Asɛnka Ne Asuafoyɛ Adwuma No A Yɛbɛyɛ No Nnam So
1 Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no yɛ adwuma pa. Ɛyɛ adwuma pa araa ma ɛfata sɛ yɛde mmɔdenbɔ a efi yɛn kra nyinaa mu yɛ saa. So wode nnamyɛ nya mu kyɛfa?
2 Dɛn ne nnamyɛ? Kristoni fam no, ɛyɛ mmɔdenbɔ a ɔde di nea ɛteɛ akyi, a egyina ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa ne n’ahyɛde horow so. Obi a ɔyɛ nnam no bɔ mmɔden, ɔyɛ nsi na ne ho yɛ hyew wɔ nokware no mu. Ne nnamyɛ no te sɛ ogya a ɛdɛw wɔ ne mu, ɛkanyan no. Ne koma wɔ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu. Ɔhwehwɛ akwan horow a ɔde bɛka asɛm no.
WƆN A NA WƆYƐ NNAM WƆ BIBLE BERE SO
3 Ná afeha a edi kan no mu Yudafo no binom wɔ “Onyankopɔn ho mmɔdenbɔ, nanso wonni no nimdeɛ mu.” (Rom. 10:2) Wɔn mmɔdenbɔ no amfa ɔkwan pa so. Ɛsɛ sɛ yenya mmɔdenbɔ a egyina nimdeɛ a edi mu so na yɛanya Onyankopɔn mu gyidi ne ne ho dɔ. Sɛ yɛn mmɔdenbɔ rekɔ fam anaa yenni nnamyɛ a, nneɛma pɔtee bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ. Yehowa bɛma yɛayɛ nnam, sɛ yɛma ne ho anisɔ a yɛwɔ kɔ anim, yɛkɔ nhyiam horow daa, sua ade, bɔ mpae srɛ ne nhyira, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebenya asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa a. Saa nneɛma yi a yɛbɛyɛ no bɛma yɛayɛ sɛ Yeremia a ɔyɛɛ nnam wɔ asɛyɛde a wɔde hyɛɛ ne nsa no ho dwumadi mu no.—Yer. 20:9.
4 Ɛdefa Yesu ho no wɔkae sɛ: “Wo fi ho mmɔdenbɔ amene me.” (Dw. 69:9; Yoh. 2:17) Mmɔdenbɔ ho nhwɛso a Yesu yɛe no kaa n’afeha a edi kan no mu asomafo ne asuafo no, sɛnea Asomafo no Nnwuma nhoma no akenkan bɛda no adi no. Ɔrekyerɛ sɛ Korinto Kristofo no mmɔdenbɔ nyaa nkɛntɛnso pa wɔ wɔn a wɔwɔ Akaia no so no, Paulo kae sɛ: “Mo mmɔdenbɔ no akɔkanyan bebree nso.”—2 Kor. 9:2.
5 Te sɛ anuanom a na wɔwɔ Korinto asafo no mu no, yɛn nuanom a wɔwɔ hɔ nnɛ no pii yɛ nnam yiye, na eyi yɛ nhwɛso pa ma afoforo. Susuw amanneɛbɔ pa a yenya fii asafo bi a adawurubɔfo 83 wom nkyɛn no ho hwɛ. 51 de nnɔnhwerew 12 yɛɛ adwuma ɔsram biara; 28 yɛɛ akwampaefo boafo adwuma, ma wɔn mu biara de bɛyɛ nnɔnhwerew 56 kaa asɛm, na wɔn mu baanan resom sɛ daa akwampaefo. Asafo no nyinaa yɛɛ sankɔhwɛ 845, wɔyɛɛ Bible adesua horow 68 na wɔmaa nhoma horow 1,600. Mmɔdenbɔ a ɛte saa a wɔde yɛɛ adwuma wɔ ɔsram mu no hyɛ yɛn nyinaa nkuran, ɛnte saa anaa?
AKWAN HOROW A WOTUMI FA SO DA NNAMYƐ ADI
6 Nnamyɛ bɛka yɛn ma yɛahwehwɛ na yɛde hokwan biara aka asɛmpa no. Nea ɛka kuw adansedi a yɛne asafo no bɛbom ayɛ daa no ho no, yɛbɛma yɛn ani ada hɔ na yɛadi adanse bɔnnɔso, ma ada adi sɛ nokware no wɔ yɛn mu. Ebia wobɛpɛ sɛ wode nhoma ka wo ho kɔ adwuma, anaa bere a wukodi gua, anaa bere a wokɔ ayaresabea. Adawurubɔfo a wɔyɛ saa no nya osuahu ahorow pii a ɛyɛ anigye. Na wo nnamyɛ bɛkanyan wo ma woayɛ wɔn a wɔkyerɛ anigye no ho kyerɛwtohɔ pa na woasan akɔ wɔn nkyɛn daa, ahwɛ sɛ ebia wubetumi afi Bible adesua ase. Ɔkwan foforo nso a yebetumi afa so ada yɛn mmɔdenbɔ adi ne sɛ yɛbɛhyɛ wɔn a wɔnkɔ adansedi daa ne wɔn a wɔagyae koraa no nkuran ma wɔabɛka yɛn ho wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɔsom adwuma ho nhyehyɛe pa a obi wɔ nso betumi ayɛ nea edi nnamyɛ ho adanse. Nnamyɛ kanyan afoforo nso.
7 Yebenya hokwan ahorow pii de ada yɛn mmɔdenbɔ ma Yehowa adi ɔsram yi mu denam yɛn asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so. Momma yɛnkɔ so nyɛ nnipa a wadwira wɔn “ayɛ n’ankasa de a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.”—Tito 2:14.