhuw awi so yiyi mu ntɛtɛwa no. Wɔde kasasin “wunim” dii dwuma de kyerɛɛ Hebri asɛmfua a wobetumi akyerɛ ase sɛ “anisɔ.” Sɛ Yehowa hwehwɛ nsɛm a n’asomfo ka ne nneɛma a wɔyɛ da biara da mu a, oyi papa a ɛwom no. Dɛn ntia? N’ani sɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛsɔ n’ani no.

Dwom 139 kyerɛkyerɛ yɛn sɛ, Yehowa dwen n’asomfo ho paa. Ɔhwehwɛ wɔn mu na ɔhwɛ wɔn so wɔ wɔn da biara da asetena mu. Onim wɔn haw, na ɔte yaw a ɔhaw a ɛte saa ma wodi wɔ adwene ne koma mu no ase. So wo koma ka wo sɛ, som saa Nyankopɔn yi? Sɛ saa a, wubetumi anya awerɛhyem sɛ: Yehowa ‘werɛ remfi w’adwuma ne ɔdɔ a wodaa no adi wɔ ne din ho’ no da.—Hebrifo 6:10.—w11-E 09/1.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɛyɛ asɛm a Arthur H. Stainback kae na wɔafa aka.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena