Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Afoforo a Wɔkra Nsɛmma Nhoma A Yɛbɛsan Akɔsra Wɔn So
1 So wubu afoforo a wɔkra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! no sɛ nnipa a wobetumi abɛyɛ asuafo anaa? Osuahu ama yɛahu sɛ afoforo a wɔkra nsɛmma nhoma no bi yɛ wɔn a ebia wobegye Bible adesua a yɛne wɔn bɛyɛ atom. (Mat. 28:19, 20) Bebree abɛyɛ asuafo bere a wɔadi kan akra nsɛmma nhoma akyi no. Nanso na ɛsɛ sɛ wɔnam daa Bible ho nkɔmmɔbɔ so ma anigye no kɔ anim. Afei saa nkurɔfo yi betumi aboa afoforo pii. Wo nsrahwɛ a edi kan no betumi abue kwan ama sankɔhwɛ a wobɛyɛ de ahyɛ ne gyidi den wɔ Bible mu. Ɔkwan bɛn na wobɛfa so ayɛ saa? Dɛn na wobɛka?
2 Nsrahwɛ a edi kan no mu no, dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wobɛto nhyɛase ama nsrahwɛ afoforo? Mpɛn pii no ɛho wɔ mfaso sɛ wubisa asɛm bi a ɛkanyan adwene na wokyerɛ sɛ sɛ wosan ba bio a wobɛpɛ sɛ wugye simma kakra de kyerɛ sɛnea nsɛmma nhoma no boa ma yenya mmuae a efi Bible mu. Ɛnyɛ asɛm a wo ne ofiewura no kae no nko na ɛsɛ sɛ woyɛ ho kyerɛwtohɔ, na mmom nea ofiewura no nso kae anaa ɔyɛe. Kyerɛw biribiara a ɛfa ofiewura no nsusuwii anaa ne nsɛm tebea ho a ɛbɛboa wo bere a woasan akɔ. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yɛ bere a wobɛsan akɔ ho nhyehyɛe na hwɛ sɛ wubedi so. Mma ɛnkyɛ dodo ansa na woasan akɔ.
3 Sɛnea ɛbɛyɛ na sankɔhwɛ a ɛte saa adan ofie Bible adesua fɛfɛ no, ɛho hia sɛ wudi kan susuw nea wobɛka no ho. Ɛho nhia sɛ eyi gye bere pii. Eyi yɛ mu no ɛho behia sɛ wohwɛ wo afie afie kyerɛwtohɔ no so, hwɛ asɛm a wokae no mu na wohwehwɛ nkyekyem bi a ɛwɔ nhoma no mu anaa kyerɛwsɛm bi a ɛwɔ mu a ebua asemmisa a wode sii hɔ no. Ebi nso a wobɛpɛ sɛ wopaw Bible Mu Nsɛmti Ma Nkɔmmɔbɔ mu asɛm bi a ɛfata anaa ɛne no hyia, te sɛ “Ahenni” anaa “Nna a Edi Akyiri.” Boa ofiewura no ma onhu sɛnea nsɛmma nhoma no mu nsɛm ne Bible no betumi ama wanya Onyankopɔn ne ne nokware bɔhyɛ ahorow a ɛfa asase foforo ho no mu gyidi.—Rom. 10:11.
4 Ebia woyɛ obi a wotwentwɛn wo nan ase wɔ sankɔhwɛ yɛ ho, na ebia wonyɛɛ bi da mpo, Nea ɛka atifi ha nyansahyɛ yi a wobɛsɔ ahwɛ no ho no, ebia wubetumi ahyɛ ofiewura no nkuran ara kwa sɛ ɔnkenkan nsɛmma nhoma no. Adawurubɔfo bi nso dwumadi asow aba pa denam nkyekyem biako anaa abien a wɔadi kan apaw a wɔkenkan kyerɛ ofiewura no so. Saa kwan yi so no wɔma onii kɔn dɔ sɛ obesua pii. Afoforo kyerɛkyerɛ Ɔwɛn-Aban no atirimpɔw a wɔada no adi, a ɛne sɛ “Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ” no mu, denam kyerɛw nsɛm te sɛ Dwom 83:18, Yesaia 9:6, 7 anaa Daniel 2:44 a wɔde di dwuma so. Ansa na wode wo nsrahwɛ no bɛba awiei no, ebia wobɛpɛ sɛ wo ne ofiewura no ti nneɛma foforo a moasua no mu. Eyi bɛma wahu nneɛma a obetumi asua afi Bible ho nkɔmmɔ ntiantia a ɛte sɛɛ a wɔbɔ no daa mu. Egye simma kakraa bi pɛ na yɛde akɔsra wɔn a wɔakra nsɛmma nhoma no bi foforo, nanso saa kwan yi so no yɛma honhom mu nneɛma ho anigye a wɔanya no tra hɔ.
5 Sɛ wuhu sɛ ɛfata a, twe wɔn adwene si nhoma anaa nhomawa ahorow a yetumi de yɛ daa ofie Bible adesua no mu biako so. Sɛnea anigye a wɔkyerɛ no te no, wubetumi ayɛ eyi nsrahwɛ a edi kan no ara anaa nsrahwɛ ahorow bi akyi. Nea wubesi gyinae sɛ wobɛyɛ biara no, mpɛn pii no ɛho bɛba mfaso kɛse, sɛ wohyɛ da yɛ wo nsrahwɛ no ho nhyehyɛe a.—2 Kor. 2:17.
6 Nnipa pii rekra nsɛmma nhoma no na wɔkenkan no daa. December ne January a etwaam no yɛmaa nkurɔfo kraa nsɛmma nhoma wɔ adansedi mu. So wubetumi de saa hokwan yi adi dwuma de akɔsrasra wɔn a wɔkraa bi no? Na, April ne May mu nso yɛbɛsan ato nsa afrɛ afoforo ma wɔakra nsɛmma nhoma. Yɛ nhyehyɛe mprempren sɛ wobɛsan akɔ wɔn a wɔwɔ ho anigye a wubehu wɔn no nkyɛn. Fa da anaa bere pɔtee bi si hɔ a wode bɛsan akɔ, sɛ ɛbɛyɛ yiye a. Sɛ wote nka sɛ worentumi nyɛ eyi a, hwehwɛ adawurubɔfo afoforo a wɔn ho akokwaw mmoa. Fa si w’anim sɛ wobɛsan akɔ wɔn a wɔakra nsɛmma nhoma no bi foforo nyinaa nkyɛn na boa wɔn ma wɔnkɔ so nnya honhom mu nokware a ɛma nkwa no.—Adi. 22:17; Rom. 10:13-15.