“Ɔtreneeni Bedi Ahurusi Yehowa Mu”
DIANA adi mfe 80 ne akyiri. Adwenemyare bi a wɔfrɛ no Alzheimer bɔɔ ne kunu ma wɔde no kɔtoo baabi a wɔhwɛ nkwakoraa ne mmerewa mfe bi ansa na ɔrewu. Diana mmabarima mmienu nso wui, na ɔno nso, kokoram tɔɔ ne nufu mu. Nanso, bere biara a Diana asafo mufo behu no wɔ Ahenni Asa so anaa asɛnka mu no, wohu sɛ n’ani agye.
Ná John de bɛboro mfe 43 ayɛ ɔhwɛfo kwantufo adwuma. Ná n’ani gye saa ɔsom adwuma no ho, na na ɛno ara ne ne biribiara! Nanso, ɛbae sɛ ɛsɛ sɛ ogyae akwantu adwuma no kɔhwɛ ne busuani bi a ɔyare, na seesei ɔsom wɔ asafo bi mu. Sɛ wɔn a na wonim John bere bi a atwam no hu no wɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam ase a, wohu sɛ ɔnsesae koraa. N’ani da so ara gye pa ara.
Dɛn na ɛma Diana ne John ani tumi gye? Ɛbɛyɛ dɛn na obi a wahaw na ɔrehu amane wɔ nipadua mu ani atumi agye? Sɛ ɔsom hokwan a ɛda obi koma so fi ne nsa a, ɛbɛyɛ dɛn na n’ani atumi akɔ so agye? Bible ma yenya mmuae. Ɛka sɛ: “Ɔtreneeni bedi ahurusi Yehowa mu.” (Dw. 64:10) Sɛ yehu nea ɛma yɛn ani gye wɔ yɛn komam ne nea ɛma yedi awerɛhow a, yebetumi ate saa nokwasɛm yi ase yiye.
ANIGYE A ƐNTENA HƆ NKYƐ
Wunim pa ara sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a, mpɛn pii no, ɛma yɛn ani gye. Wo de, hwɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔdɔ wɔn ho a wɔrebɛware. Anaa hwɛ obi a ɔrebɛyɛ agya anaa ɛna, anaa wanya ɔsom hokwan wɔ Yehowa asafo mu. Saa nneɛma yi de anigye ba, efisɛ ne nyinaa fi Yehowa hɔ. Yehowa na ɔhyehyɛɛ aware; ɔno na ɔma nnipa tumi wo mma. Ɔno ara nso na ɔnam Kristofo asafo no so de dwumadi hyehyɛ afoforo nsa.—Gen. 2:18, 22; Dw. 127:3; 1 Tim. 3:1.
Nanso, nneɛma a ɛma yɛn ani gye no, ebi ntena hɔ nkyɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ, obi aware mu hokafo betumi afi n’akyi anaasɛ obetumi awu. (Hes. 24:18; Hos. 3:1) Mmofra binom yɛ wɔn awofo ne Onyankopɔn so asoɔden, na wotumi tu wɔn fi asafo no mu mpo. Samuel mmabarima ansom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ Yehowa ani so, na Dawid nneyɛe maa mmusu fii n’ankasa fie baa no so. (1 Sam. 8:1-3; 2 Sam. 12:11) Sɛ nsɛm a ɛte saa sisi a, ɛde awerɛhow ne ɛyawdi na ɛba. Nokwasɛm ne sɛ, ɛmma yɛn ani nnye.
Saa ara na hokwan a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn som mu betumi aba awiei. Nea ɛma etumi ba saa no bi ne yare, abusua mu asɛyɛde, anaa nsakrae a wɔyɛ wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Nnipa a wɔafa nsakrae a ɛte saa mu no pii aka sɛ wɔn ani gyina anigye a na wɔn adwuma no ma wonya no.
