“W’ahenni—Mmra”
1 Asɛm “W’ahenni mmra” no yɛ nsɛm a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron no mu a wonim no yiye nanso ebia ɛyɛ nea pii nte ase kɛse no mu biako. Nea ɛyɛ anigye no. Yehowa Adansefo wɔ saa asɛm titiriw a ɛwɔ Awurade Mpaebɔ no mu no mu ntease a efi Bible mu.—Mat. 6:9, 10.
2 Wɔ 1981 mu wɔ “Ahenni Nokwaredi” Ɔmantam Nhyiam horow no ase no, yenyaa “Let Your Kingdom Come” nhoma a ekura nkratafa 192 a wɔasiesie no titiriw sɛ ɛmmoa yɛn wɔ yɛn asɛnka dwuma a ɛho hia no mu no. Fi bere a woyii no adi wɔ mfe abiɛsa pɛ a atwam no mu no, wɔatintim saa nhoma yi ɔpepem pii wɔ kasa ahorow pii mu sɛ wɔnkyekyɛ wɔ wiase nyinaa.
3 Wɔ July mu no yɛde saa nhoma yi bedi dwuma bio wɔ yɛn asɛnka adwuma mu. Emu nsɛm a ɛyɛ ne bere so de no bɛboa yɛn bere a yedi yɛn ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka “ahenni no ho asɛmpa” no ho dwuma no. (Mat. 24:14) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de saa nhoma yi adi dwuma yiye wɔ yɛn asɛnka mu?
4 Dɛn nti na womfa nnianim asɛm tiaa bi nni dwuma? Twe adwene si ti a edi kan pɛɛ no a ɛne “‘W’ahenni Mmra’!” no ne mfonini a ɛkyerɛ sɛnea asetra bɛyɛ wɔ Ahenni no nniso ase no so. Nsɛm abien a edi kan wɔ ti a edi kan no mu no bɛyɛ nnianim asɛm a ɛfata. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: “Mpaebɔ mu nsɛm kakraa bi na wɔatĩ mu aka no mpɛn pii asen nea ɛwɔ atifi ha yi. Ebia wo a worekenkan asɛm yi abɔ saa mpae no.” Efi ɛno so no wubetumi aka nhoma no mu nsɛm, a wɔahyehyɛ no ho asɛm tiaa akyerɛ ofiewura no, na afei wode ama agye ntoboa ¢23.00.
5 Ɛsɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw ma yɛn sɛ yɛde saa nhoma yi bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu wɔ saa bere yi mu, efisɛ January a etwaam no nkutoo na yesua wiei wɔ yɛn asafo nhoma adesua horow no ase. Ebia woanya ɔkwan bi a wobɛfa so a ɛfata na etu mpɔn dedaw. Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na wɔnkyerɛ afoforo bere a wone wɔn reyɛ ɔsom adwuma no? Bere a wode saa nhoma redi dwuma no, na woreka Bible no asɛmti, Onyankopɔn Ahenni no, ne nea ɛbɛyɛ ama adesamma no ho asɛm. Na woresi Ahenni no so dua sɛ anidaso a ɛwɔ hɔ ma adesamma a wiase ahoyeraw fi 1914 no mfa ho. Enti nea yɛde rema no yɛ ne bere so de, na ɛne nea yɛn adwuma no fa ho no nyinaa hyia pɛpɛɛpɛ.—Mat. 28:19, 20.
6 Dɛn na wobɛyɛ, sɛ wuhyia nkurɔfo a wontumi nkenkan borɔfo anaasɛ kasa horow a wɔatintim “Let Your Kingdom Come” wɔ mu no a? Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ woma biribiara siw wo kwan sɛ wode nhoma a ɛwɔ kasa a wotumi kenkan mu bɛma wɔn. Ma eyi ntra w’adwene mu bere a wokɔyɛ ɔsom adwuma no, na siesie wo ho sɛnea ɛfata. Sɛ nkurɔfo no tumi kenkan Twi a, ɛnde yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye nhoma a mprempren ɛwɔ Twi kasa mu no ma wɔn. Ɛdefi September 2, 1984 mu no, yebesua Wo Abusua Asetra a Wobɛma Ayɛ Anigye no bio wɔ yɛn asafo nhoma adesua horow no ase. Enti, adwuma a yɛde bɛyɛ wɔ asɛnka mu wɔ July mu no bɛma yɛadi kan ahu nneɛma pa a ɛwɔ hɔ ma yɛn wɔ asafo nhoma adesua horow no ase fi September 2 rekɔ no.
7 Wɔ July mu no, hwehwɛ hokwan ahorow a wubenya de saa nhoma yi ama nnipa pii sɛnea wubetumi. Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, ɛho hia sɛ wuyi bere bi si hɔ na wode nya afie afie dwumadi ankasa wɔ ɔsram no mu no mu kyɛfa. Akyinnye biara nni ho sɛ, mpempem pii a wofi wiase nyinaa bɛba abɛka yɛn ho na yɛde biakoyɛ abɔ mpae wɔ ntease mu sɛ “W’ahenni Mmra.”