Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 2/84 kr. 1-3
  • Otwa Adwuma No A Wobɛyɛ Sɛ́ Akwampaefo Boafo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Otwa Adwuma No A Wobɛyɛ Sɛ́ Akwampaefo Boafo
  • Yɛn Ahenni Som—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NHWƐSO PA AHOROW
  • So Wutumi Yɛ Akwampaefo Boafo?
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Akwampaefo Boafo Adwuma—Woasɔ Ahwɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Botae a Ɛfata a Yɛde Besi Yɛn Ani so wɔ Ɔsom Afe Foforo no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Yehia—Akwampaefo Aboafo 5,000
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1984
km 2/84 kr. 1-3

Otwa Adwuma No A Wobɛyɛ Sɛ́ Akwampaefo Boafo

1 Twa bere yɛ adwumayɛ bere. Ɛsɛ sɛ otwa adwuma fi ase, bere a nnɔbae no ahoa. Nan ase a wɔbɛtwentwɛn betumi asɛe ade kɛse. Wɔsrɛ ma obiara bɛboa, a mmea ne mmofra ka ho. Wɔde nnwuma afoforo a ɛho nhia kɛse to nkyɛn kakra. Ebia wofi adwuma ase ansa na owia apue da biara, na wɔtaa yɛ kosi anwummere. Nanso, twa bere de anigye kɛse ba.​—Yes. 9:3.

2 Saa ara na honhom fam twa bere gye adwumayɛ kɛse. Yesu daa eyi adi bere a ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!” no. (Mat. 9:37, 38) Nea ɛka adwumayɛfo pii a ɔde wɔn bɛba afuw no mu ho no, wɔn a wɔresom dedaw no binom betumi de bere pii aka ho ayɛ adwuma wɔ afuw no mu. Pii agye mmoa ho hia a ehia wɔ nnɛyi honhom fam twa adwuma no mu no so denam yɛ a wɔayɛ akwampaefo aboafo ɔsram biako anaa abien no so. Wɔanya akatua a ɛfata efisɛ wɔahu wɔn a wɔyɛ anigyefo, na wɔne binom mpo afi ase reyɛ adesua. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma kɛse de, nanso “wɔn ani gyei,” efisɛ wonyaa kyɛfa wɔ asuafo afoforo pii a yenyae no mu.​—Aso. 13:48, 52.

3 Akwampaefo boafo adwuma no abue kwan ama pii sɛ wobenya kyɛfa kɛse wɔ otwa adwuma no mu. Wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, egye bɛyɛ nnɔnhwerew abien da biara wɔ Ahenni adwuma no mu na woanya nea wɔhwehwɛ wɔ akwampaefo aboafo hɔ no. Ebinom atumi ayɛ nhyehyɛe ma wɔde bere kakraa bi na ɛyɛ wɔn honam fam adwuma. Afoforo de ahomegye nna ne akwamma mmere adi dwuma yiye. Ɔyerenom pii atumi anya akwampaefo boafo adwuma no mu kyɛfa denam bere ho nhyehyɛe pa a wɔyɛ, ne wɔn abusua no mmoa so. Pii renya nhyira horow esiane nsakrae horow a ɛho hia no a wɔreyɛ nti.

NHWƐSO PA AHOROW

4 Onuawa bi kyerɛw sɛ: “Sɛ́ ɔyere ne ɛna no, matumi anya akwampaefo boafo adwuma no mu anigye na ayɛ honhom mu denhyɛ ama me ne m’abusua no. Sukuuni abeawa bi a wadi mfe 15 ka dapɛn abien akwamma bere a ɔde yɛɛ akwampaefo boafo adwuma ho asɛm, na ose: “Mitumi hu nsakrae no ankasa, titiriw nkɔso wɔ nkɔmmɔbɔ mu. Nea afi mu aba ama me no da nsow, na me ne nnipa pii tumi bɔɔ nkɔmmɔ wɔ apon ano.” Ɔdansefo foforo kyerɛwee sɛ: “Akwampaefo boafo adwuma ama manya ɔdɔ kɛse wɔ me koma mu ama adesamma abusua a wɔrewuwu no.”

5 Adawurubɔfo pii ahu March ne April sɛ bere a eye titiriw a wɔde yɛ akwampaefo aboafo afe biara. Ebia nea enti a eyi te saa biako ne sɛ, Nkaedi bere yɛ bere a yɛde yɛn adwene nyinaa si Yesu Kristo, ne som adwuma ne n’afɔrebɔ wu no so. Nea ɔyɛ maa yɛn no kã yɛn kɛse, titiriw wɔ saa bere yi mu. Na kwan fɛfɛ bɛn ara na ɛwɔ hɔ a yebetumi afa so akyerɛ yɛn anisɔ sen sɛ yebesuasua no wɔ bere nyinaa Ahenni asɛnka no mu sɛ akwampaefo aboafo!

6 March ne April reba bio na sɛnea ɛte daa no, yɛhwɛ kwan sɛ adawurubɔfo ɔhaha pii bɛyɛ akwampaefo boafo adwuma wɔ ɔman yi mu. So wobɛyɛ wɔn mu biako? Bere a woyɛ nhyehyɛe no, dɛn nti na wo ne afoforo a wɔatumi ayɛ bi no nkasa na wunnya wɔn osuahu mu mfaso? Afei nso, eye-sɛ wobɛbɔ Yehowa mpae bere nyinaa, asrɛ ne mmoa. Yehia honhom fam ne honam fam ahoɔden ma adwuma no, na ɔde eyi ma wɔn a wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho ma nyinaa. (Yes. 40:29-31) Yebetumi asrɛ no nyansa a yɛde bɛkasa na yɛde ayɛ nea ɛteɛ, ne ne honhom no na wama ahyɛ yɛn den.​—Yak. 1:5; Luka 11:13.

7 Hwɛ hokwan ara a yɛanya sɛ yɛte honhom mu twa bere a abɛn nhyehyɛe dedaw yi awiei mu! Ebia nea wɔhwehwɛ wɔ otwa adwuma no mu no begye yɛn bere ne ahoɔden pii de, nanso nya a yenya mu kyɛfa no ma yenya anigye kɛse. Sɛ́ nea ɛbɛma yɛanya asɛnka adwuma mu anigye kɛse no, yɛde Wubetumi Atra Ase Daa nhoma no bɛma wɔ February ne March mu a nkɔmmɔbɔ asɛmti a ɛhyɛ anidaso mu den a ɛfa ase a wɔbɛtra daa wɔ paradise ho no ka ho. Yɛde Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm bɛma wɔ April mu. Eyinom yɛ nhoma a emu yɛ anigye. Ɛyɛ anigye sɛ wode bɛyɛ adwuma. Momma yɛmfa nyɛ adwuma wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yebenya kyɛfa kɛse wɔ asuafoyɛ adwuma no mu denam akwampaefo boafo adwuma wɔ Nkaedi bere yi mu no so. Ɛbɛma yɛanya Yehowa nhyira.​—1 Tim. 4:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena