Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Ɔwɛn-Aban Kra So
1 Obiara a n’adwene mu da hɔ pɛ sɛ ɔtra ase. Nanso, ɛnnɛ, nnipa pii nyɛ hwee a ɛbɛma wɔn nkwa aware. Ahuhubra ne nneɛma a wɔyɛ tra so na abu so. Basabasayɛ ne mmara sobu retrɛw akɔ wiase baabiara a bere bi a atwam no na nkurɔfo wɔ asomdwoe na wɔyɛ nnipa a wodi mmara so. Wɔkɔ so bɔ amanneɛ sɛ obu ma nkwa akɔ fam asen bere biara.
2 Nanso yenim sɛ sɛ obi di Onyankopɔn Asɛm, Bible no, akyi a, nsakrae pa bɛba n’asetra mu. Yehowa bɛma ne nna aware na ɔde mfe pii aka ne nkwa ho.—Mmeb. 3:1, 2.
3 Ɔwɛn-Aban no tumi boa yɛn ma yɛte nea Bible ka ase, na hwɛ hokwan a yɛwɔ sɛ yɛde nhoma nketewa no biako bɛka ho ama de agye ¢8.00. Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ nsɛntitiriw a wɔn a wɔhwehwɛ nkwa kwan no ani begye ho. Nyansahyɛ ahorow bi wɔ nkyekyem a edi so yi mu a ebia wobɛpɛ sɛ wode di dwuma ma wɔkra nsɛmma nhoma no bi.
4 Sɛ wote nka sɛ ofiewura no pɛ nyamesom a, bere a woakyerɛ nipa ko a woyɛ akyi no ebia wubetumi aka sɛ “Nnipa pii pɛ sɛ wɔn asetra yɛ yiye na enti wɔde wɔn ho hyɛ asɔre bi mu. Nanso wonni anigye ara. Nea enti a wonni anigye no fã bi ne sɛ wɔne afoforo a wofi aman horow so nnya Kristofo fekubɔ ankasa. Fekubɔ pa a ɛte saa bɛba asase so nyinaa. Hyɛ asɛm a ɛwɔ 2 Petro 3:13 no nsow. (Kenkan.) Bible bɛboa wo ma woasua Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow no ho ade pii, na nsɛmma nhoma yi, Ɔwɛn-Aban no (fa kyerɛ no) , bɛboa wo ma woate nea Bible kyerɛkyerɛ no ase. (Kyerɛ no asɛm bi a ɛfa nea woaka no ho wɔ mu.) M’ani begye sɛ mɛboa wo ma woakra nsɛmma nhoma yi afe biako a ɛyɛ ¢8.00. Mede saa nhoma yi bɛka nsɛmma nhoma a wobɛkra no ho akyɛ wo.
5 Ɔkwan foforo nso wɔ hɔ a wubetumi afa so asi sɛnea nsɛmma nhoma no boa ɔkenkanfo ma ɔte kyerɛw nsɛm ase ntɛm so dua. Sɛ nhwɛso no, bere a woada wo ho adi no wubetumi aka sɛ: “Amanneɛbɔ bi kyerɛ sɛ asomdwoe nni okununom ne ɔyerenom pii ntam. Ebinom mpo gyae aware bere a wɔaware bere tenten bi. (Anaa, fa nsɛmma nhoma no mu asɛm bi a ɛfata di dwuma.) Nanso, Bible no de afotu a ɛsom bo a ɛfa ɔkwan a obi betumi afa so akwati akasakasa ne awaregu ho ma. Sɛ nhwɛso no, hyɛ sɛnea nsɛmma nhoma yi ho wɔ mfaso wɔ eyi fam (fa eyi ho asɛm pɔtee bi kyerɛ no) . Nsɛm afoforo a ɛho wɔ mfaso pue nsɛmma nhoma yi ahorow mu. Afe a wobɛkra yɛ ¢8.00 pɛ na wo nsa bɛka nhoma yi aka ho kwa.” Nanso, wubetumi de asɛm foforo bi a ɛfata wɔ nsɛmma nhoma no mu a wote nka sɛ ebetumi akanyan ofiewura no anigye adi dwuma.
6 Ɔkwan biara a wobɛfa so ma wɔakra no, yɛn botae ne sɛ yɛbɛma obiara a ɔwɔ koma pa a obetumi no akra Ɔwɛn-Aban no bi. Anigye a yɛde bɛyɛ adwuma no bɛboa ma yɛatumi de asɛmpa no akɔ nnipa a wɔwɔ koma pa nkyɛn.