Mommɔ Ahenni Anidaso No Dawuru Wo Yɛn Asasesin No Nyinaa Mu
1 Wɔ ɔsram July yi mu no, yɛanya hokwan bio sɛ yɛde Bible adesua mmoa fɛfɛ “Let Your Kingdom Come” no bedi dwuma wɔ asɛnka mu. Sɛnea yɛbɔɔ amanneɛ bere bi no, sɛ yehyia nnipa a wontumi nkenkan papa anaa awofo a wɔwɔ mmofra nkumaa a, yɛde nhomawa a wɔato din Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! no bɛma. Sɛnea yenim dedaw no, sɛ wɔde ma a wobu ho akontaa sɛ nhomawa.
2 Esiane sɛ yenni “Let Your Kingdom Come” no bi wɔ yɛn man yi mu kasa horow no mu nti, sɛ wuhyia nnipa a wontumi nkenkan Borɔfo na mmom wotumi kenkan yɛn kasa horow no bi yiye a, wubetumi de nhoma nketewa biara a ɛwɔ hɔ a ɛwɔ kasa a wɔte no mu ama. Wubetumi de Asɛmpa a Ɛbɛma Wo Ani Agye adi dwuma wɔ Twi mu, Nokware Asomdwoe ne Ahotɔ wɔ Ewe ne Twi mu anaa Nokware nhoma no wɔ Ewe, Ga ne Twi mu, sɛ moda so ara wɔ bi wɔ mo asafo no mu a. Nanso, baabi a ebetumi ayɛ yiye sɛ yɛde Borɔfo nhoma bɛma no de, yɛpɛ sɛ yɛde “Let Your Kingdom Come” ma.
3 Asɛnka hokwan ahorow pii kɔ so ara bue ma yɛn a yebetumi aka nsɛm a aba wɔ ne bere mu a ɛwɔ nhoma “Let Your Kingdom Come” no mu no ho asɛm akyerɛ afoforo. Ti biara a ɛwɔ nhoma yi mu de nsɛm a wobetumi ne ofiewura asusuw ho ma. Esiane sɛ yɛde ama wɔ yɛn afie afie asɛnka adwuma no mu pɛn nti, akyinnye biara nni ho sɛ woanya nnianim asɛm bi a ɛyɛ anigye dedaw afi nhoma no fã bi a adi dwuma yiye ama wo bere a wokasa kyerɛ nkurɔfo no. Nanso, nyansahyɛ ahorow bi na edidi so yi, ebia wobɛpɛ sɛ wosɔ hwɛ.
ASƐNKA A WOAHYƐ HO NYANSA
4 Hwɛ ti 18 a n’asɛmti ne “Ahenni no Di Nkonim!” no. Wɔ kratafa 174 no, nnianim asɛm no bisa sɛ: “So wɔbɛsɛe adesamma afi asase yi so?” Ɛda adi sɛ esiane nnansa yi nsɛm tebea horow nti, yɛn afipamfo no mu pii wɔ hɔ a wobisa anaasɛ wɔate sɛ afoforo bisa sɛ ebia eyi bɛba ampa anaa. Ɛyɛ nnianim asɛm bi a ebia ɛbɛma ofiewura abua biribi na ɛno betumi ama wode nsɛm abien a edi hɔ wɔ nkyekyem a wɔde fi ase yi mu no atoa so a ese: “Dabi. Na Ahenni no ne nea enti a ɛte saa.” Efi ɛno so no wubetumi atoa so, a egyina sɛnea ofiewura yɛ n’ade wɔ ho no so, na bɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛ sɛnea nhoma yi bua nsemmisa pii a ɛwɔ nkurɔfo adwene mu a ɛfa saa ahenni a pii abɔ ho mpae bere tenten ni no ho no.
5 Ti a edi kan no ne ne mfonini fɛfɛ a tebea no te sɛ paradise a ɛwɔ nkratafa 4 ne 5 no nso de nnianim a ebetumi ayɛ tiaa nanso ɛyɛ anigye yiye ma. Wubetumi aka biribi te sɛ: “Mepɛ sɛ wohwɛ mfonini fɛfɛ yi a ɛfa wiase ko a yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yenya ho no.” Afei fa mfonini no kyerɛ ofiewura no na kyerɛkyerɛ sɛnea nhoma “Let Your Kingdom Come” no de nsɛm a efi Bible mu a ɛyɛ nokware a ɛfa bɛn a saa ahenni no abɛn ne sɛnea yebetumi anya nkwa wɔ adesamma Gyefo, Awurade Yesu nniso ase no mu. Afei, fa “Kingdom Come” nhoma no ma.
6 Mma wo werɛ mfi sɛ wobɛfa nhoma yi biako anaa abien ahyɛ wo ho wɔ baabiara a worekɔ no. Ebia wubetumi adi adanse biako anaa abien wɔ bɔnnɔ so na wode “Kingdom Come” nhoma no akyerɛ.
7 Bere a na Yesu wɔ asase so mfeha dunkron a atwam ni no, na Ahenni no ne n’asɛm a ɔwɔ ma adesamma no ti. Bere a na ɔreka ne daakye ba no ho asɛm no, ɔkae sɛ adanse horow a ɛda nsow a ɛbɛkyerɛ bɛn a wiase no awiei abɛn no mu biako ne saa ahenni no ho asɛm a wɔbɛka wɔ wiase nyinaa de adi adanse. Nea ɛka nsɛm a etwa to a ɔka kyerɛɛ n’asuafo anokwafo no ho ansa na ɔreforo akɔ soro ne eyi: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. . . . monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mat. 24:14; 28:19, 20) Enti yɛn asɛm a aba wɔ ne bere mu a ɛfa Onyankopɔn ahenni denam Kristo Yesu so ho no mu betumi atrɛw wɔ July mu denam “Let Your Kingdom Come” nhoma no a yɛde bedi dwuma yiye no so.