Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp17 nɔma 1 kr. 4
  • Mɛyɛ Dɛn Afi Ase?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Afi Ase?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wopɛ Sɛ Wunya Bible No So Mfaso Paa a, Dɛn Na Wobɛyɛ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Bata Akenkan Ho
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Bible a Yɛbɛkenkan no Daa so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Nea Enti a Ehia Sɛ Mmofra Kenkan Ade—Ɔfã 1: Wobɛkan Ade Anaa Wobɛhwɛ Biribi?
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2017
wp17 nɔma 1 kr. 4

ASƐM A ƐDA SO | WOBƐYƐ DƐN ANYA BIBLE AKENKAN SO MFASO?

Mɛyɛ Dɛn Afi Ase?

Ɔbaa bi rebɔ mpae ansa na wakenkan Bible

Sɛ wopɛ sɛ wokenkan Bible nya so mfaso paa a, wobɛyɛ no sɛn? Nnipa bebree afa akwan nnum yi so anya so mfaso. Ma yɛnhwɛ.

Pɛ baabi pa. Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Hwɛ sɛ woremma biribiara ntwetwe w’adwene. Sɛ wunya baabi a kanea ne mframa pa wɔ a, w’ani begye akenkan no ho paa.

Yɛ w’adwene yiye. Yɛn soro Agya na ɔde Bible no ama yɛn. Enti sɛ wobrɛ wo ho ase te sɛ abofra a ɔrepɛ biribi asua afi n’awofo nkyɛn a, wubenya so mfaso pii. Sɛ wowɔ adwene bi a ɛnteɛ wɔ Bible ho a, bɔ mmɔden pia to nkyɛn na ma Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ wo.—Dwom 25:4.

Di kan bɔ mpae. Nsɛm a ɛwɔ Bible mu nyinaa fi Onyankopɔn hɔ enti ɔno nko ara na obetumi aboa yɛn ama yɛate ase. Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde “honhom kronkron bɛma wɔn a wobisa no.” (Luka 11:13) Honhom kronkron betumi aboa wo ama woate Bible ase. Nkakrankakra ebebue w’adwenem ama woate “Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ no mpo” ase.—1 Korintofo 2:10.

To wo bo ase. Worekenkan a, mfa ntu mmirika. Fa w’adwene di nea worekenkan no akyi. Wubetumi abisa wo ho nsɛm bi te sɛ: ‘Nipa a merekenkan ne ho asɛm yi, ne suban te sɛn? Mɛyɛ dɛn de abɔ me bra?’

Fa biribi si w’ani so. Sɛ wubenya Bible akenkan so mfaso a, fa si w’ani so sɛ wobɛhwehwɛ biribi pɔtee a ɛbɛboa wo. Wubetumi de biribi sei asi w’ani so: ‘Mepɛ sɛ mihu Onyankopɔn yiye.’ ‘Mepɛ sɛ mesesa me suban. Mepɛ sɛ meyɛ okunu anaa ɔyere pa.’ Afei hwɛ baabi pɔtee a ebetumi aboa wo ama woadu botae no ho.a

Nneɛma nnum a yɛaka ho asɛm yi betumi aboa wo ama woakenkan Bible. Ɛnde dɛn na wobɛyɛ na akenkan no ayɛ wo dɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛboa wo.

a Sɛ wofa Bible, na sɛ wunhu baabi pɔtee a wobɛkan a, ɛnde Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo.

NEA ƐBƐMA WOANYA SO MFASO

  • To wo bo ase kenkan, mfa ntu mmirika

  • Fa wo koma hyem, na twa ho mfonini

  • Hwɛ sɛ wubehu asɛm no nyinaa ani so

  • Sua biribi fi mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena