Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w13 5/15 kr. 13
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Krɔɔs
    Nyan!—2017
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • So Wunim?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Ɔhene a Ɔnyɛɛ Bɔne Biara Huu Amane Wɔ Dua So
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
w13 5/15 kr. 13

NSƐMMISA A EFI AKENKANFO HƆ

Sɛ Israelfo rekum ɔbɔnefo bi a na wɔsɛn no dua so anikan anaa?

Tete no sɛ na aman pii rekum abɔnefo a, na wɔbɔ wɔn dua mu. Nea na Romafo yɛ ne sɛ wɔkyekyere ɔbɔnefo no fam dua ho anaa wɔde nnadewa bɔ no fam ho. Afei wogyaw no dua no so ma ɔteetee kosi sɛ sukɔm, ɔkɔm anaa awɔw bɛde no ma wawu. Ná Romafo bɔ abɔnefo dua mu de gu wɔn anim ase.

Tete Israel man no nso ɛ? Sɛ Israelfo rekum abɔnefo a, na wɔsɛn wɔn dua so anaa? Mose Mmara no kae sɛ: “Sɛ ɔbarima bi yɛ bɔne a ɛsɛ owu na wokum no de no sɛn dua so a, mma n’amu no nnsɛn dua so mmma ade nnkye so. Hwɛ sie no da no ara.” (Deut. 21:22, 23) Eyi kyerɛ sɛ, bere a wɔrekyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no, sɛ wobu obi kumfɔ a, wokum no wie ansa na wɔasɛn no dua so.

Enti Leviticus 20:2 ka sɛ: “Israelni anaa ɔhɔho biara a ɔte Israel a ɔde ne ba bɛma Molek no, wonkum no. Asase no sofo nsiw no abo nkum no.” Sɛ obi “di asumansɛm anaa ɔwɔ akɔm honhom” a, wokum no. Ɛnde, ɔkwan bɛn na na wɔfa so yɛ saa? ‘Wosiw no abo.’—Lev. 20:27.

Deuteronomium 22:23, 24 ka sɛ: “Sɛ ɔbarima bi nsa da ababaa a ɔyɛ ɔbaabun so na ɔbarima foforo hu no wɔ kurom na ɔne no da a, momfa wɔn baanu mmra kurow no pon ano na munsiw wɔn abo mma wonwu. Nea enti a ɛsɛ sɛ ababaa no wu ne sɛ ɔwɔ kurom nso wanteɛteɛm, na ɔbarima no nso abrɛ ne yɔnko yere ase. Yɛ saa fa yi bɔne fi wo mfinimfini.” Enti tete Israelfo de, sɛ wobu obi kumfɔ a, na wosiw no abo.a

Bere a wɔrekyerɛw Hebri Kyerɛwnsɛm no, sɛ wobu obi kumfɔ a, wokum no wie ansa na wɔasɛn no dua so

Deuteronomium 21:23 ka sɛ: “Onyankopɔn nnome wɔ obiara a wɔasɛn no so.” Sɛ wɔsɛn obi a ‘Onyankopɔn adome’ no funu wɔ abɔnten a, na ɛyɛ kɔkɔbɔ ma Israelfo no.

a Nhomanimfo pii gye tom sɛ, Mose Mmara no ase no, na wokum ɔbɔnefo ansa na wɔde n’amu akɔsɛn dua so. Nanso adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ eduu afeha a edi kan no na Yudafo bɔ abɔnefo bi asɛnduam anikan.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena