Adwuma A Yɛbɛbom Ayɛ Wɔ Biakoyɛ Mu
1 Onyansafo Salomo kyerɛwee sɛ: “baanu yɛ sen obiako, efisɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn; na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so.” (Ɔsɛnk. 4:9, 10) Saa nsɛm yi boa yɛn ma yehu hia a ehia sɛ yɛbom yɛ adwuma biakoyɛ mu, sɛ yɛn nyinaa benya adwene koro na yɛatumi ne yɛn ho yɛn ho anantew a.
2 Wonim Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa wɔ nsase ne nsupɔw bɛboro 200 so no sɛ wɔbom de biakoyɛ yɛ adwuma wɔ Ahenni asɛmpa a wɔka kyerɛ na wɔde kyerɛkyerɛ no mu, na wodi boa wɔn ho wɔn ho. Brazil atesɛm krataa bi kae wɔ Yehowa Adansefo ho sɛ: “Ɛwom sɛ asɔre ahorow ahorow ne wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow wɔ wiase afanan nyinaa de, nanso biako mpo nni asase so nnɛ a eyi ɔdɔ ne biakoyɛ adi sɛnea Yehowa Adansefo ahyehyɛde no yɛ no.”
3 Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi akura saa biakoyɛ no mu no ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsow honhom aba no wɔ n’asetra mu na ɔma Onyankopɔn Asɛm no kyerɛ no kwan wɔ saa yɛ mu. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛde adwene koro redi dwuma wɔ nhyiam a yɛne yɛn ho yɛn ho yɛ wɔ Ahenni Asa so, wɔ asɛnka adwuma mu ne mmere afoforo a yɛbom hyia no mu? Ade biako ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛammu yɛn ho dodo. Paulo kyerɛw Romafo asafo no wɔ eyi ho. (Rom. 12:3) Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti yɛtaa te nka sɛ nea yesusuw anaa nea yɛyɛ nkutoo na ɛteɛ. Eyi de mpaapaemu ba.
4 Nnipa a wɔwɔ su ne mmɔdenbɔ ahorow wɔ Yehowa nkurɔfo mu. Ebinom bɔ mmɔden kɛse wɔ nneɛma ahorow bi mu. Nanso ɛno nyɛ ade a enti ɛsɛ sɛ ɔmema ne ho so anaasɛ ɔyɛ ahantan; mmom no ɛsɛ sɛ ɛma ɔbrɛ ne ho ase ma ɔde ɔdom akyɛde biara a ɔwɔ no di dwuma ma ɛho ba dodow no ara mfaso. (1 Kor. 4:7) Wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu no, Paulo san kyerɛw ɔdom akyɛde ahorow a ɛwɔ hɔ no ho asɛm na ɔkyerɛe sɛ ɛsɛ sɛ obiara de akyɛde anaa tumi biara a ɔwɔ no di dwuma ma ɛho ba afoforo mfaso, na onuadɔ mu no ɛsɛ sɛ wonya ayamhyehye ma wɔn ho wɔn ho. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa di kan wɔ nidi a woyi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho mu.—Rom. 12:6-10.
5 Dɛn na eyi nyinaa kyerɛ ma yɛn wɔ Kristofo asafo a yɛwɔ mu nnɛ yi mu? Ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho, a yɛn mmɔdenbɔ ahorow no mfa ho. Nea Brazil atesɛm krataa no kae no fa yɛn ho sɛ ankorankoro bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde biakoyɛ bɛyɛ adwuma no. Ɛtɔ da bi a akasakasa betumi aba. Sɛ ɛba saa a, sɛnea Kolosefo 3:14, 15 kyerɛ no, munsiesie eyinom ntɛm na yɛatumi akura biakoyɛ mu.
6 Yehowa nkurɔfo nyɛ nnipa a wonni akwankyerɛ pa. Onyankopɔn Asɛm ne Asafo nhoma ahorow no de mmoa a yehia na yɛatumi ayɛ adwuma na yɛanantew biakoyɛ mu daa no ma. Fa nea wusua fi Yehowa nkyɛn denam n’ahyehyɛde no so no di dwuma wɔ w’asetra mu. Monhyɛ mo ho mo ho nkuran denam nkɔmmɔbɔ a ɛhyɛ den so. Hwɛ w’abrabɔ yiye na yɛ nhwɛso pa ma wo nuanom mmarima ne mmea. Yɛwɔ adwuma kɛse a ɛho hia a ɛsɛ sɛ yɛyɛ, sɛ yɛbɛtrɛw Ahenni asɛmpa no mu wɔ asase so nyinaa de adi adanse. Esiane sɛ “baanu ye sen obiako” nti, to nsa frɛ afoforo ma wonnya Ahenni dawurubɔ no mu kyɛfa. Kɔ asafo nhyiam horow daa. Saa nneɛma yi nyinaa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛanantew biakoyɛ mu na yɛakwati mpaapaemu honhom a ahyɛ wiase dedaw a ɛwɔ Onyankopɔn tamfo kɛse Satan Ɔbonsam tumidi ase no ma no. Eyi mu no na yɛredi afotu yi akyi: “Mma bɔne nni wo so nim, na mmom fa papa di bɔne so nim!” (Rom. 12:21) Sɛ́ ahyehyɛde a Yehowa adwumayɛfo a wɔyɛ nnam na wɔwom no, yɛwɔ awerɛhyem sɛ yɛbɛkɔ so ahu nokware a asɛm a ɛwɔ Dwom 133:1 yɛ no: “Hwɛ oye a eye ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tra faako.”