Emu Nsɛm
October 15, 2011
Nea Adesua Nsɛm Wom
ADESUA NSƐM MA ADAPƐN A EDIDI SO YI:
November 28, 2011–December 4, 2011
So Mfaso Wɔ Nea Wode Gye W’ani So?
KRATAFA 8
December 5-11, 2011
KRATAFA 13
December 12-18, 2011
Fa Wo Ho To “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn” Yehowa So
KRATAFA 23
December 19-25, 2011
‘Monkyekye Wɔn a Wodi Awerɛhow Nyinaa Werɛ’
KRATAFA 27
Adesua Nsɛm No Atirimpɔw
ADESUA ASƐM 1 KRATAFA 8-12
Ɛmfa ho baabiara a yɛte no, sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde nneɛma a mfaso wɔ so agye yɛn ani. Saa adesua yi bɛma yɛahu sɛnea yɛbɛhwehwɛ nneɛma a yɛde gye yɛn ani mu ahwɛ sɛ edi mũ anaa.
ADESUA ASƐM 2 KRATAFA 13-17
Sɛ obi si gyinae sɛ obedi sigya anaa ɔbɛware a, ɛka n’asetena nyinaa ne abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ nso. Adesua yi bɛma yɛahu sɛnea Onyankopɔn asomfo a wɔyɛ asigyafo ne awarefo betumi de Bible mu afotu a ɛwɔ 1 Korintofo ti 7 no ayɛ adwuma ma aboa wɔn wɔ ade a ɛho hia wɔ asetena mu yi ho.
ADESUA NSƐM 3, 4 KRATAFA 23-31
Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, nneɛma a ɛma yɛkɔ ahohia mu pii to Yehowa asomfo ne afoforo. Saa tebea horow yi bi ne dɛn? Ɛhe na yebetumi anya awerɛkyekye a ɛbɛboa yɛn? Adesua nsɛm abien yi bɛma yɛahu sɛnea Yehowa ne n’Adansefo kyekye nkurɔfo werɛ wɔ saa mmere bɔne yi mu.
NEA ƐWƆ EYI MU NSO
3 Dɛn Nti na Ɛho Hia Paa sɛ ‘Yɛkɔ so Wɛn’?
18 Ɛyɛ Me Anigye sɛ Meresom Yehowa
32 Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 2]
Asase mfonini: Courtesy of Replogle Globes