Kristofo Asomfo Nkumaa—Munsuasua Dawid
1 Bible mu asɛm a ɛwɔ 1 Samuel ti 17 no boa yɛn ma yenya awerɛhyem a na Dawid wɔ wɔ Yehowa mu wɔ ne mmofraase mpo no ho anisɔ. Na ne dɔ ma Yehowa ne ne gyidi mu yɛ den araa ma na ɛyɛ ne pɛ sɛ obehyia Goliat. So wutumi hu anigye a Yehowa nyae bere a ohuu aberante yi sɛ ogyina nokware som afã pintinn no?—1 Sam. 17:31-37.
2 Ɛnnɛ, mmofra hyia pintinn a wobegyina ama nokware som ho sɔhwɛ nso. Sɛ́ Kristoni abofra no, wubetumi ama Yehowa ani agye denam Dawid a wubesuasua no no so. Ɔkwan a wobɛfa so no betumi ama Yehowa anya biribi foforo a obegyina so abua onii a otwa no mpoa no.—Mmeb. 27:11.
3 Bere a Dawid dii kan de ne ho mae wɔ Yehowa som mu no, ɛho hia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɔde ne ho too Yehowa so, ɛnyɛ ɔno ankasa so. Bere a ɔrekɔ Goliat anim no, ɔkaa no pefee sɛ: “Mede [Yehowa] . . . din na mereba . . . Ɛnnɛ da yi [Yehowa] de wo bɛhyɛ me nsa.” (1 Sam. 17:45, 46) Sɛnea ɛbɛyɛ na woatumi asom yiye sɛ Kristoni somfo kumaa no, ɛsɛ sɛ wo nso wode wo ho to Yehowa so, mmom sen wo ankasa wo ho so.
DƐN NA WOBƐYƐ
4 Dawid kae wɔ ne Wura ho sɛ: “Wo mmerante asafo ba ma wo sɛ obosu.” (Dw. 110:3) So ɛnyɛ anigye sɛ yehu sɛ mmerante ɔpehaha pii, te “sɛ obosu,” wɔ hɔ a wɔde nokware asɛmpa a ɛma ahotɔ no kɔ afoforo nkyɛn, na mmabaa ɔpehaha pii “a wɔka nkonim asɛmpa no asafo sõ”? (Dw. 68:11) Yiw, ɛyɛ anigye ne hokwan a ɛsɛ sɛ yekura mu bere nyinaa.
5 Wɔ osuahu a mo ankasa moanya mu no, mo a moyɛ mmerante ne mmabaa no nim sɛ egye animia wɔ mo fam na moatumi anya afie afie som adwuma no mu kyɛfa daa. Na akyinnye biara nni ho sɛ ebia moahu nso sɛ nnipa pii bɔ mmɔden na wɔatumi ayɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ. Enti, sɛ edu adansedi bere a, dɛn na mobɛyɛ? So mobɛkyerɛ sɛ mugyina Yehowa afã‘! So mobɛbɔ ho mmɔden? So mobɛda mo mmɔdenbɔ adi na moadi akwanside biara a ɛwɔ hɔ so anaa? Mubetumi ayɛ saa. Sɛ wopɛe sɛ woyɛ biribi foforo a, anka wobɛyɛ. Enti, sɛ edu adansedi bere a, yɛ nsakrae horow a ɛho hia no, hyɛ atade a ɛfata na nya adwuma no mu kyɛfa daa.
6 Kae nso sɛ asɛnka adwuma no mu kyɛfa a yebenya no nokwaredi mu no kɔ akyiri sen nsɛmma nhoma ara kwa a yɛde bɛma anaa nkontaabu a yɛde bɛma ɔsram biara. Ɛsɛ sɛ ɛda yɛn ho a yɛde ama Yehowa ne ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nnipa, ne gye a yegye asɛmpa no di ankasa no adi. So wugye di ampa sɛ Onyankopɔn ahenni de nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ yi bɛba awiei nnansa yi na ɛde nhyira abrɛ adesamma nyinaa wɔ ne trenee nniso ase? Ɛnde kyerɛ sɛ wugye di denam ɔsom adwuma no mu kyɛfa a wubenya na woabɔ mmɔden sɛ wubenya nkɔso wɔ asɛm no a wobɛka ma atu mpɔn mu no so. Bere a woyɛ saa no, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa behyira wo.