Ɛnyɛ den koraa sɛ yebehu sɛ, anigye a saa nneɛma yi ma yenya no, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛtena hɔ kyɛ. Enti, anigye foforo bi wɔ hɔ a sɛ ɛba mpo sɛ nneɛma nkɔ yiye a, ɛno de ɛnsɛe anaa? Yebetumi aka sɛ ebi wɔ hɔ, efisɛ bere a Samuel, Dawid, ne afoforo refa sɔhwɛ mu no, na wɔwɔ anigye.
ANIGYE A ƐTENA HƆ DAA
Ná Yesu nim nea wɔfrɛ no anigye ankasa. Bere a Yesu wɔ soro a onnya mmaa asase so a na nneɛma kɔ yiye no, na ‘n’ani gye Yehowa anim daa.’ (Mmeb. 8:30) Nanso, bere a Yesu baa asase so no, ɛtɔ da a, na ohyia nsɛnnennen. Ne nyinaa mu no, Yesu de anigye yɛɛ n’Agya apɛde. (Yoh. 4:34) Nanso, ayayade a ɔfaa mu bere a na aka kakra ama wawu no nso ɛ? Bible ka sɛ: “Anigye a na ɛda n’anim nti, ohuu asɛndua ho amane.” (Heb. 12:2) Yebetumi asua nneɛma pii afi nsɛm mmienu bi a Yesu ka faa nea anigye kyerɛ ankasa ho no mu.
Bere bi a Yesu asuafo 70 kɔyɛɛ asɛnka adwuma no, wɔsan baa ne nkyɛn. Wɔn ani gyei, efisɛ na wɔayɛ anwonwade pii, na wotuu ahonhommɔne mpo. Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munnni eyi ho ahurusi, sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo, na mmom munni ahurusi efisɛ wɔakyerɛw mo din wɔ soro.” (Luka 10:1-9, 17, 20) Nokwarem no, Yehowa anim dom a yebenya yɛ ade a ɛho hia koraa sen ɔsom hokwan titiriw bi a yebenya. Yehowa bɛkae asuafo anokwafo no; wei yɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye boro so.
Bere foforo nso, na Yesu rekasa akyerɛ nnipakuw bi. Yudani bea bi kaa ne komam asɛm sɛ maame a ɔwoo ɔkyerɛkyerɛfo pa Yesu no wɔ anigye pa ara. Nanso, Yesu gyee n’ano sii yiye kaa sɛ: “Dabi, mmom, anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!” (Luka 11:27, 28) Sɛ woyɛ ɔwofo a wo mma yɛ osetie a, w’ani betumi agye pa ara; nanso nea ɛbɛma w’ani agye pa ara ne sɛ wobɛyɛ osetie ama Yehowa na wo ne ne ntam ayɛ kama.
Sɛ yehu sɛ Yehowa ani sɔ yɛn a, ɛma yɛn ani gye kɛse. Ɛwom sɛ sɔhwɛ nyɛ anigye de, nanso sɛ yehyia sɔhwɛ mpo a, yenim sɛ Yehowa ani sɔ yɛn. Sɛ yedi nokware wɔ sɔhwɛ mu a, ɛma yɛn ani gye kɛse. (Rom. 5:3-5) Afei nso, Yehowa de ne honhom ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so, na anigye yɛ honhom aba no fã. (Gal. 5:22) Wei boa yɛn ma yɛte Dwom 64:10 ase yiye. Ɛka sɛ: “Ɔtreneeni bedi ahurusi Yehowa mu.”
Dɛn na aboa John ama wakɔ so anya anigye kɛse?
