Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Asan Akɔ Nsɛmma Nhomakrafo Nkyɛn
1 Yɛn asɛnka adwuma ɔsatu ma May ne June asram no ne Ɔwɛn-Aban a yɛbɛma wɔakra afe biako. Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa pii ba bɛyɛ nsɛmma nhomakrafo afoforo bere biara a yɛyɛ ɔsatu a ɛte sɛɛ no, na eye sɛ yɛbɛsan akɔ wɔn nkyɛn ahwɛ sɛ ebia yebetumi afi Bible adesua ase. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?
2 Ebia wɔn a wɔakra bi foforo yi nsa renka wɔn nsɛmma nhoma no wɔ wɔn amanade adaka no mu kosi bere bi ansa, enti yebetumi de foforo a aba no akɔ wɔn nkyɛn. Wɔ nsrahwɛ a ɛte sɛɛ dodow bi akyi no, adamfofa fi ase. Mpɛn pii wubetumi afi nkɔmmɔbɔ pa ase a egyina asɛm biako anaa abien a ebia onipa a wakra bi foforo no ani begye ho so. Nea ehia ne sɛ wubehu nsɛmma nhoma no mu nsɛm yiye na woama nsrahwɛ no ayɛ adamfofa, kwan so de. Ma nea wakra bi no nhu sɛ w’ani gye ne ho, ne sɛ nsɛm a wowɔ no ho hia ma ne yiyedi ne anigye a obenya.
3 Kae, yɛn atirimpɔw wɔ wɔn a wɔkra bi no ho ne sɛ yebefi Bible adesua ase. Nsɛm no ara kwa a wɔn nsa bɛka no nnɔɔso. Ná opiani no wɔ Yesaia nhoma no nanso na ohia Filipo na wakyerɛkyerɛ mu. (Aso. 8:27-36) Filipo daa nsɛm adi tẽe na ɔyɛɛ adesua a ɛsow aba wɔ hɔ ara. Dɛn nti na wonsɔ nhwɛ saa ara wɔ wɔn a wɔkra bi no ho? Sɛ mmɔdenbɔ a edi kan yi yɛ yiye oo, anyɛ yiye oo, yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛsan akɔ na wo ne onipa no akosua Bible no. Ɔkwan biako a wubetumi afa so ni:
4 Sɛ́ nnipa a yɛkra bi no, yebetumi ahu bere a yɛn nsa ka nea aba no denam amanade adaka no so. Enti yebetumi akɔ wɔn hɔ wɔ nna kakraa bi mu na yɛakyerɛ wɔn nsɛm a ɛyɛ anigye a ɛwɔ nea aba foforo no mu. Ɛtɔ bere bi a eye sɛ wo ne onipa a wakra no bɛtra ase na moabom akenkan nkyekyem no kakraa bi, wɔ faako a eyi bɛyɛ yiye no. Mpɛn pii adamfofa kwan so nkɔmmɔbɔ a ɛte sɛɛ tumi ma wonya ofie Bible adesua wɔ bere bi mu. Bere a worekɔ onipa a ɔte sɛɛ nkyɛn no, wubetumi akyia nea ɔno nso akra bi yi anigye so na afei woaka biribi te sɛɛ: “Minim sɛ ebia afei ara na wo nsa aka [bere ko de] Ɔwɛn-Aban [anaa Nyan!] no te sɛ nea afei na me nsa aka me de no, na misusuw wo ho bere a mekenkanee asɛm yi no. [Kyerɛ asɛm no ti.] Sɛ wo de no bɛn ha a, anka mɛpɛ sɛ mekyerɛ wo asɛm a m’ani gyee ho ankasa no.” Bere a nsrahwɛ horow yi yɛ tiaa no, wubetumi ama ayɛ tenten na mode nkɔmmɔbɔ afoforo aka ho bere a adamfofa ba bɛda mo ntam no. Awiei koraa no ɛbɛyɛ nea ofiewura bɛhwɛ ne dapɛn dapɛn Bible nkɔmmɔbɔ no kwan denam wo mmoa so. Sɛ bere a ɛfata no du a, mubetumi afi adesua ase wɔ Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no mu.
5 Yɛwɔ anidaso sɛ wubenya nnipa pii ma wɔakra bi na afei wo ne nnipa a wɔkyerɛ Onyankopɔn Asɛm no ho anigye afi adesua ase. Kae, yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wɔbɛyɛ Yesu Kristo nokware asuafo. (Mat. 28:19, 20) Yi adamfofa su adi wɔ wo nsrahwɛ no mu; ma nnipa no nhu sɛ w’ani gye wɔne wɔn mmusua ho ankasa. Boa wɔn ma wonhu sɛnea Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma a wɔn nsa ka no bɛma nimdeɛ a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho anya nkɔso no. Wɔ bere a ɛfata mu no, yɛ nhyehyɛe sɛ wo ne wɔn besua ade na fa wo nsrahwɛ horow no boa wɔn ma wonnya nimdeɛ a ɛde kɔ daa nkwa mu no.—Yoh. 17:3.