Mmoa A Yɛde Bɛma Wɔn
1 Yɛn mu bebree kae bere a nnamfonom anaasɛ yɛn abusua mufo boaa yɛn no yiye. Yɛn ani sɔ sɛ wɔyɛɛ saa bere a na yehia mmoa. Mfɛfo Kristofo a yɛbɛboa wɔn no yɛ asɛyɛde a ebia wɔbɛfrɛ yɛn ma yɛadi ho dwuma.—3 Yoh. 5-8.
2 Ɛyɛ anigye sɛ yɛtee wɔ May mu sɛ afei de wɔbɛhyɛ da ayɛ nhyehyɛe de aboa wɔn a wɔayɛ mmerɛw. Esiane eyi nti, May 1 Engiresi Ɔwɛn-Aban no kura asɛm bi a wɔato din, ‘Monsan Nkɔ Mo Kra So Hwɛfo no Nkyɛn.’ Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma woakɔsra nnipa bi a wɔayɛ mmerɛw a, dɛn nti na womma wɔne wo nkenkan saa asɛm yi? Afei, wɔ asɛnka adwuma sohwɛfo no akwankyerɛ ase no, ebia wɔbɛka akyerɛ wo sɛ wo ne nnipa a wɔte saa nyɛ adesua. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ adesua horow a ɛte saa no dɛn?
ADESUA NO ATIRIMPƆW
3 Yɛn atirimpɔw titiriw wɔ Bible adesua a yɛne obi a wayɛ mmerɛw bɛyɛ ho ne sɛ yɛbɛboa no ma wasan anya honhom mu ahoɔden. Yɛpɛ sɛ yɛboa no ma onya anisɔ sɛ Yehowa fi ayamhyehye a ɔwɔ ma no mu ayɛ nhyehyɛe ma wɔde mmoa foforo yi ama denam n’ahyehyɛde no so. Na mfaso a enni awiei befi mu aba, sɛ onii no ma abusuabɔ a ɛda ɔne Yehowa ntam no mu yɛ den a. Sɛ ɔyɛ saa a, ɛbɛda adi denam anisɔ foforo a obenya ama Yehowa ahyehyɛde no so.
4 Nnipa a yɛne wɔn besua ade wɔ saa nhyehyɛe soronko yi mu no ne nnipa a wɔabɔ wɔn asu sɛ Yehowa Adansefo. Mpɛn pii no wɔrenyɛ adesua no wɔ Nokware nhoma no mu. Ɛda adi sɛ wonim Bible mu mfitiase nkyerɛkyerɛ horow no.
5 Mpanyimfo no ne wo bɛbɔ nhoma ko a ɛda adi sɛ ɛbɛboa onii a wɔpɛ sɛ woboa no no ho nkɔmmɔ. Ebia na ɛho hia sɛ yɛma anisɔ a ɔwɔ ma Yehowa ahyehyɛde no mu dɔ. Ebia mpanyimfo no bɛhyɛ nyansa sɛ fa “Let Your Kingdom Come” anaa nhoma foforo bi a ɛde mmoa ne nkuranhyɛ a ɛho hia bɛma no di dwuma.
ADESUA NO YƐ
6 Akyinnye biara nni ho sɛ wutumi kae bere a woyɛɛ wo ofie Bible adesua a edi kan no. Wotee nka sɛ ɛho hia sɛ wusiesie wo ho yiye. Na sɛ mpɛn ahe ara na woayɛ adesua fi saa bere no a, wunim sɛ wo nkyerɛkyerɛ betu mpɔn yiye sɛ wudi kan siesie wo ho yiye a. (Mmeb. 25:11) Eyi te saa titiriw wɔ adesua a wɔne anuanom mmarima ne mmea a wɔayɛ mmerɛw yɛ no ho. Paulo tuu ne yɔnko somfo Tito fo sɛ, ɔnkɔ so nkae Kristofo na “wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara adwuma pa.” (Tito 3:1) Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho ne wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ saa adwuma yi.
7 Nsemmisa ho hia titiriw wɔ nkyerɛkyerɛ a etu mpɔn mu, sɛnea Yesu Kristo yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ mpɛn pii no. (Luka 10:36) Sɛ yɛde nsemmisa a wɔatintim redi dwuma a, yɛpɛ sɛ ‘yɛkyerɛkyerɛ a ɛmma mmuae ara kwa a wɔkenkan fi nhoma no mu nnɔɔ yɛn so. Ebia ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ yebisabisa nsɛm afoforo de kanyan n’adwene na yenya onii no ma ɔno ankasa de ne nkyerɛkyerɛmu ma. Nsemmisa ahorow a ɛma obi kyerɛ n’adwene tu mpɔn yiye wɔ eyi yɛ mu.
8 Nhyira bɛn ara na ɛbɛyɛ sɛ yebehu yɛn nuanom a wɔayɛ mmerɛw no sɛ Bible adesua horow yi aboa wɔn ma wɔasan abɛka yɛn ho wɔ Ahenni asɛm no ka mu wɔ wiase nyinaa. Yebedi ahurusi wɔ wɔn honhom mu nkɔso no ho, titiriw bere a yɛn ankasa atumi aboa no. Momma yɛnte nka te sɛ ɔbarima a ɔhwehwɛɛ oguan biako a ɛyerae no. Yesu kae sɛ, “sɛ ɛba sɛ ohu no a, nokware mise mo sɛ, n’ani gye no ho sen aduakron akron a wɔamfom kwan no.”—Mateo 18:12-14.