Yɛn Mma A Yɛbɛtete Wɔn Ma Wɔasom Yehowa
1 Bere a woto w’ani hwɛ Ahenni Asa no so no, hyɛ da hwɛ anuanom nkumaa a wɔboa kɛse ma asafo no honhom nya nkɔso no. So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ wɔakae wɔn Bɔfo Kɛse no wɔ wɔn mmofraberem? (Ɔsɛnk. 12:1) Ebia mmerante ne mmabaa a wɔyɛ nhwɛso pa yi kyerɛ nea efi ntetee ne mmɔdenbɔ kɛse mu ba, na nea ehia ara ne sɛ yɛbebisa wɔn awofo ma wɔasi eyi so dua. Nanso egye dɛn wɔ abarimaa anaa abeawa a wɔbɛtete no wɔ ɔkwan a ɛteɛ so no mu?—Mmeb. 22:6.
2 Ampa, ɛsɛ sɛ abusua ti biara yɛ daa abusua adesua ho nhyehyɛe a mmofra no ka hõ. Eyi yɛ hwɛ a yɛbɛhwɛ ‘yɛn fifo’ wɔ honhom mu no fã. (1 Tim. 5:8) Ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden ma mmofra nkumaa koraa no nya mu kyɛfa denam nsɛm ntiantia a ɛfa biribi a wobetumi ate ase ho a obebisa bere ne bere mu no so. Sɛ ɔwofo ne ne mma a wonhyiraa wɔn ho so sua ade a obetumi abu dɔnhwerew biako ho akontaa dapɛn biara. (Hwɛ om kr. 104 nky. 1.) Nanso ɛda adi sɛ pii ho hia sen dapɛn dapɛn Bible adesua na ama ‘yɛatete’ yɛn mma no. Bible nnyinasosɛm a yɛde bɛhyɛ wɔn mu da biara ne anisɔ a yɛbɛma wɔanya ama Yehowa ne ne Ba no wɔ hɔ. Eyi gye bere ne mmɔdenbɔ pii wɔ awofo baanu a wosuro Onyankopɔn no fam. Ɛwom sɛ wommmu bere yi ho akontaa sɛ nea wɔde ayɛ asɛnka adwuma de, nanso ɛyɛ nea ɛho hia wɔ Onyankopɔn ani a wɔbɛsɔ ne daa nkwa a wobenya no mu.—Deut. 6:6, 7; Efe. 6:4.
MMOA TITIRIW A MODE BƐMA
3 Ɛwom sɛ ɛho hia sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn mma “mfiase asɛm” no de, nanso bere bi wɔ hɔ a mmofra hia mmoa titiriw bi esiane nsɛm tebea a ɛsɔre wɔ wɔn asetra mu nti. (Fa toto Hebrifo 6:1, 2 ho.) Sɛ ohyia nsɛm a emu yɛ den, ɔhaw ne sɔhwɛ ahorow wɔ sukuu, mo borɔn no so anaasɛ wɔ asafo no mu mpo a, ɛsɛ sɛ awofo de honhom mu akwankyerɛ ne ntetee ma wɔn mma no de ka abusua Bible adesua no ho. Ɛtɔ bere bi a wobetumi ama adesua no afata ama ɔhaw pɔtee bi a asɔre. Sɛ nhwɛso no, sɛ wɔrehyɛ abofra bi sɛ ɔmfa ne ho hyɛ frankaakyia anaa ntanka adeyɛ bi mu wɔ sukuu a, dɛn na mobɛyɛ? Nsɛm a eye wɔ hɔ a awofo betumi de adi dwuma wɔ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Wobetie No ti 34, ne afei Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no adesua 77 anaa nsɛm a ɛwɔ School nhomawa no nkratafa 12-16 no. Anaasɛ ebia ɛbɛyɛ sɔhwɛ kɛse ama mmofra nkumaa wɔ kyɛfa a wobenya wɔ awoda anaa dapɔnna apontow ahorow mu wɔ sukuu no mu. Dɛn nti na mo ne wɔn nsusuw Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse Nhoma no ti 30 anaa School nhomawa no nkratafa 17-21 ho? Nhoma ahorow yi yɛ nea ɛboa titiriw wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu wɔ hu a wobehu nea ɛwɔ yɛn nuanom nkumaa no koma mu no mu.—Mmeb. 20:5; wTW82 8/1 kr. 14; gTW81 10/8 kr. 10.
4 Wotaa twe mmofra a wɔanyinyin ne wɔn a wonnii mfe aduonu no kɔ sukuu agumadi ne dwumadi afoforo mu. Sɛ eyi bɛyɛ asɛnnennen a, ebia wobɛpɛ sɛ wode asɛm a ɛyɛ anigye a ɛwɔ Your Youth—Getting the Best out of It no ti 16 di dwuma. Asɛm a ɛboa nso wɔ School and Jehovah’s Witnesses nhomawa no nkratafa 22 ne 23. Ɔbrasɛe a ɛrekɔ so nnɛ no nso de sɔhwɛ a ɛfa nsã, nnubɔne ne aguamammɔ ho ba yɛn mma no so. Awofo, so moafi ase sɛ mo ne mo mma no besusuw Youth nhoma no atiri 14. 15 ne 18 ho? Atiri ahorow yi yɛ nea wɔka ho asɛm nso wɔ School nhomawa no mu.
5 Ampa yɛn nyinaa pɛ sɛ yɛn mma no som Yehowa. Ɛho hia sɛ wɔne Yehowa nya abusuabɔ a ɛbɛma wɔatwa nna a emu yɛ den yi akɔ Onyankopɔn nneɛma nhyehyɛe foforo no mu. Yehowa ahyehyɛde no fi ɔdɔ mu ama yɛn nsa aka mmoa ahorow a ɛsom bo a ɛbɛma yɛayɛ eyi. Momfa School nhomawa, Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Bible Mu Nsɛm ne Youth nhoma ahorow no nni dwuma kɛse mfa ntetee a mo ba no hia no mma no. Ɛno ansa na ebia mubehu sɛ “onyin nso a ɔremfi ho.”—Mmeb. 22:6.