Wei ma yehu nea enti a Diana ne John a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no kɔɔ so nyaa anigye bere a na nneɛma nkɔ yiye mma wɔn no. Diana kaa sɛ: “Mede Yehowa ayɛ me guankɔbea sɛnea abofra de ne werɛ hyɛ n’awofo mu no.” Ɛyɛɛ dɛn na Diana hui sɛ Onyankopɔn ani sɔ no? Ɔkaa sɛ: “Mihu sɛ wahyira me ma mitumi kɔ so de anigye ka asɛmpa no daa.” Bere a John gyaee akwantu adwuma a na ɛda ne koma so no, ɔkɔɔ so de nsi ne ahokeka yɛɛ asɛnka adwuma no. Ɔkyerɛe sɛ, nea ɛboaa no pa ara ni: “Efi afe 1998 a wɔma mekɔkyerɛɛ ade wɔ Asomfo Ntetee Sukuu no, mayɛ kokoam adesua sen bere biara.” Ɔkaa ɔne ne yere ho asɛm sɛ: “Su a yɛde asom Yehowa mfe pii no amma anyɛ den sɛ yɛbɛyɛ saa nsakrae no, efisɛ bere nyinaa na yɛayɛ krado sɛ adwuma biara a wɔde bɛma yɛn no, yɛbɛyɛ. Yennuu yɛn ho da sɛ yɛyɛɛ saa.”
Nnipa pii nso ahu sɛ asɛm a ɛwɔ Dwom 64:10 no yɛ nokware. Nhwɛso bi ni. Awarefo bi de bɛboro mfe 30 yɛɛ adwuma wɔ Betel wɔ United States. Afei wɔma wɔkɔyɛɛ akwampaefo titiriw. Nokwasɛm ni, wɔkaa sɛ: “Sɛ biribi a ɛda wo koma so fi wo nsa a, ɛnyɛ nwonwa sɛ wubedi awerɛhow,” nanso wɔde kaa ho sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wudi awerɛhow daa.” Wɔne asafo a wɔwom no boom yɛɛ asɛnka adwuma ntɛm ara. Awarefo no san kaa sɛ: “Yɛbɔɔ nneɛma pɔtee ho mpae. Afei, bere a yehui sɛ yɛanya yɛn mpaebɔ ho mmuae no, ɛhyɛɛ yɛn nkuran, na yɛn ani gyei. Bere a yeduu baabi a wɔde yɛn kɔe no, ankyɛ na asafo no mufo bi fii ase yɛɛ akwampae adwuma, na yenyaa Bible adesua mmienu a etu mpɔn.”
“MO ANI NNYE DAA”
Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn ani betumi agye. Ɛtɔ da a, yɛn ani begye, ɛtɔ da nso a, yɛn werɛ bɛhow. Nanso, Yehowa de asɛm a ɛwɔ Dwom 64:10 no kyekye yɛn werɛ. Ɛtɔ da na yɛn abam bu mpo a, yebetumi anya ahotoso sɛ wɔn a wɔyɛ ‘adetrenee,’ na wɔkɔ so di nokware ɛmfa ho nea wɔrefa mu biara no “bedi ahurusi Yehowa mu.” Afei nso, yebetumi ahwɛ bere a “ɔsoro foforo ne asase foforo” a Yehowa ahyɛ ho bɔ no bɛbam no kwan. Saa bere no, wobeyi sintɔ afi hɔ korakora. Esiane nneɛma a Onyankopɔn bɛyɛ nti, ne nkurɔfo nyinaa ‘bedi ahurusi na wɔn ani agye daa.’—Yes. 65:17, 18.
Wo de, hwɛ nea wei bɛma yɛanya: yebenya apɔwmuden a edi mũ, na anɔpa biara a yɛbɛsɔre no, na yɛte apɔw. Biribiara a ɛma yedii awerɛhow kɛse bere bi a atwam no, yɛrenkae na ɛremma yenni awerɛhow bio. Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ ‘yɛrenkae kan nneɛma no bio, na ɛremma yɛn komam bio.’ Owusɔre no bɛma yɛahyia yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio. Yesu nyanee awofo bi babea a na wadi mfe 12 maa wɔn. Nnipa ɔpepem pii benya anigye a saa awofo no nyae no bi. Bible ka sɛ: “Wɔn ho dwiriw wɔn.” (Mar. 5:42) Awiei koraa no, onipa biara a ɔwɔ asase so bɛyɛ “ɔtreneeni” mapa, na ‘obedi ahurusi wɔ Yehowa mu’ daa daa.