Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 5/1 kr. 15
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn a ‘Oyi Ne Yam De Bɔne Kyɛ’
    Bɛn Yehowa
  • Onyankopɔn De Bɔne Firi a, Ɔma Ne Werɛ Fi Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Yehowa, Onyankopɔn a ‘Wayɛ Krado Sɛ Ɔde Bɔne Befiri’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Yehowa Bɔnefakyɛ De, Ɛso Bi Nni
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 5/1 kr. 15

BIBLE NSƐMMISA HO MMUAE

Onyankopɔn betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn anaa?

Yebetumi asɔ Onyankopɔn ani; ɛmmoro yɛn ahoɔden so

Bible ka sɛ nnipa nyinaa yɛ abɔnefo. Yɛn nyinaa fi onipa a odi kan, Adam mu, enti ɔde bɔne awo yɛn. Ɛno nti, ɛtɔ da a yɛyɛ bɔne na akyiri yi yɛanu yɛn ho. Onyankopɔn Ba Yesu Kristo awu de apata yɛn bɔne. N’afɔrebɔ wu no nti, yetumi nya bɔne fafiri. Eyi yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ.—Kenkan Romafo 3:23, 24.

Nnipa binom ayɛ bɔne akɛse atia Onyankopɔn, na wosuro sɛ ebia ɔremfa nkyɛ wɔn. Nanso, biribi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛma yɛn ani gye. Ɛka sɛ: “Yesu mogya hohoro yɛn ho fi bɔne nyinaa ho.” (1 Yohane 1:7) Sɛ mpo obi yɛ bɔne a emu yɛ duru, na sɛ onu ne ho paa a, Yehowa yi ne yam de kyɛ no.—Kenkan Yesaia 1:18.

Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na Onyankopɔn de yɛn bɔne akyɛ yɛn?

Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn de yɛn bɔne kyɛ yɛn a, ɛsɛ sɛ yesua ne ho ade hu n’akwan, n’afotu, ne nea ɔpɛ sɛ yɛyɛ, na yɛte ase yiye. (Yohane 17:3) Yehowa yam ye, enti sɛ obi yɛ bɔne na ɔyere ne ho sɛ ɔbɛsesa a, ɔde ne bɔne kyɛ no.—Kenkan Asomafo Nnwuma 3:19.

Yebetumi asɔ Onyankopɔn ani; ɛmmoro yɛn ahoɔden so. Yehowa nim sɛ yɛyɛ mmerɛw. Ɔyɛ mmɔborɔhunufo a ne yam ye. Wohwɛ sɛnea n’adɔe dɔɔso no a, wunhu sɛ ɛsɛ sɛ wusua ne ho ade pii na wuhu nea woyɛ a, ɛbɛsɔ n’ani?—Kenkan Dwom 103:13, 14.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena