“Ɔwɛn-Aban” Di Ahiade Kɛse Ho Dwuma
1 Mfe 100 a atwam ni no, Ɔwɛn-Aban no akɔ so awɛn honhom mu. Ɛde ‘Kyerɛw nsɛm mu awerɛkyekye’ ne akwankyerɛ pa a Onyankopɔn Asɛm, Bible, nkutoo na ebetumi de ama brɛ n’akenkanfo. (Rom. 15:4; Dw. 119:105) Honhom mu nkɔso ne onyin a yɛn mu dodow no ara anya no nam Ɔwɛn-Aban no so. Ɛyɛ yɛn dɛ sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” kuw no ma “aduan ɛbere a ɛsɛ” mu.—Mat. 24:45.
2 Nanso, ebinom akyerɛ sɛ nkurɔfo ani nnye akenkan ho pii nnɛ, titiriw nhoma horow a ɛfa nyamesom ho. Eyi de asemmisa no ba sɛ: Na Ɔwɛn-Aban no nso ɛ? So ɛfa nnipa pii ho? So ɛma wonya nea wohia? Akwan horow bɛn so na ebetumi aboa wɔn?
NEA AKENKANFO KA
3 Akyinnye biara nni ho sɛ wiasefo pii ani nnye Ɔwɛn-Aban no ho. Nanso nnipa koma pafo pii a wɔwɔ wiase akyerɛ mmoa a wonya fi mu ho anisɔ. Osuani bi a ɔwɔ Japan sukuupɔn bi mu kae sɛ: “Nea ɛhyɛ me gyidi den titiriw ne Bible mu nkɔmhyɛ ho nkyerɛkyerɛmu ahorow a emu da hɔ no. Nyansa a efi Nyankopɔn nkyɛn a menam nsɛmma nhoma yi mu nsɛm so anya no yɛ nwonwa.” Aberantewa ɔkenkanfo bi a na ɔrekyerɛ anisɔ kyerɛwee sɛ: “Bere a midii kan huu Ɔwɛn-Aban no bi no na meyɛ aberantewa a mayɛ basaa. Na minni anidaso biara, na me ne m’awofo ntaa nkasa, na na mehwehwɛ akwankyerɛ. Ɔwɛn-Aban no boaa me.”
4 Ɛho anisɔ a wɔkyerɛ akyi no, bebree nso ka ebiara mu nsɛm a ɛho wɔ mfaso na ɛba ne bere so ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, ɔkenkanfo bi a ɔwɔ Afrika Keseefam kyerɛwee sɛ: “Mepɛ sɛ meka sɛnea m’ani gyee nsɛm a ɛfa Dwom nhoma no ho no ho na ɛho baa me mfaso no ho asɛm kyerɛ mo. Ná mintumi nte Nnwom nhoma no ase, na meda mo ase wɔ saa nsɛm yi ho. Mete nka saa ara nso wɔ nsɛm a ɛfa Bepɔw so Asɛnka no ho no ho.” Na hyɛ asɛm a ɛyɛ anigye a Yudani ɔkenkanfo bi kae wɔ asɛm “Ade Foforo a Ɛfa Onyankopɔn Din Ho” no ho nsow: “Minyinii sɛ Yudani nanso mante saa din yi da. Hwɛ m’ani gye a egyei bere a mekenkan adanse a akyinnye biara nni ho wɔ asɛm a epuei nnansa yi mu no. Me ho pere me sɛ me nsa bɛka pii.”
5 Enti, yɛsan bisa sɛ: So ɛfa nnipa pii ho? So ɛma wonya nea wohia? Mmuae no yɛ Yiw! Ampa, yɛwɔ nea wohia no wɔ Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no mu, na ɛsɛ sɛ yɛde ahotoso kamfo kyerɛ afoforo.